< 4 Mose 13 >

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
וידבר יהוה אל משה לאמר
2 “Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni.”
שלח לך אנשים ויתרו את ארץ כנען אשר אני נתן לבני ישראל איש אחד איש אחד למטה אבתיו תשלחו--כל נשיא בהם
3 Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so.
וישלח אתם משה ממדבר פארן על פי יהוה כלם אנשים ראשי בני ישראל המה
4 Saa mmusuakuw no ne wɔn mpanyimfo no din na edidi so yi: Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;
ואלה שמותם למטה ראובן שמוע בן זכור
5 Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Hori babarima Safat;
למטה שמעון שפט בן חורי
6 Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;
למטה יהודה כלב בן יפנה
7 Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;
למטה יששכר יגאל בן יוסף
8 Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;
למטה אפרים הושע בן נון
9 Benyamin abusuakuw no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;
למטה בנימן פלטי בן רפוא
10 Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;
למטה זבולן גדיאל בן סודי
11 Manase abusuakuw (a ɛyɛ Yosef abusuakuw no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;
למטה יוסף למטה מנשה--גדי בן סוסי
12 Dan abusuakuw no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;
למטה דן עמיאל בן גמלי
13 Aser abusuakuw no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;
למטה אשר סתור בן מיכאל
14 Naftali abusuakuw no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi;
למטה נפתלי נחבי בן ופסי
15 Gad abusuakuw no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.
למטה גד גאואל בן מכי
16 Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea din Yosua.
אלה שמות האנשים אשר שלח משה לתור את הארץ ויקרא משה להושע בן נון יהושע
17 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔw no so.
וישלח אתם משה לתור את ארץ כנען ויאמר אלהם עלו זה בנגב ועליתם את ההר
18 Monhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no te; na monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw, sɛ wɔdɔɔso anaa wosua.
וראיתם את הארץ מה הוא ואת העם הישב עליה--החזק הוא הרפה המעט הוא אם רב
19 Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda hɔ petee anaasɛ afasu wowɔ ho?
ומה הארץ אשר הוא ישב בה--הטובה הוא אם רעה ומה הערים אשר הוא יושב בהנה--הבמחנים אם במבצרים
20 Dɔte no te dɛn? Srade wɔ mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua wɔ so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na wɔretew bobe aba kan.
ומה הארץ השמנה הוא אם רזה היש בה עץ אם אין והתחזקתם ולקחתם מפרי הארץ והימים--ימי בכורי ענבים
21 Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no.
ויעלו ויתרו את הארץ ממדבר צן עד רחב לבא חמת
22 Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no.
ויעלו בנגב ויבא עד חברון ושם אחימן ששי ותלמי ילידי הענק וחברון שבע שנים נבנתה לפני צען מצרים
23 Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw wɔ so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe.
ויבאו עד נחל אשכל ויכרתו משם זמורה ואשכול ענבים אחד וישאהו במוט בשנים ומן הרמנים ומן התאנים
24 Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ.
למקום ההוא קרא נחל אשכול על אדות האשכול אשר כרתו משם בני ישראל
25 Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae.
וישבו מתור הארץ מקץ ארבעים יום
26 Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe.
וילכו ויבאו אל משה ואל אהרן ואל כל עדת בני ישראל אל מדבר פארן--קדשה וישיבו אתם דבר ואת כל העדה ויראום את פרי הארץ
27 Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni.
ויספרו לו ויאמרו באנו אל הארץ אשר שלחתנו וגם זבת חלב ודבש הוא--וזה פריה
28 Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo.
אפס כי עז העם הישב בארץ והערים בצרות גדלת מאד וגם ילדי הענק ראינו שם
29 Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.”
עמלק יושב בארץ הנגב והחתי והיבוסי והאמרי יושב בהר והכנעני יושב על הים ועל יד הירדן
30 Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano wɔ Mose anim kae se, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim.”
ויהס כלב את העם אל משה ויאמר עלה נעלה וירשנו אתה--כי יכול נוכל לה
31 Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, “Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho yɛ den sen yɛn.”
והאנשים אשר עלו עמו אמרו לא נוכל לעלות אל העם כי חזק הוא ממנו
32 Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, “Asase a yɛkɔsraa so no sofo no yɛ awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no yɛ abran.
ויציאו דבת הארץ אשר תרו אתה אל בני ישראל לאמר הארץ אשר עברנו בה לתור אתה ארץ אכלת יושביה הוא וכל העם אשר ראינו בתוכה אנשי מדות
33 Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”
ושם ראינו את הנפילים בני ענק--מן הנפלים ונהי בעינינו כחגבים וכן היינו בעיניהם

< 4 Mose 13 >