< 4 Mose 20 >
1 Israelfo no nyinaa duu Sin sare so ɔsram a edi kan no mu, na wɔtenaa Kades. Ɛhɔ na Miriam wu maa wosiee no.
Israelfoɔ no duruu Sin ɛserɛ so bosome a ɛdi ɛkan no mu. Wɔsisii wɔn ntomadan wɔ Kades, na ɛhɔ na Miriam wuiɛ ma wɔsiee no.
2 Na nsu a wɔbɛnom nni hɔ nti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron.
Na nsuo a wɔbɛnom nni hɔ enti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron.
3 Nnipa no ne Mose hamee se, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ.
Nnipa no bɔɔ Mose soboɔ sɛ, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ.
4 Adɛn nti na mode Awurade man ne yɛn nguan ne yɛn anantwi aba sare yi so sɛ yemmewuwu?
Mode Awurade ɔman ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmewuwu?
5 Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.”
Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha.”
6 Mose ne Aaron fii dɔm no hɔ kɔɔ Ahyiae Ntamadan no ano de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim; na wohuu Awurade anuonyam.
Mose ne Aaron sɔre kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim; na wɔhunuu Awurade animuonyam.
7 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
8 “Fa abaa no na wo ne wo nua Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan no na nsu befi mu aba. Mubenya wɔn nsu a ɛbɛso wɔn ne wɔn anantwi afi ɔbotan no mu!”
“Momfa Aaron abaa no na wo ne Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan a ɛwɔ nohoa no sɛ nsuo mfiri mu mmra. Mobɛnya wɔn nsuo a ɛbɛso wɔne wɔn anantwie afiri ɔbotan no mu!”
9 Mose yɛɛ nea Awurade hyɛe no. Ɔfaa abaa no fii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim.
Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no. Ɔfaa abaa no firii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim,
10 Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wobehyiaa wɔ ɔbotan no anim na Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Atuatewfo, muntie! Yɛmma nsu mfi saa ɔbotan yi mu mmra ana?”
na Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wɔbɛboaa ɔbotan no ho na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɔnyɛfoɔ, montie! Yɛmma nsuo mfiri saa ɔbotan yi mu mmra anaa?”
11 Afei Mose maa ne nsa so de abaa no bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsu bebree fii mu ba maa nnipa no ne wɔn anantwi nomee.
Afei Mose maa abaa no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsuo bebree firii mu baeɛ maa nnipa no ne wɔn anantwie nomeeɛ.
12 Nanso Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Esiane sɛ moannya me mu ahotoso anhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ Israelfo no ani so nti, moremfa wɔn nkɔ asase a mede rema wɔn no so.”
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Esiane sɛ moante me ho wɔ Israelfoɔ no anim no enti, moremfa wɔn nkɔ asase a mehyɛɛ wɔn ho bɔ no so!”
13 Wɔfrɛɛ beae hɔ Meriba a ase ne: Atuatew Nsu, efisɛ ɛhɔ ne baabi a Israelfo tew Awurade atua, na ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ ɔkronkron.
Wɔfrɛɛ beaeɛ hɔ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri sɛ, ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ kronkron.
14 Mose somaa abɔfo fii Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no se: “Sɛɛ na wo nua Israelfo reka: Wunim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu no nyinaa.
Ɛberɛ a Mose wɔ Kades no, ɔsomaa nnipa ma wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no sɛ: “Saa nkra yi firi wʼabusuafoɔ a wɔyɛ Israelfoɔ nkyɛn. Wonim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu,
15 Yɛn agyanom kɔtenaa Misraim, yɛtenaa hɔ mfe bebree. Misraimfo no yɛɛ yɛne yɛn agyanom ayayade,
sɛdeɛ yɛn agyanom kɔtenaa Misraim. Yɛtenaa hɔ mfeɛ bebree na yɛhunuu amane sɛ Misraimfoɔ nkoa.
16 nanso yesu frɛɛ Awurade no, otiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfo ma obeyii yɛn fii Misraim. “Mprempren yɛwɔ Kades wɔ mo asase hye so.
Nanso, yɛsu frɛɛ Awurade no, ɔtiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfoɔ ma ɔbɛyii yɛn firii Misraim. “Seesei yɛwɔ Kades wɔ mo asase hyeɛ so.
17 Yɛsrɛ mo sɛ, ma yentwa mu mfa wo man yi mu. Yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Tempɔn so na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra wo hye no.”
Yɛsrɛ mo sɛ, momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛhwɛ yie sɛ yɛremfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene kwantempɔn so na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ a ɛwɔ ɛfa nohoa no.”
18 Nanso Edomhene buae se, “Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede asraafo ne afoa betua mo ano!”
Nanso, Edomhene kaa sɛ, “Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede akodɔm bɛhyia mo!”
19 Israelfo no buae se, “Owura, yɛbɛfa ɔtempɔn no so. Sɛ yɛn nyɛmmoa nom mo nsu a, yebetua ka. Yɛpɛ sɛ yetwa mu wɔ mo asase so na yenni adwemmɔne bi.”
Israelfoɔ no buaa sɛ, “Owura, yɛbɛfa tempɔn no so. Sɛ yɛn ayɛmmoa nom mo nsuo a, yɛbɛtua ka. Yɛpɛ sɛ yɛtwam wɔ mo asase so na yɛnni adwemmɔne bi.”
20 Nanso Edomhene buae se, “Mommfa yɛn asase so!” Ɔboaboaa nʼakofo ano de wɔn kɔɔ ɔhye no so.
Nanso Edomhene buaa sɛ, “Mommfa yɛn asase so!” Ɔboaboaa nʼakodɔm ano de wɔn kɔɔ ɛhyeɛ no so.
21 Esiane sɛ Edom amma wɔn kwan amma Israelfo no amfa wɔn man mu no nti, wɔman faa nkyɛn.
Esiane sɛ Edom amma wɔn ɛkwan amma Israelfoɔ no amfa wɔn ɔman mu no enti, wɔmane faa nkyɛn.
22 Israelfo no nyinaa fii Kades kɔɔ Bepɔw Hor so.
Wɔfirii Kades kɔɔ Bepɔ Hor so.
23 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔw Hor a ɛwɔ Edom hye so no se,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔ Hor a ɛwɔ Edom hyeɛ so sɛ,
24 “Bere adu sɛ Aaron wu, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfo no so bi, efisɛ mo baanu no tew mʼahyɛde ho atua wɔ Meriba nsu no ho.
“Ɛberɛ aduru sɛ Aaron wuo, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfoɔ no so bi, ɛfiri sɛ, mo baanu yɛɛ me dɔm wɔ Meriba nsuo no ho.
25 Fa Aaron ne ne babarima Eleasar kɔ Bepɔw Hor so.
Afei, fa Aaron ne ne babarima Eleasa kɔ Bepɔ Hor so.
26 Ɛhɔ na wubeyi Aaron asɔfotade no de ahyɛ ne babarima Eleasar. Ɛhɔ na Aaron bewu na watoa nʼagyanom.”
Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom.”
27 Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔw Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn.
Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn.
28 Mose yii Aaron asɔfotade no de hyɛɛ ne babarima Eleasar, na Aaron wuu wɔ bepɔw no apampam. Na Mose ne Eleasar san fii bepɔw no so bae,
Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi,
29 na nnipa no tee Aaron wu no, Israelfo no suu no adaduasa.
na wɔbɔɔ nnipa no wu a Aaron awuo no ho amaneɛ no, wɔsuu no adaduasa.