< Nehemia 9 >

1 Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so aduasa baako no, ɔmanfo no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, furaa atweaatam, tuu mfutuma petee wɔn tirim.
On the twenty-fourth day of this same month, the Israelites met together, fasting and wearing sackcloth, with dust on their heads.
2 Bere a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfo no twee wɔn ho fii ananafo nyinaa ho.
Those of Israelite ancestry separated themselves from the foreigners, and stood to confess their sins and those of their forefathers.
3 Wɔkenkan Awurade, wɔn Nyankopɔn, mmara nhoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abiɛsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisonnidiso a na wɔresom Awurade, wɔn Nyankopɔn.
They spent three hours standing there reading the Book of the Law of the Lord their God, and another three hours confessing their sins and worshiping the Lord their God.
4 Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.
The Levites stood on the stage and called out loudly to the Lord their God. (Their names were Jeshua, Bani, Kadmiel, Shebaniah, Bunni, Sherebiah, Bani, and Chenani.)
5 Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka.
Then the Levites announced: “Stand up and praise the Lord your God who lives eternally: ‘May who you are and your glory be blessed, and may you be lifted up above all blessing and praise.’” (The names of the Levites were Jeshua, Kadmiel, Bani, Hashabneiah, Sherebiah, Hodiah, Shebaniah, and Pethahiah.)
6 Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu soro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfo nyinaa som wo.
They prayed, “Only you are the Lord. It was you who made the sky, the heavens with all their stars, the land and everything on it, the seas and everything in them. You give life to all of them, and all the heavenly beings worship you.
7 “Woyɛ Awurade Nyankopɔn a wuyii Abram fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, san too no din Abraham.
You are the Lord, the God who chose Abram, who led him out of Ur of the Chaldeans and named him Abraham.
8 Odii wo nokware no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfo, Hetifo, Perisifo Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma ɔne nʼasefo. Na wudii wo bɔhyɛ so, efisɛ daa wudi wʼasɛm so.
You knew he would be faithful to you, and made an agreement with him to give him and his descendants the land of the Canaanites, Hittites, Amorites, Perizzites, Jebusites, and Girgashites. You kept your promise, because you do what is right.
9 “Wuhuu amane ne awerɛhow a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su fi Po Kɔkɔɔ no ho.
You saw how much our forefathers were suffering in Egypt. You heard their cries for help at the Red Sea.
10 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade kyerɛɛ Farao, nʼasomfo ne ne manfo nyinaa, efisɛ na wunim nhyɛso kwan a na Misraimfo no de wɔn fa so. Wowɔ anuonyam a ahyeta a ani mpa so da.
You performed miraculous signs and wonders against Pharaoh, all his officials, and all his people of his land, for you recognized how arrogantly they treated our forefathers. You created a wonderful reputation for yourself that people still recognize to this day.
11 Wopaee po mu maa wo nkurɔfo, sɛnea wobetumi afa asase wosee so. Na wusum wɔn atamfo guu po bun mu. Wɔmemem sɛ abo wɔ bun a emu dɔ no ase.
You split the sea apart in front of them so that they could walk through it on dry ground. But you threw their pursuers into the depths of the sea, like stones thrown into raging waters.
12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛnea wobehu kwan.
You led them with a column of cloud during the day, and a column of fire at night, showing them the way which they should go.
13 “Wusian bepɔw Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn fi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛde a ɛyɛ nokware brɛɛ wɔn.
You descended on Mount Sinai. You spoke to them from heaven. You gave them right ways to live, true laws, and good regulations and commandments.
14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo somfo Mose so hyɛɛ wɔn sɛnea wonsi nni wʼahyɛde ne wo mmara no nyinaa so.
You explained your holy Sabbath to them. You gave them commandments and regulations and laws through your servant Moses.
15 Bere a ɔkɔm dee wɔn no, womaa wɔn brodo a efi ɔsoro ne nsu a efi ɔbotan mu, bere a osukɔm dee wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no.
When they were hungry you gave them bread from heaven, and when they were thirsty you brought water out of the rock for them. You told them to go and take ownership of the land which you had sworn to give them.
16 “Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so.
But they and our forefathers acted arrogantly and became stubborn, and didn't pay attention to your commands.
17 Wɔantie, na wɔankae wʼanwonwade a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔtew atua yii ntuanoni sɛ ɔnsan mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso woyɛ ɔdebɔnekyɛ, ahummɔbɔ ne ɔdomfo Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw na wʼadɔe dɔɔso. Enti woampo wɔn,
They refused to listen to you, and forgot about all the miracles you did for them. They became obstinate and decided to choose themselves a leader to take them back to slavery in Egypt. But you are a forgiving God, gracious and merciful, slow to get angry, and full of trustworthy love. You did not give up on them,
18 bere a wɔyɛɛ nantwi ba na wɔka se, ‘Oyi ne mo nyame a, oyii mo fii Misraim no.’ Wɔyɛɛ bɔne, kekaa abususɛm a ɛyɛ hu.
even when they made themselves a metal calf and said, ‘This is your god who led you out of Egypt,’ and committed terrible blasphemies.
19 “Nanso wo mmɔborɔhunu mu no, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ sare no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn kwan anadwo.
But you because you are so merciful didn't abandon them in the desert. The column of cloud didn't stop guiding them during the day, and the column of fire continued to light their way at night.
20 Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn brodo afi ɔsoro anaa nsu bere a osukɔm de wɔn.
You gave your good Spirit to teach them. You did not stop feeding them with your manna, and you gave them water when they were thirsty.
21 Wohwɛɛ wɔn so mfe aduanan wɔ sare so. Saa bere no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntade antetew, na wɔn anan ase antaatae.
You took care of them for forty years in the desert. Their clothes didn't wear out, they didn't want for anything. Their feet didn't even swell up!
22 “Woboaa yɛn agyanom ma wodii ahemman akɛse ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfo duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ofi Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa.
You gave them kingdoms and nations; you assigned their borders. They took control of the land of Sihon, king of Heshbon, and of Og, king of Bashan.
23 Womaa wɔn asefo dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woahyɛ wɔn agyanom ho bɔ no so.
You made their descendants as countless as the stars of heaven, and led them to the land you had promised their fathers they would enter and possess.
24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na mpo, ahemfo ne Kanaanfo a wɔtenaa asase no so no tumi sae. Wo nkurɔfo ne wɔn dii no sɛnea wɔpɛ.
Their descendants went in and took over the land. Right in front of them you conquered the Canaanites who lived there, handing over their kings and people so they could do with them whatever they wanted.
25 Yɛn agyanom faa nkurow a wɔabɔ ho ban ne nsasebere no. Wɔfaa afi a nnepa wɔ mu ne asuten a wɔatutu dedaw no ne bobeturo ne ngofuw ne nnuabafuw no bebree. Enti wodidii ara kosii sɛ wɔdodɔ yɛɛ akɛse, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu.
They captured fortified cities and fertile land. They took over houses full of valuable things, water cisterns, vineyards, olive groves, and many fruit trees. They ate until they were full, and grew fat. They were so happy at how good you were to them.
26 “Nanso eyinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, tew wʼanim atua. Wɔtow wo mmara no guu nkyɛn. Wokunkum adiyifo a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu.
But they completely rebelled against you. They tossed your Law over their shoulders. They killed your prophets who warned them to try and bring them back to you, and they committed terrible blasphemies.
27 Enti wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa. Nanso wɔn amanehunu mu no, wosu frɛɛ wo, na wutiee wɔn fi ɔsoro. Na ahummɔbɔ a ɛso mu na wosomaa agyefo a wogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam.
So you handed them over to their enemies who treated them badly. In their suffering they cried out to you for help. But you heard their cries from heaven, and because you're so merciful you sent them leaders to save them from their enemies.
28 “Nanso na nneɛma nyinaa rekɔ so yiye no, wo manfo san kɔɔ bɔne mu bio, na wosan maa wɔn atamfo dii wɔn so. Nanso bere biara a wo nkurɔfo besu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wufi ɔsoro tiee wɔn bio. Wʼahummɔbɔ nwonwaso nti, wugyee wɔn ntoatoaso.
However, as soon as they had peace, they went back to doing evil in your sight. So once more you handed them over to their enemies, who dominated them. They came back to you, and they cried out to you again. But you heard from heaven once more, and you saved them time and again because you are so merciful.
29 “Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsan mmedi wo mmara no so, nanso wɔyɛɛ ahomaso ne asobrakye a wɔanni wʼahyɛde no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a wɔnam so benya nkwa no so. Wɔnam ahomaso so, dan wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wobetie wo.
You warned them to come back to your Law, but they were arrogant. They ignored your commands, and sinned against your rules, which, as you previously said, ‘If people obey they will live by them.’ They obstinately turned their backs on you and refused to listen.
30 Wo dɔ nti, wunyaa wɔn ho ntoboase mfe bebree. Wosomaa wo honhom ma ɔnam adiyifo so bɔɔ wɔn kɔkɔ faa wɔn bɔne ho. Nanso wɔantie. Enti womaa abosonsomfo a wɔwɔ asase yi so no ho kwan ma wodii wɔn so bio.
You were patient with them for many years. You warned them by your Spirit through your prophets, but they didn't listen, so you handed them over to the other nations.
31 Nanso wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfo ne ahummɔbɔ Nyankopɔn.
But because of your wonderful mercy you did not finish with them, and you did not abandon them, for you are a gracious and merciful God.
32 “Afei, yɛn Nyankopɔn, ɔkɛse, otumfo ne ɔnwonwani Nyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛe no ommu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛse aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfo ne adiyifo ne yɛn agyanom so fi bere a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de besi saa bere yi.
So now, our God, the great and powerful and awesome God who keeps his agreement of trustworthy love, please don't see as unimportant all the hardships that have happened to us, and to our kings and leaders, our priests and prophets, our forefather and all your people, from the time of the Assyrian kings of Assyria up till now.
33 Bere biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛse a wotwe yɛn aso sɛnea ɛsɛ wɔ so.
But you have done what is right regarding everything that has happened to us. You have always acted faithfully, while we have done so much evil.
34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfo, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛde ne wo kɔkɔbɔ dennen no so.
Our kings, our leaders, our priests, and our forefathers did not follow your Law, and they ignored your commands and regulations you ordered them to keep.
35 Mpo, bere a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ bere a woahwie wʼayamye adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛse, nanso wɔannu wɔn ho amfi wɔn amumɔyɛsɛm ho.
But they, even during the time they had their own kingdom, with so many blessings you had given them in the wide and fertile land you had provided for them, even then they refused to serve you and would not turn from their evil ways.
36 “Enti mprempren, yɛyɛ nkoa wɔ asase a nnepa abu so wɔ so a wode maa yɛn agyanom no so. Dodow yi nyinaa mu, yɛyɛ nkoa.
Look at us now, slaves in the land you gave our forefathers to enjoy its fruit and all its good things. Look at us slaves here!
37 Nnɔbae a ebu so boro so no nyinaa akodi ahemfo a esiane yɛn bɔne nti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwi so tumi. Yɛsom wɔn sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛse mu.
The rich harvests of this land go to the kings you have placed over us because of our sins. They rule over our bodies and our cattle, doing whatever they want. We are suffering so much!”
38 “Eyinom nyinaa nti, yɛnam kurukyerɛw so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔwano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifo ne asɔfo din wɔ.”
In response the people declared, “Considering all this, we are making a solemn agreement, putting it in writing. It is sealed by our leaders, Levites, and priests.”

< Nehemia 9 >