< 4 Mose 18 >
1 Awurade kasa kyerɛɛ Aaron se, “Wo, wo mmabarima ne wʼabusuafo a wofi Lewi abusuakuw mu no, mfomso biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodi bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yiye wɔ asɔfodwuma no mu a, wobebisa wo ne wo mmabarima ho asɛm.
И рече Господь ко Аарону, глаголя: ты и сынове твои, и дом отца твоего с тобою, возмите грехи святых, ты же и сынове твои возмите грехи жречества вашего:
2 Fa wo nkurɔfo a wɔwɔ Lewi abusuakuw no mu na wɔmmoa wo mmabarima no wɔ dwuma kronkron a wodi no Ahyiae Ntamadan no anim no ho.
и братию твою, племя Левиино, сонм отца твоего приведи к себе, и да приложатся к тебе, и да служат тебе, и ты и сынове твои с тобою пред скиниею свидения,
3 Ɛsɛ sɛ Lewifo no hwɛ yiye na wɔammɛn biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔremuka no so. Sɛ wɔyɛ saa a, wo ne wɔn bewuwu.
и да блюдут стражбы твоя и стражбы скинии: токмо к сосудом святым и ко олтарю да не приступают, да не измрут и сии, и вы:
4 Ɛsɛ sɛ wɔka mo ho na mohwɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ; ɛhɔ nnwuma nyinaa. Ɛnsɛ sɛ onipa foforo biara bɛn beae a wowɔ no.
и приложатся к тебе и да блюдут стражбы скинии свидения по всем службам скинии, и иноплеменник да не приступит к тебе,
5 “Wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ kronkronbea hɔ ne afɔremuka no so, na mʼabufuwhyew amma Israelfo no so bio.
и соблюдете стражбы святых и стражбы олтаря, и не будет ктому гнева на сынех Израилевых:
6 Mʼankasa na mapaw wo nkurɔfo Lewifo afi Israelfo mu sɛ akyɛde ama wo, atew wɔ ho ama Awurade sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
и Аз взях братию вашу левиты от среды сынов Израилевых в дар данный Господу служити службы скинии свидения.
7 Nanso wo ne wo mmabarima nkutoo na na mubedi dwuma sɛ asɔfo wɔ nea ɛfa afɔremuka ne nea ɛwɔ ntwamtam no mu no ho. Mede asɔfodwuma ɔsom rema mo sɛ akyɛde. Ɛsɛ sɛ wokum onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no.”
И ты и сынове твои с тобою сохраните жречество ваше по всему образу олтаря, и еже внутрь завесы, и да служите службы в дар жречества вашего: и иноплеменник приступаяй умрет.
8 Awurade san ka kyerɛɛ Aaron se: “Mʼankasa na mede akyɛde a nkurɔfo de abrɛ Awurade no ahyɛ wo nsa; afɔrebɔde a Israelfo no de ma me no nyinaa no mede ma wo ne wo mmabarima sɛ mo kyɛfa; ɛyɛ mo kyɛfa afebɔɔ.
И рече Господь ко Аарону: и се, Аз дах вам снабдение начатков моих от всех освященных Мне от сынов Израилевых: тебе дах я в честь, и сыном твоим по тебе законно вечно:
9 Aduan afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbu afɔrebɔ nyinaa mowɔ mu kyɛfa. Eyinom nyinaa yɛ afɔrebɔde a ɛyɛ kronkron pa ara.
и сие да будет вам от освященных святых приношений, от всех даров их и от всех жертв их, и от всякаго преступления их и от всех грех их, елика отдают Мне, от всех святынь, тебе да будут и сыном твоим.
10 Munni no sɛ ade a ɛyɛ kronkron pa ara; ɔbarima biara nni bi. Mummu no sɛ ade kronkron.
Во святем святых ядите я: всяк мужеский пол да яст я, ты и сынове твои: свята будут тебе.
11 “Eyi nso yɛ mo de: nea wobeyi agu nkyɛn afi Israelfo ohim afɔrebɔde mu no. Mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea nyinaa sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.
И сие да будет вам от начатков даяний их, от всех возложений сынов Израилевых: тебе дах я, и сыном твоим и дщерем твоим с тобою, законно вечно: всяк чистый в дому твоем да яст я.
12 “Aba a edi kan mu akyɛde a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔde a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburow ne nnɔbae biara no, mede ma mo.
Всяк начаток елеа, и всяк начаток вина и пшеницы, начаток их, елика аще отдадят Господу, тебе дах я: первородная вся елика в земли их, елика аще принесут Господу, тебе да будут:
13 Asase no so aba a edi kan a wɔde bɛbrɛ Awurade no bɛyɛ mo de. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.
всяк чистый в дому твоем да яст я.
14 “Biribiara a ɛwɔ Israel a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo de.
Всяко освященное в сынех Израилевых тебе да будет,
15 Israelfo abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo kwan sɛ wɔnwe wɔn nam no de, munnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wotua sika kakra de si abakan biara anan.
и всякое разверзающее всяка ложесна от всякия плоти, елика приносят Господу, от человека до скота, тебе да будут: но токмо искуплением искупятся первенцы человечестии, и первенцы скотов нечистых да искупятся:
16 Sɛ abakan no di ɔsram a, na ɛsɛ sɛ wɔde ogye bo a ɛyɛ dwetɛ nkaribo gram aduonum asia sɛnea kronkronbea hɔ nkaribo a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no te no ba.
и искуп его от единаго месяца, сценение пять сикль, по сиклю святому: двадесять медниц есть:
17 “Nanso anantwi, nguan ne mmirekyi mmakan de, ɛnsɛ sɛ wogye wɔn; wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade no sɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
обаче первородная телцев и первородная овец и первородная коз да не искупятся: свята суть: и кровь их пролиеши у олтаря, и тук принесеши принос в воню благовония Господу.
18 Saa mmoa yi nyinaa nam bɛyɛ mo de te sɛnea ohim afɔrebɔde koko ne ne srɛ nifa yɛ mo de no.
И мяса тебе да будут, якоже и груди возложения: и по раму десному тебе да будут.
19 Biribiara a Israelfo de bɛbrɛ Awurade a wobefi afɔrebɔ kronkron mu ayi ato hɔ no, mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Ɛyɛ ahyɛde a ɛda mo ne Awurade ne mo asefo ntam daa nyinaa.”
Всяко участие святых, елика аще отлучат сынове Израилтестии Господу, тебе дах и сыном твоим и дщерем твоим с тобою, законно вечно: завет соли вечныя есть пред Господем, тебе и семени твоему по тебе.
20 Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Morennya agyapade biara mfi wɔn asase mu, na morennya kyɛfa biara mfi wɔn mu; mene mo kyɛfa ne mo agyapade wɔ Israelfo no mu.
И рече Господь ко Аарону: в земли их да не наследиши наследия, и части да не будет тебе в них: яко Аз часть твоя и наследие твое посреде сынов Израилевых.
21 “Mede Israel ntotoso du du no nyinaa ma Lewifo no sɛ wɔn agyapade de retua wɔ som a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no so ka.
И сыном Левииным, се, дах всю десятину во Израили в жребий за службы их, елико служат тии служение в скинии свидения:
22 Efi nnɛ rekɔ, Israelfo no nni ho kwan sɛ wɔbɛn Ahyiae Ntamadan no mu; anyɛ saa a, wobɛsoa wɔn bɔne ho asodi ama wɔawuwu.
и да не приступают по сем сынове Израилтестии к скинии свидения прияти грех смертоносный:
23 Lewifo no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ, na wɔasoa mfomso biara a wɔbɛyɛ no ho asodi. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no. Wɔrennya agyapade biara wɔ Israelfo no mu.
и да служат левити сами службу скинии свидения, и тии возмут грехи их: законно вечно в роды их: и посреде сынов Израилевых да не наследят наследия:
24 Mmom, ntotoso du du a Israelfo no de ba sɛ Awurade afɔrebɔde no na mede rema Lewifo no. Ɛno nti na meka faa wɔn ho se: ‘Wɔrennya agyapade wɔ Israelfo no mu no.’”
яко десятины сынов Израилевых, елики аще отлучат Господу, участие дах левитом в жребий: сего ради рекох им: среди сынов Израилевых да не наследят жребия.
25 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
И рече Господь к Моисею, глаголя:
26 “Ka kyerɛ Lewifo no se, ‘Sɛ munya ntotoso du du a mede rema mo sɛ mo agyapade no fi Israelfo no nkyɛn a, momfa nkyɛmu du mu baako mmrɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔde.
и левитом да глаголеши и речеши к ним: аще возмете десятину от сынов Израилевых, юже дах вам от них во жребий, и отделите вы от нея участие Господу, десятину от десятины ея,
27 Na Awurade begye no sɛ mo afɔrebɔde a efi mo awiporowbea anaa nsa a efi mo nsakyi amoa mu.
и вменятся вам участия ваша яко пшеница от гумна и яко участие от точила:
28 Saa ɔkwan yi so na mobɛfa de mo afɔrebɔ a efi ntotoso du du a mubenya afi Israelfo no nkyɛn no abrɛ Awurade. Mumfi ntotoso du du yi mu mfa Awurade kyɛfa no mma ɔsɔfo Aaron.
тако отделите их и вы от всех участий Господних, от всех десятин ваших, елики аще возмете от сынов Израилевых, и дадите от них участие Господу, Аарону жерцу:
29 Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu nea eye pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade.’
от всех даяний ваших отделите участие Господу, или от всех начатков освященное от него,
30 “Ka kyerɛ Lewifo no se: ‘Sɛ mode emu nea eye pa ara no ba a, wɔbɛfa no sɛ nea efi mo ankasa mo awiporowbea anaa mo nsakyibea hɔ.
и речеши к ним: егда отделите начаток от него, и вменится левитом аки жито от гумна и яко участие от точила:
31 Mo ne mo fifo betumi adi nkae no wɔ baabiara a mopɛ, efisɛ ɛyɛ mo adwuma a moyɛ no wɔ Ahyiae Ntamadan mu no so akatua.
и ядите то во всяком месте вы и сынове ваши и домове ваши, яко мзда сия вам есть за службы вашя, яже в скинии свидения:
32 Sɛ mode emu nea ɛsɔ ani no ba a, munni eyi ho afɔbu; saayɛ remma mungu Israelfo no afɔrebɔ kronkron no ho fi, na morenwuwu.’”
и не приимете за сие греха, яко аще отлучите начаток от него: и святынь сынов Израилевых не оскверните, да не умрете.