< Nahum 1 >

1 Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.
An oracle about Nineveh. The book of the vision of Nahum the Elkoshite.
2 Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfo so were, na nʼabufuw tena wɔn so.
The LORD is a jealous God and avenges. The LORD avenges and is full of wrath. The LORD takes vengeance on his adversaries, and he maintains wrath against his enemies.
3 Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifo aso. Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu, omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma.
The LORD is slow to anger, and great in power, and will by no means leave the guilty unpunished. The LORD has his way in the whirlwind and in the storm, and the clouds are the dust of his feet.
4 Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow; ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow. Basan ne Karmel twintwam, na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa.
He rebukes the sea, and makes it dry, and dries up all the rivers. Bashan languishes, and Carmel; and the flower of Lebanon languishes.
5 Mmepɔw wosow biribiri nʼanim na nkoko nan. Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa wosow nʼanim.
The mountains quake before him, and the hills melt away. The earth trembles at his presence, yes, the world, and all who dwell in it.
6 Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano? Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu? Nʼabufuw hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim.
Who can stand before his indignation? Who can endure the fierceness of his anger? His wrath is poured out like fire, and the rocks are broken apart by him.
7 Awurade ye, ɔyɛ ahohia mu guankɔbea. Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
The LORD is good, a stronghold in the day of trouble; and he knows those who take refuge in him.
8 Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so bɛma Ninewe aba awiei. Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.
But with an overflowing flood, he will make a full end of her place, and will pursue his enemies into darkness.
9 Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, ɔbɛsɛe no; ɔhaw biara remma nto so mprenu.
What do you plot against the LORD? He will make a full end. Affliction won't rise up the second time.
10 Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho, na bere a wɔn nsa abow wɔn no wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano.
For entangled like thorns, and drunk as with their drink, they are consumed utterly like dry stubble.
11 Ninewe, wo mu na nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade na otu fo bɔne no fi.
There is one gone forth out of you, who devises evil against the LORD, who counsels wickedness.
12 Nea Awurade se ni: “Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio.
Thus says the LORD: "Though they be in full strength, and likewise many, even so they will be cut down, and he shall pass away. Though I have afflicted you, I will afflict you no more.
13 Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
Now will I break his yoke from off you, and will burst your bonds apart."
14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu a esisi wʼabosonnan mu no. Mesiesie wo da efisɛ woadan ayɛ atantanne.”
The LORD has commanded concerning you: "No more descendants will bear your name. Out of the house of your gods, will I cut off the engraved image and the molten image. I will make your grave, for you are vile."
15 Hwɛ mmepɔw no so, nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipabɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
Look, on the mountains the feet of him who brings good news, who publishes peace. Keep your feasts, Judah. Perform your vows, for the wicked one will no more pass through you. He is utterly cut off.

< Nahum 1 >