< Nehemia 5 >

1 Saa bere no mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfo Yudafo no.
И стаде велика вика људи и жена на браћу њихову Јудејце.
2 Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.”
Јер неки говораху: Нас и синова наших и кћери наших има много; да добавимо жита да једемо и останемо живи.
3 Afoforo nso kae se, “Yɛde yɛn mfuw, bobe nturo ne yɛn afi asisi awowa sɛnea yebenya aduan wɔ ɔkɔm bere mu.”
Други опет говораху: Да заложимо поља своја и винограде и куће да добијемо жита у овој глади.
4 Afoforo nso kae se, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuw ne bobeturo bo yɛ pɛ de atua yɛn sonkahiri.
Још други говораху, да узајмимо новаца на поља своја и винограде за данак царски.
5 Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.”
А тело је наше као тело браће наше, синови наши као њихови синови и ето треба да дамо синове своје и кћери своје у робље, и неке кћери наше већ су робиње, а ми не можемо ништа, јер поља наша и винограде наше држе други.
6 Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuw yiye.
Зато се расрдих врло кад чух вику њихову и те речи.
7 Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm.
И смислих у срцу свом и укорих кнезове и поглаваре, и рекох им: Ви мећете бремена сваки на брата свог. И сазвах велики збор њих ради.
8 Nhyiamu no ase no, meka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebetumi agye yɛn abusuafo Yudafo a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔho abosonsomfo no. Nanso moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Da biara na ɛsɛ sɛ yegye wɔn ana?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.
И рекох им: Ми откуписмо колико могасмо браћу своју Јудејце што беху продани народима; а ви ли ћете продавати браћу своју или ћете се продавати нама? А они умукоше и не нађоше шта би одговорили.
9 Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde.
И рекох: Није добро шта радите. Не треба ли вам ходити у страху Бога нашег да нам се не ругају народи, непријатељи наши?
10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no.
И ја и браћа моја и момци моји давали смо им новаца и жита; али опростимо им тај дуг.
11 Nnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuw, bobeturo, ngodua mfuw ne wɔn afi ma wɔn. Muntua nsiho a mugyee wɔn wɔ sika, atoko, nsa ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no mma wɔn.”
Хајде вратите им данас поља њихова и винограде и маслинике и куће и што им на стотину узимасте од новца и жита и вина и уља.
12 Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so.
А они одговорише: Вратићемо и нећемо искати од њих; учинићемо како велиш. Тада сазвах свештенике, и заклех их да ће тако учинити.
13 Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!” Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.
И истресох недра своја и рекох: Овако да истресе Бог сваког из куће његове и из труда његовог ко год не испуни ове речи, и овако да се истресе и буде празан. И сав збор рече: Амин. И хвалише Господа, и учини народ по тој речи.
14 Bio, mfe dumien a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahenni mfe aduonu kosi mfe aduasa abien so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfo nnyee yɛn akɔnhamabɔde da.
И откад ми цар заповеди да им будем управитељ у земљи Јудиној, од године двадесете до тридесет друге године цара Артаксеркса, дванаест година, ја и браћа моја не једосмо хране управитељске.
15 Eyi ne nsonoe kɛse a ɛda yɛne amradofo a wodii kan no ntam, efisɛ wɔde asodi kɛse too ɔmanfo no so. Na daa wogye nnuan ne nsa ka dwetɛ a ɛkari gram ahannan ne aduosia ho fi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafo faa ho didii ɔmanfo no ho. Nanso esiane suro a na misuro Onyankopɔn no nti, mamfa saa kwan no so.
А пређашњи управитељи који беху пре мене беху тешки народу узимајући од њега хлеб и вино осим четрдесет сикала сребра, и слуге њихове заповедаху по народу. Али ја тако не чиних бојећи се Бога.
16 Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho.
Него и око грађења зида радих, и не куписмо њиве; и сви момци моји беху скупа онде на послу.
17 Mammisa hwee, nso na bere biara mema Yudafo adwumayɛfo ɔha aduonum didi wɔ me didipon so a, ahɔho a wofifi nsase foforo so no nka ho.
И Јудејаца и поглавара сто и педесет људи и који долажаху к нама из околних народа беху за мојим столом.
18 Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwi baako, nguan akɛse asia ne nkokɔ bebree. Na nnafua du biara, na ɛsɛ sɛ yenya nsa ahorow nyinaa bi. Nanso mannye amrado akɔnhamabɔde biara, efisɛ na ɔmanfo no wɔ ahokyere mu dedaw.
И готовљаше се сваки дан по једно говече, шест оваца, избраних, и птице готовљаху ми се, и сваких десет дана даваше се свакојаког вина изобила. И опет не исках хране управитељске; јер служба беше тешка народу.
19 Me Nyankopɔn, kae nea mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.
Помени ме Боже мој на добро за све што сам чинио овом народу.

< Nehemia 5 >