< Nehemia 10 >

1 Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia,
簽名的是:哈迦利亞的兒子-省長尼希米,和西底家;
2 Seraia, Asaria, Yeremia,
祭司:西萊雅、亞撒利雅、耶利米、
3 Pashur, Amaria, Malkia,
巴施戶珥、亞瑪利雅、瑪基雅、
4 Hatus, Sebania, Maluk,
哈突、示巴尼、瑪鹿、
5 Harim, Meremot, Obadia,
哈琳、米利末、俄巴底亞、
6 Daniel, Gineton, Baruk,
但以理、近頓、巴錄、
7 Mesulam, Abia, Miyamin,
米書蘭、亞比雅、米雅民、
8 Maasia, Bilgai ne Semaia. Eyinom ne asɔfo no.
瑪西亞、璧該、示瑪雅;
9 Lewifo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne: Asania babarima Yesua, Binui a ofi Henadad abusua mu, Kadmiel,
又有利未人,就是亞散尼的兒子耶書亞、希拿達的子孫賓內、甲篾;
10 ne wɔn mfɛfo Lewifo a, wɔne: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,
還有他們的弟兄示巴尼、荷第雅、基利他、毗萊雅、哈難、
11 Mika, Rehob, Hasabia,
米迦、利合、哈沙比雅、
12 Sakur, Serebia, Sebania,
撒刻、示利比、示巴尼、
13 Hodia, Bani ne Beninu.
荷第雅、巴尼、比尼努;
14 Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,
又有民的首領,就是巴錄、巴哈‧摩押、以攔、薩土、巴尼、
15 Buni, Asgad, Bebai,
布尼、押甲、比拜、
16 Adoniya, Bigwai, Adin,
亞多尼雅、比革瓦伊、亞丁、
17 Ater, Hesekia, Asur,
亞特、希西家、押朔、
18 Hodia, Hasum, Besai,
荷第雅、哈順、比賽、
19 Harif, Anatot, Nebai,
哈拉、亞拿突、尼拜、
20 Magpias, Mesulam, Hesir,
抹比押、米書蘭、希悉、
21 Mesesabel, Sadok, Yadua,
米示薩別、撒督、押杜亞、
22 Pelatia, Hanan, Anaia,
毗拉提、哈難、亞奈雅、
23 Hosea, Hanania, Hasub,
何細亞、哈拿尼雅、哈述、
24 Halohes, Pilha, Sobek,
哈羅黑、毗利哈、朔百、
25 Rehum, Hasabna, Maaseia,
利宏、哈沙拿、瑪西雅、
26 Ahiya, Hanan, Anan,
亞希雅、哈難、亞難、
27 Maluk, Harim, Baana.
瑪鹿、哈琳、巴拿。
28 “Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no,
其餘的民、祭司、利未人、守門的、歌唱的、尼提寧,和一切離絕鄰邦居民歸服上帝律法的,並他們的妻子、兒女,凡有知識能明白的,
29 wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.
都隨從他們貴冑的弟兄,發咒起誓,必遵行上帝藉他僕人摩西所傳的律法,謹守遵行耶和華-我們主的一切誡命、典章、律例;
30 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea.
並不將我們的女兒嫁給這地的居民,也不為我們的兒子娶他們的女兒。
31 “Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu.
這地的居民若在安息日,或甚麼聖日,帶了貨物或糧食來賣給我們,我們必不買。每逢第七年必不耕種,凡欠我們債的必不追討。
32 “Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra.
我們又為自己定例,每年各人捐銀一舍客勒三分之一,為我們上帝殿的使用,
33 Eyi bɛboa ama yɛanya Daa Daa Brodo, na yɛatumi abɔ atoko ne ɔhyew afɔre bere ano bere ano, abɔ homeda afɔre ahorow, adi ɔsram foforo afahyɛ ahorow ne dapɔnna ahorow no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔre ne bɔne ho afɔre sɛ mpata ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho behia ama yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.
就是為陳設餅、常獻的素祭,和燔祭,安息日、月朔、節期所獻的與聖物,並以色列人的贖罪祭,以及我們上帝殿裏一切的費用。
34 “Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no.
我們的祭司、利未人,和百姓都掣籤,看每年是哪一族按定期將獻祭的柴奉到我們上帝的殿裏,照着律法上所寫的,燒在耶和華-我們上帝的壇上。
35 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakan biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduan anaa aduaba a efi nnua so no, bɛba Awurade Asɔredan mu.
又定每年將我們地上初熟的土產和各樣樹上初熟的果子都奉到耶和華的殿裏。
36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no.
又照律法上所寫的,將我們頭胎的兒子和首生的牛羊都奉到我們上帝的殿,交給我們上帝殿裏供職的祭司;
37 “Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no wɔ yɛn nkuraa.
並將初熟之麥子所磨的麵和舉祭、各樣樹上初熟的果子、新酒與油奉給祭司,收在我們上帝殿的庫房裏,把我們地上所產的十分之一奉給利未人,因利未人在我們一切城邑的土產中當取十分之一。
38 Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye sɛ ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan no mu.
利未人取十分之一的時候,亞倫的子孫中,當有一個祭司與利未人同在。利未人也當從十分之一中取十分之一,奉到我們上帝殿的屋子裏,收在庫房中。
39 Ɛsɛ sɛ ɔmanfo no ne Lewifo no de afɔrebɔde a ɛyɛ atoko, nsa foforo ne ngo no begu adekorade kronkron a ɛbɛn asɔfo a wɔresom no, aponanohwɛfo ne nnwontofo no wɔ Asɔredan no mu. “Enti yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ase.”
以色列人和利未人要將五穀、新酒,和油為舉祭,奉到收存聖所器皿的屋子裏,就是供職的祭司、守門的、歌唱的所住的屋子。這樣,我們就不離棄我們上帝的殿。

< Nehemia 10 >