< 4 Mose 16 >

1 Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmabarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no fi Ruben abusuakuw mu no yɛɛ ahomaso
Coré, hijo de Izar, hijo de Coat, hijo de Leví, con Datán y Abiram, hijos de Eliab, y On, hijo de Pelet, hijo de Rubén.
2 na wɔsɔre tiaa Mose. Na mpanyimfo atitiriw ahannu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuw no mu no ka ho.
Y se presentó ante Moisés, con algunos de los hijos de Israel, doscientos cincuenta jefes del pueblo, hombres de buen nombre que tenían un lugar en la reunión del pueblo.
3 Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ahomaso no amee yɛn; monnyɛ kronkron nsen obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Tumi bɛn na mowɔ sɛ moma mo ho so sɛ moyɛ mpanyimfo a ɛsɛ sɛ yetie mo na afei moma mo ho so sen obiara wɔ bere a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”
Se reunieron contra Moisés y Aarón, y les dijeron: Basta ya de ustedes, porque se creen superiores, ya que todo el pueblo ha sido consagrado, cada uno de ellos, y el Señor está entre ellos; ¿Por qué, pues, se han puesto como autoridad sobre el pueblo del Señor?
4 Mose tee saa asɛm no, ɔde nʼanim butuw fam.
Al oír esto, Moisés se postró sobre su rostro;
5 Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no se, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne nea ɔyɛ kronkron ne nea wayi no sɛ ɔmmɛn no.
Y dijo a Coré y sus seguidores: Por la mañana, el Señor dejará en claro quién es suyo, quién es santo y quién puede acercarse a él. Se hará que el hombre de su elección se acerque a él.
6 Nea ɛsɛ sɛ wo, Kora ne wʼakyidifo nyinaa yɛ ni: Momfa aduhuamyɛfo nkuku
Hagan esto: deja que Coré y sus seguidores tomen vasijas para quemar incienso;
7 na ɔkyena monhyew aduhuam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na nea Awurade bɛpaw no no na ɔbɛyɛ ɔkronkronni. Afei de, Lewifo moayɛ ama aboro so!”
Y pongan las especias sobre el fuego en ellas delante del Señor mañana; entonces el hombre escogido por el Señor será santo. Que esto les baste a ustedes, hijos de Leví.
8 Mose san bisaa Kora se, “Afei mo Lewifo, muntie!
Entonces Moisés dijo a Coré: Escucha ahora, hijos de Leví:
9 Yi a Israel Nyankopɔn ayi wo afi nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiae Ntamadan mu adwuma, na wutumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no sua ma wo ana?
¿Les parece poco a ustedes que el Dios de Israel los haya separado del resto de Israel, permitiéndole acercarse para hacer la obra de la Casa del santuario del Señor? Y estén delante de la gente para hacer lo que se tiene que hacer por ellos;
10 Ɔde wo ne wo mfɛfo Lewifo nyinaa abɛn no pɛɛ, nanso afei de, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no nso.
¿Dejando que todos tus hermanos y los hijos de Leví se acerquen a él? ¿Y ahora ambicionan también él sacerdocio?
11 Ɛyɛ Awurade na wo ne wʼakyidifo abɔ mu atia no no. Hena ne Aaron a wunwiinwii tia no?”
Así que tú y todos tus seguidores se han unido contra el Señor; y Aarón, ¿quién es él que claman contra él?
12 Afei Mose frɛɛ Eliab mmabarima Datan ne Abiram, nanso wobuae se, “Yɛremma!
Entonces Moisés mandó llamar a Datán y a Abiram, los hijos de Eliab; y ellos dijeron: No subiremos.
13 So esua ma wo sɛ wode yɛn fi yɛn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so de yɛn aba sare so sɛ worebekum yɛn ana? Na afei, wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so nso!
¿No es suficiente que nos hayas sacado de una tierra que fluye leche y miel, para matarnos en la tierra desolada, pero ahora deseas hacerte un jefe sobre nosotros?
14 Bio, womfaa yɛn mmaa asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so so anaa nso wommaa yɛn asase ne bobeturo biara sɛ yɛn agyapade. Wopɛ sɛ wode saa nnipa yi yɛ nkoa ana? Dabi, yɛremma.”
Y más que esto, no nos has llevado a una tierra que fluye leche y miel, ni nos has dado una herencia de campos y viñas. ¿sacarás los ojos de estos hombres? No subiremos.
15 Mose bo fuw na ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nnye wɔn afɔrebɔde biara! Minwiaa wɔn afurum baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”
Entonces Moisés se enojó mucho y le dijo al Señor: No le prestes atención a su ofrenda. Ninguno de sus asnos he tomado, ni he hecho mal alguno de ellos.
16 Mose ka kyerɛɛ Kora se, “Ɔkyena wo ne wʼakyidifo no nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha; wo ne wɔn ne Aaron.
Entonces Moisés dijo a Coré: Tú y tus seguidores deben venir ante el Señor mañana, tú, ellos y Aarón.
17 Obiara mfa nʼaduhuamyɛfo nkuku a aduhuam gu so mmra. Obiara mfa aduhuamyɛfo kuku mmra. Ne nyinaa dodow yɛ ahannu aduonum; na momfa mmra Awurade anim. Mo ne Aaron na ɛsɛ sɛ mode ba.”
Y cada hombre tome un incensario y le ponga incienso; Que cada uno tome su vaso delante del Señor, doscientos cincuenta vasos; Tú y Aarón y todos con su vasija.
18 Enti wɔn mu biara de nʼaduhuamyɛfo kuku a wasɔ aduhuam wɔ mu bae na wɔne Mose ne Aaron begyinagyinaa Ahyiae Ntamadan no ano.
Entonces cada hombre tomó su vasija y pusieron brasas, con incienso, y llegaron a la puerta de la Tienda de reunión con Moisés y Aarón.
19 Bere a Kora aboa nʼakyidifo a wɔasɔre atia wɔn no nyinaa ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no, Awurade daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ nnipa no nyinaa.
Y Core hizo que todas las personas se juntaran contra ellos a la puerta de la tienda de reunión: y la gloria del Señor fue vista por todas las personas.
20 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
Y él Señor dijo a Moisés y a Aarón:
21 “Montwe mo ho mfi saa nnipa yi ho na manya kwan asɛe wɔn prɛko.”
Salgan de entre esta congregación, para que pueda enviarles una destrucción repentina.
22 Nanso Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛe se, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Nyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”
Entonces, cayendo sobre sus rostros, dijeron: Oh Dios, el Dios de los espíritus de toda carne, por el pecado de un hombre, ¿tu ira será movida contra todo el pueblo?
23 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Y él Señor dijo a Moisés:
24 “Ka kyerɛ nnipa no se, ‘Mumfi Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu.’”
Di a la gente: Salgan de la tienda de Coré, Datán y Abiram.
25 Enti Mose kɔɔ Datan ne Abiram ntamadan no mu a na Israel mpanyimfo di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se,
Entonces Moisés se levantó y fue a Datán y Abiram, y los ancianos de Israel fueron con él.
26 Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Monsan mfi saa nnipabɔnefo yi ntamadan no mu! Mommfa mo nsa nka wɔn biribiara, anyɛ saa a wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa, esiane wɔn bɔne nti.”
Y dijo a la gente: Salgan ahora de las tiendas de estos hombres malvados, sin tocar nada de ellos, o pueden ser llevados al castigo de sus pecados.
27 Enti nnipa no fii Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu. Na Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyinagyinaa wɔn ntamadan no akwan ano.
Entonces, por todos lados, salieron de la tienda de Coré, Datan y Abiram; y Datán y Abiram salieron a la puerta de sus tiendas, con sus esposas y sus hijos y sus pequeños.
28 Mose kae se, “Ɛnam eyi so bɛma moahu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ nea mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara mʼadwene mu na mifi yɛɛ saa.
Entonces Moisés dijo: Ahora verán que el Señor me ha enviado para hacer todas estas obras, y no las he hecho por mí mismo.
29 Sɛ owu nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wohu nea ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me.
Si estos hombres tienen la muerte común de los hombres, o si el destino natural de todos los hombres los supera, entonces el Señor no me ha enviado.
30 Na sɛ Awurade ma ade a ɛyɛ foforo koraa ba, na asase bue nʼanom mene wɔn ne wɔn ahode na sɛ wɔkɔ asaman anikann a, ɛbɛma moahu sɛ, saa nnipa yi abu Awurade animtiaa.” (Sheol h7585)
Pero si el Señor hace algo nuevo, abriendo la tierra para recibirlos, con todo lo que es de ellos, y bajan a vivir al inframundo, entonces estará claro para ustedes que el Señor no ha sido honrado por estos hombres. (Sheol h7585)
31 Ka a ɔkaa eyinom wiei ara pɛ, na asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee,
Y mientras estas palabras estaban en sus labios, la tierra debajo de ellos se dividió en dos;
32 na ɛbaee nʼanom menee wɔn ne wɔn abusuafo, wɔn nnamfonom a na wogyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapade nyinaa.
Y la tierra, abriendo su boca, los recibió con sus familias y con todos los hombres que se habían unido a Coré y sus bienes.
33 Wowuraa asase mu anikann kɔɔ asaman na asase no san ka too mu ma wɔyera fii ɔman no mu. (Sheol h7585)
Así que ellos y todos los suyos descendieron viviendo en el inframundo, y la tierra se cerró sobre ellos, y fueron separados de la reunión de la gente. (Sheol h7585)
34 Israelfo nyinaa guanee a na wɔreteɛteɛ mu se, “Asase rebɛmene yɛn nso!”
Y todo Israel alrededor de ellos huyó a su clamor. Por temor, dijeron ellos, que la tierra nos trague también a nosotros.
35 Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew nnipa ahannu aduonum a na wɔrehyew aduhuam no nyinaa.
Luego salió fuego del Señor, que quemó a los doscientos cincuenta hombres que ofrecían el incienso.
36 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Y él Señor dijo a Moisés:
37 “Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar sɛ onyi aduhuamyɛfo nkuku no mfi nso no mu, efisɛ ɛyɛ kronkron, na ɔntrɛtrɛw nnyansramma no mu nkɔ akyiri
Dile a Eleazar, hijo del sacerdote Aarón, que saque los incensarios de las llamas; y dispersar los carbones en otro lugar, apagando de ellos el fuego, porque son santos;
38 mfi saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhuamyɛfo nkuku no ase. Boro aduhuamhyew nkuku no mma ɛnyɛ ntrantraa na momfa nkata afɔremuka no so. Saa aduhuamyɛfo nkuku yi yɛ kronkron, efisɛ wɔde baa Awurade anim. Ma ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne mma Israelfo no.”
Y las vasijas de aquellos hombres, que con sus vidas han pagado por sus pecados, sean martillados como platos para cubrir el altar; porque han sido ofrecidos delante del Señor y son santos; para que sean una señal para los hijos de Israel.
39 Enti ɔsɔfo Eleasar faa wɔn a wɔahyew no aduhuamyɛfo nkuku no na ɔboro maa ɛyɛɛ ntrantraa na ɔde kataa afɔremuka no so,
Entonces el sacerdote Eleazar tomó los recipientes de bronce que habían sido ofrecidos por los que fueron quemados, y fueron martillados para hacer una cubierta para el altar:
40 sɛnea Awurade nam Mose so kyerɛɛ no no. Na Israelfo no nam so akae se obiara a omfi Aaron ase no nni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhyew aduhuam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne ne ne dɔm no bi bɛto no.
Para ser una señal, guardada en la memoria para siempre por los hijos de Israel, que ningún hombre que no sea de la descendencia de Aarón tiene el derecho de quemar incienso ante el Señor, para que no sea como Coré y sus seguidores: como el Señor le dijo por la boca de Moisés.
41 Ade kyee anɔpa no, Israelfo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron se, “Moakum Awurade nkurɔfo.”
Pero al día siguiente, todos los hijos de Israel clamaron contra Moisés y Aarón, diciendo: Has matado al pueblo del Señor.
42 Nanso bere a nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano sɛ wɔretia Mose ne Aaron na wotwaa wɔn ani hwɛɛ Ahyiae Ntamadan no, prɛko pɛ, omununkum no kataa so ma wohuu Awurade anuonyam.
Cuando la gente se había reunido contra Moisés y Aarón, mirando en dirección a la Tienda de reunión, vieron que la nube la cubría, y la gloria del Señor vino ante sus ojos.
43 Mose ne Aaron begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano,
Entonces Moisés y Aarón llegaron al frente de la tienda de reunión.
44 na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Y él Señor dijo a Moisés:
45 “Twe wo ho fi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Na Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam.
Salgan de entre esta gente, para que pueda enviarles una destrucción repentina. Y descendieron sobre sus rostros.
46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Fa aduhuamyɛfo kuku no na yi ogya fi afɔremuka no so gu mu. Fa aduhuam gu so na fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpata ma wɔn, efisɛ Awurade abufuw adu wɔn so. Ɔyaredɔm no afi ase.”
Entonces Moisés dijo a Aarón: Toma tu incensario ponle fuego del altar, y sobre él incienso, y llévalo rápidamente a la reunión del pueblo, y haz expiación del pecado; porque la ira ha salido de El Señor, y la enfermedad está empezando.
47 Aaron yɛɛ nea Mose hyɛɛ no no, na otuu mmirika kɔɔ nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyew aduhuam no de yɛɛ mpata maa wɔn.
Al oír las palabras de Moisés, Aarón tomó su incensario corrió entre el pueblo; e incluso entonces la enfermedad había comenzado entre ellos; y puso incienso en su incensario para quitar el pecado de la gente.
48 Na ogyinaa ateasefo ne awufo ntam, na ɔyaredɔm no gyaee.
Y tomó su lugar entre los muertos y los vivos, y la enfermedad se detuvo.
49 Nanso na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dedaw abɛka wɔn a wɔne Kora wuwui da a edi anim no ho.
Ahora, catorce mil setecientas muertes fueron causadas por esa enfermedad, además de las que llegaron a su fin por lo que Coré había hecho.
50 Ɔyaredɔm no gyaee no, Aaron san kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
Entonces Aarón volvió a Moisés a la puerta de la tienda de reunión: y la enfermedad se detuvo.

< 4 Mose 16 >