< 4 Mose 15 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spake unto Moses, saying,
2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede rema mo no so
Speak unto the children of Israel, and say unto them, When ye be come into the land of your habitations, which I give unto you,
3 na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara a wɔbɔ a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ aboa a ofi mo nguankuw anaa nantwibuw mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a efi ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirihyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduan afɔrebɔde ka ho.
And will make an offering by fire unto the LORD, a burnt offering, or a sacrifice in performing a vow, or in a freewill offering, or in your solemn feasts, to make a sweet savour unto the LORD, of the herd, or of the flock:
4 Nea ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam muhumuhu kilogram abien a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade.
Then shall he that offereth his offering unto the LORD bring a meat offering of a tenth deal of flour mingled with the fourth [part] of an hin of oil.
5 Oguamma biara a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛsɛ sɛ wɔde nsa afɔrebɔde a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.
And the fourth [part] of an hin of wine for a drink offering shalt thou prepare with the burnt offering or sacrifice, for one lamb.
6 “‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu lita abiɛsa fra ngo lita baako,
Or for a ram, thou shalt prepare [for] a meat offering two tenth deals of flour mingled with the third [part] of an hin of oil.
7 ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔde. Mommɔ mma enyi hua a ɛbɛsɔ Awurade ani.
And for a drink offering thou shalt offer the third [part] of an hin of wine, [for] a sweet savour unto the LORD.
8 “‘Sɛ wosiesie nantwi ba ma ɔhyew afɔre anaa afɔrebɔde de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikresiam afɔre a worebɔ ama Awurade a,
And when thou preparest a bullock [for] a burnt offering, or [for] a sacrifice in performing a vow, or peace offerings unto the LORD:
9 fa atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa ne ngo lita abien ka nantwi no ho
Then shall he bring with a bullock a meat offering of three tenth deals of flour mingled with half an hin of oil.
10 a bobesa lita abien ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔde. Eyi bɛyɛ aduan afɔrebɔ a ebeyi hua asɔ Awurade ani.
And thou shalt bring for a drink offering half an hin of wine, [for] an offering made by fire, of a sweet savour unto the LORD.
11 Ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so siesie nantwi, odwennini, oguamma anaa abirekyi ba a wɔde bɔ afɔre no.
Thus shall it be done for one bullock, or for one ram, or for a lamb, or a kid.
12 Afɔrebɔde biara no, ɛsɛ sɛ mofa saa ɔkwan yi so siesie no.
According to the number that ye shall prepare, so shall ye do to every one according to their number.
13 “‘Ɛsɛ sɛ Israelni biara fa saa ɔkwan yi so siesie ne aduan afɔrebɔ a eyi hua na ɛsɔ Awurade ani na ɔde ba.
All that are born of the country shall do these things after this manner, in offering an offering made by fire, of a sweet savour unto the LORD.
14 Na sɛ ahɔho a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ma eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɔkwan koro no ara so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu.
And if a stranger sojourn with you, or whosoever [be] among you in your generations, and will offer an offering made by fire, of a sweet savour unto the LORD; as ye do, so he shall do.
15 Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa; ɔmanfo ne ahɔho; na ɛyɛ nokware a etim hɔ daa de kosi awo ntoatoaso a ɛbɛba no mu. Mo ne ahɔho nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim.
One ordinance [shall be both] for you of the congregation, and also for the stranger that sojourneth [with you], an ordinance for ever in your generations: as ye [are], so shall the stranger be before the LORD.
16 Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ahɔho a wɔtete mo mu no nyinaa.’”
One law and one manner shall be for you, and for the stranger that sojourneth with you.
17 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spake unto Moses, saying,
18 “Kasa kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mudu asase a mede mo rekɔ so no so
Speak unto the children of Israel, and say unto them, When ye come into the land whither I bring you,
19 na mudi asase no so aduan a, momfa bi mmɔ afɔre mma Awurade.
Then it shall be, that, when ye eat of the bread of the land, ye shall offer up an heave offering unto the LORD.
20 Atoko a mobɛyam a edi kan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛde sɛnea moyɛ atoko otwakan no wɔ awiporowbea no.
Ye shall offer up a cake of the first of your dough [for] an heave offering: as [ye do] the heave offering of the threshingfloor, so shall ye heave it.
21 Awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔre a efi mo aduan a edi kan a moanya mu yi ma Awurade.
Of the first of your dough ye shall give unto the LORD an heave offering in your generations.
22 “‘Sɛ mo, sɛ nnipakuw, anhyɛ da na mubu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so,
And if ye have erred, and not observed all these commandments, which the LORD hath spoken unto Moses,
23 mmara ahorow a Awurade nam ne so de ama mo yi so, efi da a Awurade de maa mo de fa awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu,
[Even] all that the LORD hath commanded you by the hand of Moses, from the day that the LORD commanded [Moses], and henceforward among your generations;
24 na sɛ wɔnam awerɛfiri so fom a nnipa no nyinaa nnim a, ɛsɛ sɛ ɔman no nyinaa de aduan afɔrebɔde ne ɔnom afɔrebɔde ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre ka ho.
Then it shall be, if [ought] be committed by ignorance without the knowledge of the congregation, that all the congregation shall offer one young bullock for a burnt offering, for a sweet savour unto the LORD, with his meat offering, and his drink offering, according to the manner, and one kid of the goats for a sin offering.
25 Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma Israelfo nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; efisɛ, ɛyɛ mfomso, na wɔnam ɔhyew afɔrebɔ so abɔ afɔre wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔde ka ho.
And the priest shall make an atonement for all the congregation of the children of Israel, and it shall be forgiven them; for it [is] ignorance: and they shall bring their offering, a sacrifice made by fire unto the LORD, and their sin offering before the LORD, for their ignorance:
26 Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔho a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, efisɛ ɔmanfo no nyinaa na wɔyɛɛ mfomso a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.
And it shall be forgiven all the congregation of the children of Israel, and the stranger that sojourneth among them; seeing all the people [were] in ignorance.
27 “‘Nanso sɛ onipa baako bi yɛ mfomso awerɛfiri mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔre.
And if any soul sin through ignorance, then he shall bring a she goat of the first year for a sin offering.
28 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma nea ɔfom no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.
And the priest shall make an atonement for the soul that sinneth ignorantly, when he sinneth by ignorance before the LORD, to make an atonement for him; and it shall be forgiven him.
29 Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfo ne ananafo a wɔte mo mu no nyinaa.
Ye shall have one law for him that sinneth through ignorance, [both for] him that is born among the children of Israel, and for the stranger that sojourneth among them.
30 “‘Na sɛ obi boa pa yɛ mfomso a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ogu Awurade din ho fi, enti ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu.
But the soul that doeth [ought] presumptuously, [whether he be] born in the land, or a stranger, the same reproacheth the LORD; and that soul shall be cut off from among his people.
31 Mpɛn dodow a wabu Awurade asɛm animtiaa na wahyɛ da abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu; na ne bɔne gu ne ti so.’”
Because he hath despised the word of the LORD, and hath broken his commandment, that soul shall utterly be cut off; his iniquity [shall be] upon him.
32 Bere a Israelfo no wɔ sare so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda.
And while the children of Israel were in the wilderness, they found a man that gathered sticks upon the sabbath day.
33 Wɔn a wɔkyeree no no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufo no anim,
And they that found him gathering sticks brought him unto Moses and Aaron, and unto all the congregation.
34 na wɔde no too afiase, efisɛ na wonhu ɔkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde no fa so.
And they put him in ward, because it was not declared what should be done to him.
35 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsiw no abo wɔ atenae no akyi baabi.”
And the LORD said unto Moses, The man shall be surely put to death: all the congregation shall stone him with stones without the camp.
36 Enti wɔde no kɔɔ atenae no akyi baabi kosiw no abo sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
And all the congregation brought him without the camp, and stoned him with stones, and he died; as the LORD commanded Moses.
37 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spake unto Moses, saying,
38 “Kasa kyerɛ Israelfo no se: Awo ntoatoaso nyinaa mu no, momma biribi nsensɛn mo ntade ano na momfa hama tuntum nkyekyere sɛ nkae ade ntetare ntade no ano.
Speak unto the children of Israel, and bid them that they make them fringes in the borders of their garments throughout their generations, and that they put upon the fringe of the borders a ribband of blue:
39 Saa mmara yi botae ne sɛ, bere biara a mubehu saa ade yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛde so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛnea na moyɛ de som anyame afoforo no.
And it shall be unto you for a fringe, that ye may look upon it, and remember all the commandments of the LORD, and do them; and that ye seek not after your own heart and your own eyes, after which ye use to go a whoring:
40 Ɛbɛkae mo ama moadi me mmara nyinaa so na wɔbɛtew mo ho ama mo Nyankopɔn.
That ye may remember, and do all my commandments, and be holy unto your God.
41 Mene Awurade, mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim asase so bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.”
I [am] the LORD your God, which brought you out of the land of Egypt, to be your God: I [am] the LORD your God.

< 4 Mose 15 >