< 4 Mose 12 >

1 Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani.
Then Miriam and Aaron spoke against Moses because of the Cushite woman whom he had married.
2 Wɔkae se, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so ana? Na yɛn nso ɔnkasa mfa yɛn so bi ana?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.
They said, “Has Yahweh spoken only with Moses? Has he not spoken also with us?” Now Yahweh heard what they said.
3 Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sen obiara a ɔte asase yi so.
Now the man Moses was very humble, humbler than anyone else on earth.
4 Ntɛm so, Awurade frɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn se, “Mo baasa no mommra Ahyiae Ntamadan mu ha.” Enti wobegyinagyinaa Awurade anim.
Right away Yahweh spoke to Moses, Aaron, and Miriam: “Come out, you three, to the tent of meeting.” So the three of them went out.
5 Afei, Awurade nam omununkum fadum mu sian ba begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Bere a wotwiw kɔɔ wɔn anim no,
Then Yahweh came down in a pillar of cloud. He stood at the entrance to the tent and called Aaron and Miriam. They both came forward.
6 ɔkae se, “Muntie me nsɛm: “Sɛ odiyifo wɔ mo mu a, Me, Awurade, menam anisoadehu so da me ho adi kyerɛ no, me kasa kyerɛ no wɔ dae mu.
Yahweh said, “Now listen to my words. When a prophet of mine is with you, I will reveal myself to him in visions and speak to him in dreams.
7 Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho. Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.
My servant Moses is not like that. He is faithful in all my house.
8 Me ne no kasa anim ne anim, kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abisae mu. Na ohu Awurade sɛnea ɔte. Adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia me somfo Mose?”
I speak to Moses directly, not with visions or riddles. He sees my form. So why are you unafraid to speak against my servant, against Moses?”
9 Awurade bo fuw wɔn dennen pa ara na ofii hɔ kɔe.
Yahweh's anger burned against them, and then he left them.
10 Bere a omununkum no fii Ahyiae Ntamadan no atifi no, kwata beduruu Miriam ho fitaa sɛ sukyerɛmma. Aaron twaa nʼani huu sɛ ɔwɔ ɔhonam ani yare a ɛyɛ fi no,
The cloud rose from over the tent, and Miriam was suddenly leprous—she was as white as snow. When Aaron turned toward Miriam, he saw that she had leprosy.
11 ɔka kyerɛɛ Mose se, “Me wura, mesrɛ wo, nnyina saa bɔne a yɛnam nkwaseasɛm so adi yi so ntwe yɛn aso.
Aaron said to Moses, “Oh, my master, please do not hold this sin against us. We have spoken foolishly, and we have sinned.
12 Mma no nyɛ sɛ akokoaa a wawu wɔ ne yam a ne fa aporɔw.”
Please do not let her be like a dead newborn whose flesh is half consumed when it emerges from its mother's womb.”
13 Na Mose teɛɛ mu frɛɛ Awurade se, “Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yare!”
So Moses called out to Yahweh. He said, “Please heal her, God, please.”
14 Awurade buaa Mose se, “Sɛ nʼagya tew ntasu guu nʼanim a, anka nʼanim rengu ase nnanson? Munyi no mfi atenae ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyiri no, obetumi asan aba.”
Yahweh said to Moses, “If her father had spit in her face, she would be disgraced for seven days. Shut her outside the camp for seven days. After that bring her in again.”
15 Enti wotwaa Miriam asu fii atenae hɔ ma okodii nnanson. Nnipa no twɛn kosii sɛ wɔsan de no bae ansa na wɔretu kwan no bio.
So Miriam was shut outside the camp for seven days. The people did not journey until she had returned to the camp.
16 Ɛno akyi no, wofii Haserot bɛbɔɔ atenae wɔ Paran sare so.
After that, the people journeyed from Hazeroth and camped in the wilderness of Paran.

< 4 Mose 12 >