< Nehemia 12 >

1 Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,
Et voici les Prêtres et les Lévites qui rentrèrent avec Zorobabel, fils de Sealthiel, et Jésuah: Seraïa, Jérémie, Esdras,
2 Amaria, Maluk, Hatus,
Amaria, Malluch, Hattus,
3 Sekania, Rehum, Meremot,
Sechania, Rehum, Merémoth,
4 Ido, Ginetoi, Abia,
Iddo, Ginthoï, Abia,
5 Miamin, Maadia, Bilga,
Mijamin, Maadia, Bilga,
6 Semaia, Yoiarib, Yedaia,
Semaïa et Jojarib, Jedaïa,
7 Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo.
Sallu, Amoc, Hilkia, Jedaïa. C'étaient les Chefs des Prêtres et de leurs frères au temps de Jésuah.
8 Lewifo a wɔne wɔn san wɔn akyi no ni: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfo na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.
Et les Lévites: Jésuah, Binnuï, Cadmiel, Sérébia, Juda, Matthania [préposés] pour les hymnes, lui et ses frères,
9 Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfo Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanim.
et Bacbukia et Unni, leurs frères, collatéralement avec eux pour faire la garde.
10 Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,
Et Jésuah engendra Jojakim, et Jojakim engendra Eliasib, et Eliasib engendra Jojada,
11 na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.
et Jojada engendra Jonathan, et Jonathan engendra Jadduah.
12 Bere a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanyin no, na asɔfo mmusua mu ntuanofo no ne: Meraia a otua Seraia abusua ano. Hanania a otua Yeremia abusua ano.
Et au temps de Jojakim parmi les Prêtres étaient patriarches: de Seraïa Meraïa, de Jérémie Hanania,
13 Mesulam a otua Ɛsra abusua ano. Yehohanan a otua Amaria abusua ano.
d'Esdras Mesullam, d'Amaria Jochanan,
14 Yonatan a otua Maluki abusua ano. Yosef a otua Sebania abusua ano.
de Meluchi Jonathan, de Sebania Joseph,
15 Adna a otua Harim abusua ano. Helkai a otua Meraiot abusua ano.
de Harim Adna, de Meraïoth Helcaï,
16 Sakaria a otua Ido abusua ano. Mesulam a otua Gineton abusua ano.
de Iddo Zacharie, de Ginthon Mesullam,
17 Sikri a otua Abia abusua ano. Miniamin abusua nso na obi tua ano. Piltai tua Moadia abusua ano.
de Abia Zichri, de Minjamin, de Moadia Piltaï,
18 Samua a otua Bilga abusua ano. Yehonatan a otua Semaia abusua ano.
de Bilga Sammua, de Semaïa Jonathan,
19 Matenai a otua Yoiarib abusua ano. Usi a otua Yedaia abusua ano.
de Jojarib Matthnaï, de Jedaïa Uzzi,
20 Kalai a otua Salai abusua ano. Eber a otua Amok abusua ano.
de Sallaï Callaï, de Amoc Eber,
21 Hasabia a otua Hilkia abusua ano. Netanel a otua Yedaia abusua ano.
de Hilkia Hasabia, de Jedaïa Nethaneël.
22 Persiahene Dario a ɔto so abien bere so no, wɔkyerɛw Lewifo ne asɔfo mmusua mu ntuanofo no nyinaa din wɔ saa asɔfo mpanyimfo yi bere so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua.
Quant aux Lévites au temps d'Eliasib, de Jojada, de Jochanan et de Jaddua les patriarches furent inscrits, et quant aux Prêtres ce fut sous le règne de Darius, le Perse.
23 Wɔkyerɛw Lewifo mmusua ntuanofo no din guu Abakɔsɛm Nhoma mu kosii Eliasib nena Yohanan bere so.
Les patriarches des fils de Lévi sont inscrits dans le livre des Annales jusqu'au temps de Jochanan, fils d'Eliasib.
24 Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
Or les chefs des Lévites étaient: Hasabia, Sérébia et Jésuah, fils de Cadmiel, et leurs frères étaient collatéralement chargés de la louange et de l'action de grâces, selon l'ordonnance de David, l'homme de Dieu, une fonction correspondant à une fonction.
25 Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponanohwɛfo a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apon no ano no so.
Matthania et Bacbukia, Obadia, Mesullam, Talmon, Accub montaient la garde comme portiers aux magasins des portes.
26 Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so.
Ceux-ci appartenaient à l'époque de Jojakim, fils de Jésuah, fils de Jotsadac, et à l'époque de Néhémie, le Gouverneur, et d'Esdras, le Prêtre, le Scribe.
27 Bere a wɔredwira Yerusalem fasu foforo no, wɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔwɔ asase no so nyinaa se, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigye fa no.
Et lorsqu'il s'agit de la consécration du mur de Jérusalem, on alla chercher les Lévites dans toutes leurs localités pour les amener à Jérusalem, pour faire la consécration et la réjouissance avec des hymnes et des cantiques, avec des cymbales, des harpes et des luths.
28 Wɔde nnwontofo no fi Yerusalem ne ne nkuraa ne Netofafo nkuraa nyinaa bɔɔ mu bae.
Alors se réunirent les fils des Chantres du district qui entoure Jérusalem, et des bourgs des Netophatites,
29 Ebi nso fi Bet-Gilgal ne Geba pɔw mu hɔ ne Asmawet, efisɛ na nnwontofo no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia.
et de Beth-Gilgal, et des campagnes de Géba et d'Azmaveth; car les Chantres s'étaient bâti des bourgs autour de Jérusalem.
30 Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, afei wodwiraa ɔmanfo no, dwiraa apon no ne fasu no nso.
Et les Prêtres et les Lévites se purifièrent, et purifièrent le peuple, et les portes et le mur.
31 Midii Yuda ntuanofo no anim kɔɔ ɔfasu no atifi, na meboaboaa nnwontofo akuw akɛse abien ano ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofo kuw no mu baako kɔɔ anafo wɔ ɔfasu no atifi kosii Sumina Pon no.
Alors je fis monter les chefs de Juda sur la muraille, et je disposai deux grands chœurs pour l'action de grâces et des processions: [le premier marcha] à droite sur le mur vers la Porte du Fumier.
32 Hosaia ne Yuda ntuanofo no mu fa dii wɔn akyi,
Et après eux marchaient Hosaïa et une moitié des Princes de Juda,
33 na Asaria, Ɛsra, Mesulam,
savoir Azaria, Esdras et Mesullam,
34 Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia
Juda et Benjamin et Semaïa et Jérémie;
35 ne asɔfo no bi a wɔhyɛn torobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di.
et des fils des Prêtres avec des trompettes: Zacharie, fils de Jonathan, fils de Semaïa, fils de Matthania, fils de Michaïa, fils de Zaccur, fils d'Asaph
36 Ne korakora no, Sakaria mfɛfo a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontode a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn nipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no na odii santen no anim.
et ses frères: Semaïa et Azareël, Milelaï, Gilelaï, Maaï, Nethaneël et Juda, Hanani, avec les instruments de musique de David, l'homme de Dieu, et Esdras, le Scribe, les précédait.
37 Wɔfaa Asu Aniwa Pon no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no fasu antweri a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid fi ho, kosii Nsu Pon a ɛwɔ apuei fam no ho.
Et à la Porte de la Source vis-à-vis d'eux ils montèrent la rampe de la Cité de David, la montée du mur au-dessus du palais de David jusqu'à la Porte de l'Eau à l'Orient.
38 Nnwontofo a wɔto so abien no faa atifi kwan kohyiaa wɔn. Me ne ɔmanfo no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasu no so nam Fononoo Abantenten no ho kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no,
Et le second chœur marchait à l'opposite, et moi derrière lui, ainsi que l'autre moitié du peuple, sur le mur au-dessus de la Tour aux Fourneaux, jusqu'au large mur
39 afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano.
et au-dessus de la Porte d'Éphraïm et de l'Ancienne Porte et de la Porte aux Poissons et de la Tour Hananeël et de la Tour Méa jusqu'à la Porte des Brebis, et ils firent halte près de la Porte des Prisons.
40 Nnwontokuw abien a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuw ntuanofo a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara.
Et ainsi, les deux chœurs se trouvèrent à la Maison de Dieu, ainsi que moi et la moitié des chefs qui m'accompagnaient et les Prêtres:
41 Yɛne asɔfo a na wɔhyɛn torobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania
Eliakim, Maaseïa, Minjamin, Michaïa, Elioeinaï, Zacharie, Hanania avec des trompettes,
42 ne nnwontofo Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔe. Wɔtoo nnwom a na dwonkyerɛfo Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.
et Maaseïa et Semaïa et Éléazar et Uzzi et Jochanan et Malchiia et Eilam et Ezer. Et les Chantres se firent entendre, et Jizerahia dirigeait.
43 Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri.
Et l'on offrit dans cette journée de grands sacrifices et ils furent dans l'allégresse, car Dieu leur avait accordé une grande joie, et les femmes et les enfants se réjouirent aussi, et la réjouissance de Jérusalem fut entendue au loin.
44 Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye.
Et le même jour des hommes furent préposés sur les cellules, aux trésors et aux oblations, aux prémices et aux dîmes, pour y recueillir des campagnes, des villes, les prestations légales attribuées aux Prêtres et aux Lévites. Car c'était pour Juda plaisir que de voir les Prêtres et les Lévites en fonctions;
45 Wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛnea Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwontofo no ne aponanohwɛfo no yɛe.
et ils s'acquittaient de tout ce dont il fallait s'acquitter pour leur Dieu, et de ce dont il fallait s'acquitter pour la purification, ainsi que les Chantres et les Portiers, selon l'ordonnance de David et de Salomon, son fils.
46 Amanne a wɔma nnwontofo akwankyerɛfo di nnwontofo no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no fii ase fi Dawid ne Asaf bere so.
Car autrefois à l'époque de David et d'Asaph, il y avait des chefs des Chantres et des chefs d'orchestre pour la louange et l'action de grâces à l'honneur de Dieu.
47 Enti efi Serubabel ne Nehemia bere so no, na daa ɔmanfo brɛ nnwontofo no ne aponanohwɛfo ne Lewifo no nnuan. Na Lewifo no nso de nea wonya no mu bi ma asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no.
Et tout Israël, à l'époque de Zorobabel et à l'époque de Néhémie, paya les redevances aux Chantres et aux Portiers, l'ordinaire de chaque jour, et l'on donna aux Lévites des choses consacrées, et les Lévites firent part des consécrations aux fils d'Aaron.

< Nehemia 12 >