< 4 Mose 21 >

1 Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so kyekyeree ebinom nnommum.
Quod cum audisset Chananæus rex Arad, qui habitabat ad meridiem, venisse scilicet Israel per exploratorum viam, pugnavit contra illum, et victor existens, duxit ex eo prædam.
2 Afei, Israelfo no kaa ntam kyerɛɛ Awurade se, “Sɛ wode saa nnipa yi bɛhyɛ yɛn nsa a, anka yebegu wɔn nkurow akɛse no.”
At Israel voto se Domino obligans, ait: Si tradideris populum istum in manu mea, delebo urbes eius.
3 Awurade tiee wɔn adesrɛ no na ɔde Kanaanfo no maa wɔn. Israelfo no sɛee wɔn ne wɔn nkurow akɛse pasaa; wɔtoo hɔ din Horma a ase ne “Ɔsɛe.”
Exaudivitque Dominus preces Israel, et tradidit Chananæum, quem ille interfecit subversis urbibus eius: et vocavit nomen loci illius Horma, id est, Anathema.
4 Afei, Israelfo no fii Bepɔw Hor so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ sɛ wobetwa dantaban afa Edom ho. Nanso wɔrekɔ no nipa no aba mu bui;
Profecti sunt autem et de monte Hor, per viam, quæ ducit ad Mare Rubrum, ut circumirent terram Edom. Et tædere cœpit populum itineris ac laboris:
5 wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, “Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!”
locutusque contra Deum et Moysen, ait: Cur eduxisti nos de Ægypto, ut moreremur in solitudine? Deest panis, non sunt aquæ: anima nostra iam nauseat super cibo isto levissimo.
6 Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre yiye kɔkekaa wɔn mu bebree ma wowuwui.
Quamobrem misit Dominus in populum ignitos serpentes, ad quorum plagas et mortes plurimorum,
7 Na nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ se, “Yɛayɛ bɔne, efisɛ yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpae kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Enti Mose bɔɔ mpae maa nnipa no.
venerunt ad Moysen, atque dixerunt: Peccavimus, quia locuti sumus contra Dominum et te: ora ut tollat a nobis serpentes. Oravitque Moyses pro populo,
8 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn abaa tenten bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na ɔhwɛ no a, ɔrenwu.”
et locutus est Dominus ad eum: Fac serpentem æneum, et pone eum pro signo: qui percussus aspexerit eum, vivet.
9 Enti Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no, de sɛn dua tenten so. Na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔma nʼani so hwɛ no a, onwu.
Fecit ergo Moyses serpentem æneum, et posuit eum pro signo: quem cum percussi aspicerent, sanabantur.
10 Israelfo no fi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ.
Profectique filii Israel castrametati sunt in Oboth.
11 Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Haabarim wɔ sare so wɔ Moab apuei fam.
Unde egressi fixere tentoria in Ieabarim, in solitudine, quæ respicit Moab contra orientalem plagam.
12 Wofi hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subon mu kɔbɔɔ atenae wɔ hɔ.
Et inde moventes, venerunt ad Torrentem Zared.
13 Afei, wotu fii hɔ kɔɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifo bɔ hye. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɔhye a ɛda Moabfo ne Amorifo ntam.
Quem relinquentes castrametati sunt contra Arnon, quæ est in deserto, et prominet in finibus Amorrhæi. Si quidem Arnon terminus est Moab, dividens Moabitas et Amorrhæos.
14 Ɛno nti na, wɔka wɔ Awurade akodi nhoma no mu se, asubɔnten Arnon subon ne kurow Waheb
Unde dicitur in libro bellorum Domini: Sicut fecit in Mari rubro, sic faciet in Torrentibus Arnon.
15 da Amorifo ne Moabfo ntam.
Scopuli torrentium inclinati sunt, ut requiescerent in Ar, et recumberent in finibus Moabitarum.
16 Israelfo no fi hɔ toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Beer a ase ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsu.”
Ex eo loco apparuit puteus, super quo locutus est Dominus ad Moysen: Congrega populum, et dabo ei aquam.
17 Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi, “Tue Ao, Abura! To ho dwom!
Tunc cecinit Israel carmen istud: Ascendat puteus. Concinebant:
18 To dwom fa abura a mmapɔmma tutu no ho, sɛ nnipa mu akunini na wotitii mu; akunini a wokura ahempeaw ne pema.” Afei, Israelfo no fii sare no so kɔfaa Matana,
Puteus, quem foderunt principes, et paraverunt duces multitudinis in datore legis, et in baculis suis.
19 Nahaliel ne Bamot,
De solitudine, Matthana. De Matthana in Nahaliel: de Nahaliel, in Bamoth.
20 na wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bon no mu, baabi a wugyina a wuhu asase tamaa no.
De Bamoth, vallis est in regione Moab, in vertice Phasga, quod respicit contra desertum.
21 Israelfo no tuu abɔfo ma wɔde nkra kɔmaa Amorihene Sihon se:
Misit autem Israel nuncios ad Sehon regem Amorrhæorum, dicens:
22 “Momma yentwa mu mfa mo man yi mu. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee, na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra mo hye. Yɛrentiatia mo nnɔbae so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsu kosi sɛ yebefi mo man no mu.”
Obsecro ut transire mihi liceat per terram tuam: non declinabimus in agros et vineas, non bibemus aquas ex puteis, via regia gradiemur, donec transeamus terminos tuos.
23 Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ sare so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas.
Qui concedere noluit ut transiret Israel per fines suos: quin potius exercitu congregato, egressus est obviam in desertum, et venit in Iasa, pugnavitque contra eum.
24 Nanso Israelfo no kunkum wɔn faa wɔn asase a efi Asubɔnten Arnon kosi asu Yabok ho toaa so kosii Amorifo ahye so a na bammɔ wɔ hɔ no.
A quo percussus est in ore gladii, et possessa est terra eius ab Arnon usque Ieboc, et filios Ammon: quia forti præsidio tenebantur termini Ammonitarum.
25 Israelfo no faa Amorifo no nkurow akɛse nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu.
Tulit ergo Israel omnes civitates eius, et habitavit in urbibus Amorrhæi, in Hesebon scilicet, et viculis eius.
26 Na Hesbon yɛ Amorihene Sihon kuropɔn. Sihon na da bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa besii Asubɔnten Arnon no.
Urbs Hesebon fuit Sehon regis Amorrhæi, qui pugnavit contra regem Moab: et tulit omnem terram, quæ ditionis illius fuerat, usque Arnon.
27 Ne saa nti, tete anwensɛm kyerɛwfo kyerɛw eyi faa ne ho se, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekye na ensi ne dedaw mu.
Idcirco dicitur in Proverbio: Venite in Hesebon, ædificetur, et construatur civitas Sehon:
28 “Ogya turuw fii Hesbon Ogyaframa fii Sihon ahenkurow mu, Ɛhyew Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee kurowmma a wɔwɔ Arnon mmepɔw so.
Ignis egressus est de Hesebon, flamma de oppido Sehon, et devoravit Ar Moabitarum, et habitatores excelsorum Arnon.
29 Ao Moabfo, mo sɛe bɛba mu! Wɔawie mo, mo a mosom Kemos! Wagyaw ne mmabarima sɛ atutenafo, Ne ne mmabea sɛ Amorihene Sihon nnommum.
Væ tibi Moab, peristi popule Chamos. Dedit filios eius in fugam, et filias in captivitatem regi Amorrhæorum Sehon.
30 “Yɛatu wɔn agu, efi Hesbon tɔnn kosi Dibon. Yɛasɛe wɔn ara akosi Nofa De kɔ ara kosi Medeba.”
Iugum ipsorum disperiit ad Hesebon usque Dibon, lassi pervenerunt in Nophe, et usque Medaba.
31 Enti Israelfo no tenaa Amorifo asase no so.
Habitavit itaque Israel in Terra Amorrhæi.
32 Mose somaa akwansrafo sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafo toaa wɔn, faa wɔn nkurow nyinaa, pam Amorifo no.
Misitque Moyses qui explorarent Iazer: cuius ceperunt viculos, et possederunt habitatores.
33 Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kurow kɛse Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafo hyiaa wɔn wɔ Edrei.
Verteruntque se, et ascenderunt per viam Basan, et occurrit eis Og rex Basan cum omni populo suo, pugnaturus in Edrai.
34 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Nsuro no, efisɛ mede nʼasraafo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii Hesbon so no.”
Dixitque Dominus ad Moysen: Ne timeas eum, quia in manu tua tradidi illum, et omnem populum, ac terram eius: faciesque illi sicut fecisti Sehon regi Amorrhæorum habitatori Hesebon.
35 Israelfo dii nkonim na wokum ɔhene Og ne ne mmabarima ne ne nkurɔfo nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Na Israelfo no faa nʼasase no.
Percusserunt igitur et hunc cum filiis suis, universumque populum eius usque ad internecionem, et possederunt terram illius.

< 4 Mose 21 >