< Nehemia 7 >

1 Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo.
Quando le mura furono riedificate e io ebbi messo a posto le porte e i portinai, i cantori e i leviti furono stabiliti nei loro uffici,
2 Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.
diedi il governo di Gerusalemme a Canàni mio fratello e ad Anania comandante della cittadella, perché era un uomo fedele e temeva Dio più di tanti altri.
3 Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”
Ordinai loro: «Le porte di Gerusalemme non si aprano finché il sole non comincia a scaldare e si chiudano e si sbarrino le porte mentre i cittadini sono ancora in piedi; si stabiliscano delle guardie prese fra gli abitanti di Gerusalemme, ognuno al suo turno e ognuno davanti alla propria casa».
4 Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu.
La città era spaziosa e grande; ma dentro vi era poca gente e non si costruivano case.
5 Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:
Il mio Dio mi ispirò di radunare i notabili, i magistrati e il popolo, per farne il censimento. Trovai il registro genealogico di quelli che erano tornati dall'esilio la prima volta e vi trovai scritto quanto segue:
6 Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
Questi sono gli abitanti della provincia che sono tornati dall'esilio: quelli che Nabucodònosor re di Babilonia aveva deportati e che erano tornati in Gerusalemme e in Giudea, ognuno nella sua città.
7 Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni:
Essi erano tornati con Zorobabele, Giosuè, Neemia, Azaria, Raamia, Nahamani, Mardocheo, Bilsan, Mispèret, Bigvai, Necum e Baana. Computo degli uomini del popolo d'Israele:
8 Abusuafo dodow ni: Paros asefo 2,172
Figli di Pareos: duemila centosettantadue.
9 Sefatia asefo 372
Figli di Sefatia: trecentosettantadue.
10 Arah asefo 652
Figli di Arach: seicentocinquantadue.
11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo 2,818
Figli di Paat-Moab, cioè i figli di Giosuè e di Ioab: duemila ottocentodiciotto.
12 Elam asefo 1,254
Figli di Elam: milleduecento cinquantaquattro.
13 Satu asefo 845
Figli di Zattu: ottocentoquarantacinque.
14 Sakai asefo 760
Figli di Zaccai: settecentosessanta.
15 Binui asefo 648
Figli di Binnui: seicentoquarantotto.
16 Bebai asefo 628
Figli di Bebai: seicentoventotto.
17 Asgad asefo 2,322
Figli di Azgad: duemilatrecento ventidue.
18 Adonikam asefo 667
Figli di Adonikam: seicentosessantasette.
19 Bigwai asefo 2,067
Figli di Bigvai: duemilasessantasette.
20 Adin asefo 655
Figli di Adin: seicentocinquantacinque.
21 Ater (Hesekia) asefo 98
Figli di Ater, cioè di Ezechia: novantotto.
22 Hasum asefo 328
Figli di Casum: trecentoventotto.
23 Besai asefo 324
Figli di Bezai: trecentoventiquattro.
24 Harif asefo 112
Figli di Carif: centododici.
25 Gibeon asefo 95
Figli di Gàbaon: novantacinque.
26 Mmarima dodow a wofi Betlehem ne Netofa 188
Uomini di Betlemme e di Netofa: centottantotto.
27 Anatot 128
Uomini di Anatòt: centoventotto.
28 Bet-Asmawet 42
Uomini di Bet-Azmàvet: quarantadue.
29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743
Uomini di Kiriat-Iearìm, di Chefira e di Beeròt: settecentoquarantatrè.
30 Rama ne Geba 621
Uomini di Rama e di Gheba: seicentoventuno.
31 Mikmas 122
Uomini di Micmas: centoventidue.
32 Bet-El ne Ai 123
Uomini di Betel e di Ai: centoventitrè.
33 Nebo 52
Uomini di un altro Nebo: cinquantadue.
34 Elam 1,254
Figli di un altro Elam: milleduecento cinquantaquattro.
35 Harim 320
Figli di Carim: trecentoventi.
36 Yeriko 345
Figli di Gerico: trecentoquarantacinque.
37 Lod, Hadid ne Ono 721
Figli di Lod, di Cadid e di Ono: settecentoventuno.
38 Senaa 3,930
Figli di Senaà: tremilanovecentotrenta.
39 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (Yesua fifo mu no) 973
I sacerdoti: figli di Iedaia della casa di Giosuè: novecentosessantatrè.
40 Imer asefo 1,052
Figli di Immer: millecinquantadue.
41 Pashur asefo 1,247
Figli di Pascur: milleduecentoquarantasette.
42 Harim asefo 1,017
Figli di Carim: millediciassette.
43 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo 74
I leviti: figli di Giosuè, cioè di Kadmiel, di Binnui e di Odevà: settantaquattro.
44 Nnwontofo: Asaf asefo 148
I cantori: figli di Asaf: centoquarantotto.
45 Asɔredan Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo, Akub, Hatita ne Sobai asefo 138
I portieri: figli di Ater, figli di Talmon, figli di Akkub, figli di Catità, figli di Sobai: centotrentotto.
46 Asɔredan mu asomfo: Siha, Hasufa, Tabaot asefo,
Gli oblati: figli di Zica, figli di Casufa, figli di Tabbaot,
47 Keros, Siaha, Padon asefo,
figli di Keros, figli di Sia, figli di Padon,
48 Lebana, Hagaba, Salmai asefo,
figli di Lebana, figli di Agabà, figli di Salmai,
49 Hanan, Gidel, Gahar asefo,
figli di Canan, figli di Ghiddel, figli di Gacar,
50 Reaia, Resin, Nekoda asefo,
figli di Reaia, figli di Rezin, figli di Nekoda,
51 Gasam, Usa, Paseah asefo,
figli di Gazzam, figli di Uzza, figli di Pasèach,
52 Besai, Meunim, Nefusim asefo,
figli di Besai, figli dei Meunim, figli dei Nefisesim,
53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo,
figli di Bakbuk, figli di Cakufa. figli di Carcur,
54 Baslit, Mehida, Harsa asefo
figli di Baslit, figli di Mechida, figli di Carsa,
55 Barkos, Sisera, Tema asefo
figli di Barkos, figli di Sisara, figli di Temach,
56 Nesia ne Hatifa asefo,
figli di Neziach, figli di Catifa.
57 Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni: Sotai, Soferet, Perida asefo,
Discendenti dei servi di Salomone: figli di Sotai, figli di Sofèret, figli di Perida,
58 Yaala, Darkon, Gidel asefo,
figli di Iaala, figli di Darkon, figli di Ghiddel,
59 Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo,
figli di Sefatia, figli di Cattil, figli di Pochèret-Azzebàim, figli di Amòn.
60 Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ 392
Totale degli oblati e dei discendenti dei servi di Salomone: trecentonovantadue.
61 Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel:
Ecco quelli che tornarono da Tel-Melach, da Tel-Carsa, da Cherub-Addòn e da Immer e che non avevano potuto stabilire il loro casato per dimostrare che erano della stirpe di Israele:
62 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ 642
figli di Delaia, figli di Tobia, figli di Nekoda: seicentoquarantadue.
63 Asɔfo baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.)
Tra i sacerdoti: figli di Cobaia, figli di Akkos, figli di Barzillài, il quale aveva sposato una delle figlie di Barzillài il Galaadita e fu chiamato con il loro nome.
64 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.
Questi cercarono il loro registro genealogico, ma non lo trovarono e furono quindi esclusi dal sacerdozio;
65 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
il governatore ordinò loro di non mangiare cose santissime finché non si presentasse un sacerdote con Urim e Tummim.
66 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia,
La comunità nel suo totale era di quarantaduemila trecentosessanta persone,
67 a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum ka ho.
oltre ai loro schiavi e alle loro schiave in numero di settemila trecentotrentasette. Avevano anche duecentoquarantacinque cantori e cantanti.
68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia, funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum.
Avevano settecentotrentasei cavalli, duecentoquarantacinque muli,
69 Yoma ahannan ne aduasa anum ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu kaa wɔn ho.
quattrocentotrentacinque cammelli, seimila settecentoventi asini.
70 Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum ne asɔfotade ahannum ne aduasa.
Alcuni dei capifamiglia offrirono doni per la fabbrica. Il governatore diede al tesoro mille dracme d'oro, cinquanta coppe, cinquecentotrenta vesti sacerdotali.
71 Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu, na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no.
Alcuni capifamiglia diedero al tesoro della fabbrica ventimila dracme d'oro e duemiladuecento mine d'argento.
72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason.
Il resto del popolo diede ventimila dracme d'oro, duemila mine d'argento e sessantanove vesti sacerdotali.
73 Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so. Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,
I sacerdoti, i leviti, i portieri, i cantori, alcuni del popolo, gli oblati e tutti gli Israeliti si stabilirono nelle loro città. Come giunse il settimo mese, gli Israeliti erano nelle loro città.

< Nehemia 7 >