< 4 Mose 19 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
And the LORD spoke to Moses and to Aaron, saying,
2 “Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ wodi so a Awurade ahyɛ: Ka kyerɛ Israelfo se wɔmfa nantwi ba bere kɔkɔɔ a onnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me.
This is the ordinance of the law which the LORD has commanded, saying, Speak to the children of Israel, that they bring you a red heifer without spot, wherein is no blemish, and on which never came yoke:
3 Momfa no mma ɔsɔfo Eleasar na ɔde no bɛkɔ atenae no akyi baabi na wɔakum no wɔ nʼanim.
And you shall give her to Eleazar the priest, that he may bring her forth without the camp, and one shall slay her before his face:
4 Na ɔsɔfo Eleasar de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiae Ntamadan no anim mpɛn ason.
And Eleazar the priest shall take of her blood with his finger, and sprinkle of her blood directly before the tabernacle of the congregation seven times:
5 Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahyew nantwi ba no. Wɔbɛhyew ne ho nhoma, ne nam, ne mogya ne ne nsono.
And one shall burn the heifer in his sight; her skin, and her flesh, and her blood, with her dung, shall he burn:
6 Na egu so rehyew no, Eleasar bɛfa sida dua, adwerɛ ne asaawa kɔkɔɔ na watow agu nantwi ba bere a wɔrehyew no so.
And the priest shall take cedar wood, and hyssop, and scarlet, and cast it into the middle of the burning of the heifer.
7 Eyi akyi no, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no horo ne ntade na oguare. Afei obetumi aba atenae hɔ, nanso ne ho rentew kosi anwummere.
Then the priest shall wash his clothes, and he shall bathe his flesh in water, and afterward he shall come into the camp, and the priest shall be unclean until the even.
8 Onipa a ɔhyew aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere.
And he that burns her shall wash his clothes in water, and bathe his flesh in water, and shall be unclean until the even.
9 “Ɔbarima a ne ho nguu fi no bɛsesaw aboa a wɔhyew no no nsõ de akogu atenae no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ Israelfo no de sie na wɔde agu wɔn ahodwira nsu mu; ɛyɛ nea wɔde dwira wɔn ho fi bɔne ho.
And a man that is clean shall gather up the ashes of the heifer, and lay them up without the camp in a clean place, and it shall be kept for the congregation of the children of Israel for a water of separation: it is a purification for sin.
10 Onipa a ɔbɛboaboa nantwi ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama Israelfo no ne ahɔho a wɔte wɔn mu no nyinaa.
And he that gathers the ashes of the heifer shall wash his clothes, and be unclean until the even: and it shall be to the children of Israel, and to the stranger that sojourns among them, for a statute for ever.
11 “Obiara a obeso onipa funu mu no ho begu fi nnanson.
He that touches the dead body of any man shall be unclean seven days.
12 Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɛsɛ sɛ ɔde nsu dwira ne ho ma ne ho tew. Sɛ wannwira ne ho nnansa ne nnanson so a ne ho rentew.
He shall purify himself with it on the third day, and on the seventh day he shall be clean: but if he purify not himself the third day, then the seventh day he shall not be clean.
13 Wɔn a woso nnipa funu mu na wonnwira wɔn ho no, wogu Awurade Ntamadan no ho fi. Ɛsɛ sɛ woyi saa nnipa no fi Israelfo mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu no bi ampete wɔn ho no nti, wɔn ho ntew; wɔn ho a agu fi no da so wɔ wɔn so.
Whoever touches the dead body of any man that is dead, and purifies not himself, defiles the tabernacle of the LORD; and that soul shall be cut off from Israel: because the water of separation was not sprinkled on him, he shall be unclean; his uncleanness is yet on him.
14 “Sɛ obi wu wɔ ntamadan mu a, ɛho mmara ni: Obiara a obewura saa ntamadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dedaw ansa na onipa no rewu no nyinaa ho begu fi nnanson,
This is the law, when a man dies in a tent: all that come into the tent, and all that is in the tent, shall be unclean seven days.
15 na ade biara a enni mmuaso na wɔde asa no nso ho begu fi.
And every open vessel, which has no covering bound on it, is unclean.
16 “Sɛ obi a ɔwɔ abɔnten de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ afoa ano funu anaasɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfo funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa ɔda a, ne ho begu fi nnanson.
And whoever touches one that is slain with a sword in the open fields, or a dead body, or a bone of a man, or a grave, shall be unclean seven days.
17 “Nea ne ho agu fi no, fa ahodwira nsõ no bi gu kuruwa mu na hwie nsu gu so.
And for an unclean person they shall take of the ashes of the burnt heifer of purification for sin, and running water shall be put thereto in a vessel:
18 Na obi a ne ho tew no mfa adwerɛ mmɔ nsu no mu mpete ntamadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntamadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntamadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a osoo dompe mu anaa obi a wokum no anaa nea ɔde ne ho aka ɔda no nso, wodwira ne ho.
And a clean person shall take hyssop, and dip it in the water, and sprinkle it on the tent, and on all the vessels, and on the persons that were there, and on him that touched a bone, or one slain, or one dead, or a grave:
19 Wɔyɛ eyi ne nnansa ne ne nnanson so. Na nea ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na saa anwummere no ne ho bɛtew.
And the clean person shall sprinkle on the unclean on the third day, and on the seventh day: and on the seventh day he shall purify himself, and wash his clothes, and bathe himself in water, and shall be clean at even.
20 Nanso sɛ wɔn a wɔn ho agu fi na annwira wɔn ho a, ɛsɛ sɛ wotwa wɔn asu, efisɛ wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Wɔmfaa ahodwira nsu mpetee wɔn so ɛ, na wɔn ho ntew.
But the man that shall be unclean, and shall not purify himself, that soul shall be cut off from among the congregation, because he has defiled the sanctuary of the LORD: the water of separation has not been sprinkled on him; he is unclean.
21 Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama wɔn. “Onipa a obetu ahodwira nsu no apete no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na obiara a ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsu no nso ho begu fi akosi anwummere.
And it shall be a perpetual statute to them, that he that sprinkles the water of separation shall wash his clothes; and he that touches the water of separation shall be unclean until even.
22 Na biribiara a obi a ne ho agu fi no beso mu no nso ho begu fi akosi anwummere.”
And whatever the unclean person touches shall be unclean; and the soul that touches it shall be unclean until even.

< 4 Mose 19 >