< Nahum 3 >

1 Nnome nka mogya kuropɔn a atoro ne korɔn ahyɛ no ma na amanehunufo mpa mu da!
Nnome nka mogya kuropɔn a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma na amanehunufoɔ mmpa mu da!
2 Apɔnkɔkafo abaa regyigye, nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehuruhuruw ne nteaseɛnam redankyidankyi.
Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehurihuri ne nteaseɛnam redenkye denkye.
3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim; afoa twa yerɛw yerɛw, na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw. Atɔfo bebree, awufo a bi deda bi so, afunu a wontumi nkan wɔn dodow a nnipa tiatia so.
Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim akofena twa nyinam nyinam na mpea nso pa yerɛ yerɛ. Atɔfoɔ bebree, awufoɔ a ebi deda ebi soɔ, afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a nnipa tiatia soɔ.
4 Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ, ntafowayifo no nnaadaa dodow no. Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.
Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ, ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no. Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.
5 “Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro. Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.
“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro. Mɛma amanaman ahunu wʼadagya na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ.
6 Mede fi bɛsra wo ho, mebu wo animtiaa na mama nnipa ahwɛ wo.
Mede efi bɛfɔre wo ho, mɛbu wo animtia na mama nnipa ahwɛ wo.
7 Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se, ‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’ Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”
Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ, ‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’ Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”
8 Wuye sen Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsu atwa ne ho ahyia ana? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsu yɛ ne fasu.
Woyɛ sene Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsuo atwa he ho ahyia anaa? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsuo yɛ ne fasuo.
9 Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfo ho.
Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.
10 Nanso wɔfaa no nnommum twaa no asu. Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam ma wɔtetee wɔ mmɔnten so. Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto, na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.
Nanso wɔfaa no dommum twaa no asuo. Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam ma wɔtetee wɔ mmɔntene so. Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto, na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.
11 Wo nso wobɛbow Na wubehintaw wo ho de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.
Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ Na wo bɛhinta wo ho de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.
12 Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua a asow aba foforo: sɛ wɔwosow a aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.
Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua a aso aba foforɔ: sɛ wɔwoso a aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi.
13 Hwɛ wʼakofo wɔn nyinaa yɛ mmea! Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo; ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.
Hwɛ wʼakofoɔ wɔn nyinaa yɛ mmaa! Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ; ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.
14 Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no. Yere wo bammɔ mu! Wɔw dɔte no na siesie ntayaa a wɔato no!
Sesa nsuo sie ma otua no. Yere wo banbɔ mu! Wɔ dɔteɛ no na siesie ntayaa a wato no!
15 Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo; afoa betwa wo ahwe fam, wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw. Monnɔ sɛ tɛwtɛw, mo ase mfɛe sɛ mmoadabi!
Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ; akofena bɛtwa wo ahwe fam, na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam. Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ!
16 Woama wʼaguadifo adɔɔso, wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma, nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa na afei wotu kɔ.
Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso, wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma, nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa na afei wɔtu kɔ.
17 Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi. Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuw a wɔsensam ban ho awɔw da. Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ.
Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ. Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo a wɔsensam ban ho awɔ da. Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ.
18 Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko. Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome. Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no so a wonni anoboaboafo.
Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko. Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome. Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so a wɔnni anoboaboafoɔ.
19 Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no; wo kuru no bekum wo. Obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho, Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm no bi nkaa no da?
Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no; wo pira no mu yɛ den. Obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho, Na hwan koraa na wommɔɔ no atirimuɔden da?

< Nahum 3 >