< 4 Mose 2 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se:
locutusque est Dominus ad Mosen et Aaron dicens
2 “Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”
singuli per turmas signa atque vexilla et domos cognationum suarum castrametabuntur filiorum Israhel per gyrum tabernaculi foederis
3 Apuei fam, baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.
ad orientem Iudas figet tentoria per turmas exercitus sui eritque princeps filiorum eius Naasson filius Aminadab
4 Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia.
et omnis de stirpe eius summa pugnantium septuaginta quattuor milia sescentorum
5 Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.
iuxta eum castrametati sunt de tribu Isachar quorum princeps fuit Nathanahel filius Suar
6 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan.
et omnis numerus pugnatorum eius quinquaginta quattuor milia quadringenti
7 Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.
in tribu Zabulon princeps fuit Heliab filius Helon
8 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan.
omnis de stirpe eius exercitus pugnatorum quinquaginta septem milia quadringenti
9 Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan. Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan.
universi qui in castris Iudae adnumerati sunt fuerunt centum octoginta sex milia quadringenti et per turmas suas primi egredientur
10 Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.
in castris filiorum Ruben ad meridianam plagam erit princeps Elisur filius Sedeur
11 Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum.
et cunctus exercitus pugnatorum eius qui numerati sunt quadraginta sex milia quingenti
12 Simeon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.
iuxta eum castrametati sunt de tribu Symeon quorum princeps fuit Salamihel filius Surisaddai
13 Ne dɔm ano si mpem aduonum akron ne ahaasa.
et cunctus exercitus pugnatorum eius qui numerati sunt quinquaginta novem milia trecenti
14 Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.
in tribu Gad princeps fuit Heliasaph filius Duhel
15 Na ne dɔm ano si mpem aduanan anum ahansia ne aduonum.
et cunctus exercitus pugnatorum eius qui numerati sunt quadraginta quinque milia sescenti quinquaginta
16 Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum. Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien.
omnes qui recensiti sunt in castris Ruben centum quinquaginta milia et mille quadringenti quinquaginta per turmas suas in secundo loco proficiscentur
17 Afei Lewifo no de Ahyiae Ntamadan befi wɔn atenae mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuw no nyinaa bɛkɔ no nnidiso sɛnea wɔn atenae nhyehyɛe te wɔ wɔn mmusuakuw mfrankaa akyi.
levabitur autem tabernaculum testimonii per officia Levitarum et turmas eorum quomodo erigetur ita et deponetur singuli per loca et ordines suos proficiscentur
18 Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.
ad occidentalem plagam erunt castra filiorum Ephraim quorum princeps fuit Helisama filius Ammiud
19 Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum.
cunctus exercitus pugnatorum eius qui numerati sunt quadraginta milia quingenti
20 Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.
et cum eis tribus filiorum Manasse quorum princeps fuit Gamalihel filius Phadassur
21 Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu.
cunctus exercitus pugnatorum eius qui numerati sunt triginta duo milia ducenti
22 Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.
in tribu filiorum Beniamin princeps fuit Abidan filius Gedeonis
23 Ne dɔm ano si mpem aduasa anum ne ahannan.
et cunctus exercitus pugnatorum eius qui recensiti sunt triginta quinque milia quadringenti
24 Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha baako. Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abiɛsa.
omnes qui numerati sunt in castris Ephraim centum octo milia centum per turmas suas tertii proficiscentur
25 Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.
ad aquilonis partem castrametati sunt filii Dan quorum princeps fuit Ahiezer filius Amisaddai
26 Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson.
cunctus exercitus pugnatorum eius qui numerati sunt sexaginta duo milia septingenti
27 Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.
iuxta eum fixere tentoria de tribu Aser quorum princeps fuit Phegihel filius Ochran
28 Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahannum.
cunctus exercitus pugnatorum eius qui numerati sunt quadraginta milia et mille quingenti
29 Naftali abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.
de tribu filiorum Nepthalim princeps fuit Ahira filius Henan
30 Ne dɔm ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahannan.
cunctus exercitus pugnatorum eius quinquaginta tria milia quadringenti
31 Mmarima a wɔwɔ Dan atenae no ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia.
omnes qui numerati sunt in castris Dan fuerunt centum quinquaginta septem milia sescenti et novissimi proficiscentur
32 Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum.
hic numerus filiorum Israhel per domos cognationum suarum et turmas divisi exercitus sescenta tria milia quingenti quinquaginta
33 Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho.
Levitae autem non sunt numerati inter filios Israhel sic enim praecepit Dominus Mosi
34 Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.
feceruntque filii Israhel iuxta omnia quae mandaverat Dominus castrametati sunt per turmas suas et profecti per familias ac domos patrum suorum

< 4 Mose 2 >