< 4 Mose 11 >

1 Ankyɛ biara na nnipa no fii ase nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn, na Awurade tee. Nʼabufuw sɔree wɔ wɔn anwiinwii no ho. Eyi nti, Awurade maa ogya bɛhyew beae a na wɔte hɔ no mfikyiri baabi.
Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na Awurade teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔ wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, Awurade maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte hɔ no mfikyire.
2 Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Mose sɛ ommegye wɔn no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumii.
Wɔteateaam frɛɛ Mose sɛ ɔmmɛgye wɔn. Mose bɔɔ mpaeɛ srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumiiɛ.
3 Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi Awurade nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ.
Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ.
4 Misraimfo a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Eyi amma Israelfo no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wosui se, “Hena na ɔbɛma yɛn aduan adi?
Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wɔsuu sɛ, “Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi?
5 Yɛkae nsumnam a yɛwee wɔ Misraim mpoano no. Saa ara nso na na yenya kokumba, ɛfere, gyeene ne galik di no.
Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die.
6 Nanso mprempren de, yɛn anom ato; yenhu hwee sɛ mana nko ara.”
Nanso, seesei deɛ, yɛn ahoɔden so ate na ɛda biara yɛnnya biribiara sɛ mana nko ara.”
7 Na mana no kɛse te sɛ wusa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae afi dubona ho agu fam.
Na mana no kɛseɛ te sɛ wisa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae firi dubona ho agu fam.
8 Nnipa no tase fii fam na wɔayam anaa wɔasiw wɔ ɔwaduru mu ma adan esiam. Wowie a, wɔnoa de bi yɛ tetare. Woka wʼano a, ɛte sɛ tetare a wɔakyew wɔ nhabamma ngo mu.
Nnipa no tasee firi fam na wɔayam anaa wɔasi no waduro mu ama adane esiam. Wɔwie a, wɔnoa de bi yɛ taterɛ. Woka wʼano a, ɛte sɛ taterɛ a wɔakye wɔ nhahamma ngo mu.
9 Obosu tɔ wɔ wɔn atenae hɔ Anadwo a na mana no nso tɔ.
Anadwo bosuo mu na mana no tɔ.
10 Mose tee sɛ mmusuakuw no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntamadan ho ahyia resu. Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye, na ɛhaw Mose nso.
Mose tee sɛ mmusuakuo no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntomadan ho ahyia resu. Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie. Na anyɛ Mose nso abodwo koraa.
11 Mose bisaa Awurade se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me?
Mose bisaa Awurade sɛ, “Adɛn enti na woyɛ me saa na wode saa nnipa a wɔte seyie yi nyinaa adesoa abɛsoa me?
12 Me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Me na mewoo wɔn? Adɛn nti na wuse minturu wɔn wɔ me nsa so sɛ nkokoaa nkosi sɛ yebedu asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no so?
Wɔyɛ me mma anaasɛ me nso meyɛ wɔn agya? Yei enti na wode wɔn ama me sɛ menhwɛ wɔn sɛ nkɔkoaa kɔsi sɛ yɛbɛduru asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no?
13 Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’
Ɛhefa na merekɔfa ɛnam abrɛ nnipa yi? Wɔsu kyerɛ me sɛ, ‘Ma yɛn ɛnam!’
14 Me nko ara rentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo!
Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo!
15 Na sɛ saa na wo ne me bedi no de a, mesrɛ, kum me, sɛ manya wʼanim anuonyam a, na mma minnhyia mʼankasa me sɛe.”
Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no deɛ a, mesrɛ, kum me seesei ara; ɛbɛyɛ adom ama me! Yi me firi saa ahokyere yi mu!”
16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛ Israelfo mpanyimfo no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiae Ntamadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiaeɛ Ntomadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ.
17 Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akogu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛnea ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.
Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akɔgu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛdeɛ ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.
18 “Ka kyerɛ nnipa no se: Munnwira mo ho na ɔkyena, mubenya nam awe. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mugyaw no Misraim no ho na ɔrebɛma mo nam na mobɛwe.
“Ka kyerɛ nnipa no na wɔnnwira wɔn ho na ɔkyena, wɔbɛnya ɛnam awe. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mogyaa no Misraim no ho na ɔrebɛma mo ɛnam. Mobɛwe;
19 Ɛnyɛ da koro anaa nnaanu anaa nnaanum anaa nnadu anaa aduonu!
ɛnyɛ ɛda koro anaa nnanu anaa nnanum anaa dadu anaa adaduonu!
20 Na ɔsram baako mu, mobɛwe nam ara ama afono mo ama afa mo hwene mu. Efisɛ moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu wɔ nʼanim se, adɛn nti na yefii Misraim?’”
Na bosome baako mu, mobɛwe ɛnam ara ma apuro mo ama afa mo hwene mu. Ɛfiri sɛ, moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu ama Misraim nso.’”
21 Mose kae se, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛno na woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn nam awe ara ɔsram!
Mose kaa sɛ, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛnna woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn ɛnam awe ara bosome!
22 Sɛ yekum nguan ne anantwi ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana? Sɛ wɔkyere po mu nam nyinaa ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana?”
Sɛ yɛkum yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa koraa a, ɛrenso wɔn so. Ɛsɛ sɛ yɛkyere ɛpo mu ɛnam nyinaa ansa na yɛatumi adi wo bɔhyɛ no so!”
23 Na Awurade bisaa Mose se, “So Awurade basa yɛ tiaa dodo ana? Afei wubehu sɛ mʼasɛm yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.”
Na Awurade bisaa Mose sɛ, “Da bɛn na meyɛɛ mmerɛ? Afei wobɛhunu sɛ mʼasɛm yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ.”
24 Enti Mose fii Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanyimfo aduɔson ano ma wotwaa Ahyiae Ntamadan no ho hyiae.
Enti Mose firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanimfoɔ aduɔson ano ma wɔtwaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyiaeɛ.
25 Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasae, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanyimfo aduɔson no so. Bere a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmere tiaa bi mu.
Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasaeɛ, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanimfoɔ aduɔson no so. Ɛberɛ a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmerɛ tiawa bi mu.
26 Nanso na mpanyimfo aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenae hɔ. Na bere a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ.
Nanso na mpanimfoɔ aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ. Na mmerɛ a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ.
27 Mmerante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asi no ho amanneɛ
Mmeranteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asie no ho amaneɛ
28 na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose boafo no ampene so, na ɔkae se, “Me wura Mose, ma wonnyae!”
na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose ɔboafoɔ no ampene so, na ɔkaa sɛ, “Owura, ma wɔnnyae!”
29 Mose bisaa no se, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!”
Mose bisaa no sɛ, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfoɔ nyinaa yɛ adiyifoɔ a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!”
30 Na Mose ne Israel mpanyimfo no san kɔɔ wɔn atenae hɔ.
Afei, Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ hɔ.
31 Na Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko fi po mu beguu atenae hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn anan.
Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko firi ɛpo mu bɛguu atenaeɛ hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn ɛnan.
32 Enti da mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkum wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyee nso. Nea wannya bi no koraa na onyaa susukoraa ɔha! Mmoko buu so wɔ atenae hɔ nyinaa.
Enti ɛda mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkumm wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyeeɛ nso. Deɛ wannya bi no koraa na ɔnyaa susukora ɔha! Mmoko buu so wɔ atenaeɛ hɔ nyinaa.
33 Na nnipa no fii ase wee mmoa no bi no, Awurade bo san fuw wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kum wɔn mu fa kɛse no ara.
Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, Awurade bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara.
34 Enti wɔtoo beae hɔ din se Kibrot-Hataawa a nkyerɛase ne, “Akɔnnɔ ɔda” efisɛ wɔn a na wɔn ani bere nam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wosiee wɔn wɔ hɔ.
Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, “Akɔnnɔ damena” ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn wɔ hɔ.
35 Ɔman no tu fii Kibrot-Hataawa hɔ kɔtenaa Haserot.
Ɔman no tu firii hɔ kɔtenaa Haserot kakra.

< 4 Mose 11 >