< Nehemia 3 >

1 Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.
Tedy povstal Eliasib, kněz nejvyšší, a příbuzní jeho kněží, a stavěli bránu bravnou, (tiť jsou ji vystavěli, a zavěsili vrata její, až k věži Mea vystavěli ji), až k věži Chananeel.
2 Nnipa a wofi Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma wɔ hɔ, na Imri babarima Sakur dii so.
A podlé něho stavěli muži Jerecha, též podlé něho stavěl Zakur syn Imrův.
3 Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia.
Bránu pak rybnou stavěli synové Senaa. Ti položili trámy její, a vstavili vrata její s zámky i závorami jejími.
4 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok.
Podlé těch také opravoval Meremot syn Uriáše, syna Kózova, a podlé nich opravoval Mesullam syn Berechiáše, syna Mesezabelova, a podlé těch opravoval Sádoch syn Baanův.
5 Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.
A podlé nich opravovali Tekoitští. Ale ti, kteříž byli znamenitější z nich, nepodklonili šíje své k dílu pána svého.
6 Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu.
Bránu pak starou opravovali Joiada syn Paseachův, a Mesullam syn Besodiášův. Ti položili trámy její a vstavili vrata její s zámky a závorami jejími.
7 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae.
Podlé nich opravoval Melatiáš Gabaonitský, a Jádon Meronotský, muži z Gabaon a z Masfa, až k stolici knížecí z této strany řeky.
8 Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfo no na odi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasu no ho. Hanania a ɔyɛ aduhuamyɛfo no na odi so. Wogyaw Yerusalem fa bi a ekosi Ɔfasu Tɛtrɛɛ no.
Podlé nich pak opravoval Uziel syn Charhaiášův s zlatníky, a podlé něho opravoval Chananiáš, syn apatekářův. A nechali Jeruzaléma až do zdi široké.
9 Nea odi so yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansin fa bi ano no no, babarima Refaia.
Dále podlé nich opravoval Refaiáš syn Churův, hejtman nad polovicí kraje Jeruzalémského.
10 Nea odi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a osiesiee ɔfasu no fa bi a ɛbɛn ne fi, na nea odi ne so ne Hasabnia babarima Hatus.
A podlé nich opravoval Jedaiáš Charumafův proti domu svému. Podlé něhož opravoval Chattus syn Chasabneiášův.
11 Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho.
Druhý pak díl opravoval Malkiáš syn Charimův, a Chasub syn Pachat Moábův, a věži Tannurim.
12 Halohes babarima Salum ne ne mmabea na wosiesiee ɔfa a edi hɔ no. Ɔno na na otua Yerusalem mansin fa a aka no ano.
Podlé něhož opravoval Sallum syn Lochesův, hejtman nad polovicí kraje Jeruzalémského, se dcerami svými.
13 Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no.
Bránu při údolí opravil Chanun s obyvateli Zanoe. Oni ji stavěli, a vstavili vrata její s zámky i závorami jejími, a zdi na tisíc loket až do brány hnojné.
14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.
Bránu pak hnojnou opravil Malkiáš syn Rechabův, hejtman kraje Betkarem. On ji ustavěl, a vstavil vrata s zámky i závorami jejími.
15 Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no.
Bránu pak studnice opravoval Sallun syn Kolchozův, hejtman kraje Masfa. On ji vystavěl a přikryl ji, a vstavil vrata její s zámky i závorami jejími, a zed rybníka Selach, od zahrady královské až k stupňům sstoupajícím z města Davidova.
16 Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi.
Za ním opravoval Nehemiáš syn Azbukův, hejtman nad polovici kraje Betsur, až naproti hrobům Davidovým, a až k rybníku udělanému, až k domu silných.
17 Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so.
Za ním opravovali Levítové, Rechum syn Báni, podlé něhož opravoval Chasabiáš, hejtman nad polovicí kraje Ceily s krajem svým.
18 Wɔn a wodi so yɛ ɔno ara ne manfo a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na otua Keila mansin fa no ano.
Za ním opravovali bratří jejich, Bavai syn Chenadadův, hejtman nad polovicí kraje Ceily.
19 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no.
Podlé něho pak opravoval Ezer syn Jesua, hejtman Masfa, díl druhý naproti, kudyž se chodí k skladu zbroje Mikzoa.
20 Onipa a odi so ne Sabai babarima Baruk a osiesiee fa bi fi fapem no, de kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi pon no ano.
Za ním rozhorliv se, opravoval Báruch syn Zabbai, díl druhý od Mikzoa až ke dveřům domu Eliasiba, kněze nejvyššího.
21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi.
Za ním opravoval Meremot syn Uriáše, syna Kózi, díl druhý ode dveří domu Eliasibova až do konce domu jeho.
22 Afei, asɔfo a wofifi amantam a atwa hɔ ahyia na wodi so.
Za ním opravovali kněží, kteříž bydlili v rovině.
23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no.
Za ním opravoval Beniamin a Chasub proti domům svým. Za ním opravoval Azariáš syn Maaseiáše, syna Ananiášova vedlé domu svého.
24 Nea odi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a osiesiee ɔfasu no fa bi a efi Asaria fi kosi fapem no ntwea so hɔ.
Za ním opravoval Binnui syn Chenadadův díl druhý, od domu Azariášova až do Mikzoa a až k úhlu.
25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so fii faako a ɛne fapem no ne ntwea so hɔ no di nhwɛanim, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfi a ɛbɛn awɛmfo no adiwo no. Nea odi ne so yɛ Paros babarima Pedaia,
Pálal syn Uzai proti Mikzoa a věži vysoké, kteráž vyhlédala z domu králova, jenž byla v placu u žaláře. Za ním Pedaiáš syn Farosův.
26 ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no.
Netinejští pak, jenž bydlili v Ofel, až naproti bráně vodné k východu, a věži vysoké.
27 Afei, Tekoafo nso toaa so. Wobesiesiee ɔfa foforo bi a ɛne abantenten kɛse a eyi ne ho adi no ntentenso kosi Ofel fasu no.
Za ním opravovali Tekoitští díl druhý, naproti věži veliké a vysoké, až ke zdi při Ofel.
28 Asɔfo no nso siesiee ɔfasu no a ɛwɔ koko so na ɛtoa Apɔnkɔ Pon no so no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fi di nhwɛanim.
Od brány koňské opravovali kněží, jeden každý naproti domu svému.
29 Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no.
Za tím opravoval Sádoch syn Immerův naproti domu svému. Za ním pak opravoval Semaiáš syn Sechaniášův, strážný brány východní.
30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so.
Za ním opravoval Chananiáš syn Selemiášův, a Chanun syn Zalafův šestý, díl druhý. Za ním opravoval Mesullam syn Berechiášův proti pokoji svému.
31 Malkia a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee ɔfasu no kosii Asɔredan mu asomfo ne aguadifo fi a Bagua Pon no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kosii abansoro a ɛwɔ twea so hɔ no.
Za ním opravoval Malkiáš syn zlatníkův až k domu Netinejských a kupců, naproti bráně Mifkad, až do paláce úhlového.
32 Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano.
A mezi palácem úhlovým až do brány bravné opravovali zlatníci a kupci.

< Nehemia 3 >