< Nehemia 8 >

1 ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔ wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfo nni so no.
到了七月,以色列人住在自己的城里。那时,他们如同一人聚集在水门前的宽阔处,请文士以斯拉将耶和华借摩西传给以色列人的律法书带来。
2 Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim.
七月初一日,祭司以斯拉将律法书带到听了能明白的男女会众面前。
3 Ɔde nʼani kyerɛɛ aguabɔbea wɔ Asuten Pon no ano, fi anɔpahema kosii owigyinae kenkan mmara no den, maa obiara a ɔte ase no tee. Ɔmanfo no nyinaa wɛn wɔn aso tiee mmara no.
在水门前的宽阔处,从清早到晌午,在众男女、一切听了能明白的人面前读这律法书。众民侧耳而听。
4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.
文士以斯拉站在为这事特备的木台上。玛他提雅、示玛、亚奈雅、乌利亚、希勒家,和玛西雅站在他的右边;毗大雅、米沙利、玛基雅、哈顺、哈拔大拿、撒迦利亚,和米书兰站在他的左边。
5 Ɛsra gyinaa apa no so a nnipadɔm no nyinaa hu no. Bere a wohuu sɛ wabue nhoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn anan so.
以斯拉站在众民以上,在众民眼前展开这书。他一展开,众民就都站起来。
6 Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no bɔ gyee so se, “Amen! Amen!” bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som Awurade a wɔn anim butubutuw fam.
以斯拉称颂耶和华至大的 神;众民都举手应声说:“阿们!阿们!”就低头,面伏于地,敬拜耶和华。
7 Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ.
耶书亚、巴尼、示利比、雅悯、亚谷、沙比太、荷第雅、玛西雅、基利他、亚撒利雅、约撒拔、哈难、毗莱雅,和利未人使百姓明白律法;百姓都站在自己的地方。
8 Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.
他们清清楚楚地念 神的律法书,讲明意思,使百姓明白所念的。
9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui.
省长尼希米和作祭司的文士以斯拉,并教训百姓的利未人,对众民说:“今日是耶和华—你们 神的圣日,不要悲哀哭泣。”这是因为众民听见律法书上的话都哭了;
10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no yɛ ahoɔden.”
又对他们说:“你们去吃肥美的,喝甘甜的,有不能预备的就分给他,因为今日是我们主的圣日。你们不要忧愁,因靠耶和华而得的喜乐是你们的力量。”
11 Na Lewifo no nso kasae se, “Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron” de dwudwoo wɔn.
于是利未人使众民静默,说:“今日是圣日;不要作声,也不要忧愁。”
12 Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.
众民都去吃喝,也分给人,大大快乐,因为他们明白所教训他们的话。
13 Na ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so akron no, mmusua ntuanofo no ne asɔfo no ne Lewifo no ne Ɛsra hyiae sɛ, wɔrehwehwɛ mmara no mu fekɔfekɔ.
次日,众民的族长、祭司,和利未人都聚集到文士以斯拉那里,要留心听律法上的话。
14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wohuu sɛ Awurade nam Mose so ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfo no tena asese mu afahyɛ a wɔrebedi no saa ɔsram no mu no.
他们见律法上写着,耶和华借摩西吩咐以色列人要在七月节住棚,
15 Waka se, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔhyɛ no ho dawuru wɔ wɔn nkurow nyinaa so, ne titirw no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfo no se, wɔnkɔ nkoko so nkɔhwehwɛ ngodua mman, kranku mman, ohuamnnua mman, bere ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no.
并要在各城和耶路撒冷宣传报告说:“你们当上山,将橄榄树、野橄榄树、番石榴树、棕树,和各样茂密树的枝子取来,照着所写的搭棚。”
16 Enti nnipa no kotwitwaa nnua mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afi, wɔn adiwo, Onyankopɔn asɔredan adiwo anaa aguabɔbea a ɛwowɔ Asuten Pon no ne Efraim Pon no mu.
于是百姓出去,取了树枝来,各人在自己的房顶上,或院内,或 神殿的院内,或水门的宽阔处,或以法莲门的宽阔处搭棚。
17 Enti obiara a wafi afiasenna mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu wɔ afahyɛbere no mu nnanson; na obiara ani gyee yiye. Efi Nun babarima Yosua bere so no, na Israelfo nnii afahyɛ no wɔ saa kwan yi so da.
从掳到之地归回的全会众就搭棚,住在棚里。从嫩的儿子约书亚的时候直到这日,以色列人没有这样行。于是众人大大喜乐。
18 Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no wɔ afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.
从头一天直到末一天,以斯拉每日念 神的律法书。众人守节七日,第八日照例有严肃会。

< Nehemia 8 >