< Nahum 2 >

1 Ɔtamfo reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɔkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano!
Protiv tebe dolazi rušitelj. Postavi stražu na bedeme, gledaj na put, opaši bedra, saberi sve svoje snage.
2 Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama no te sɛ Israel de no, ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpan na wɔasɛe ne bobe mfuw.
Da, Jahve će obnoviti vinograd Jakovljev i vinograd Izraelov. Pljačkaši ih opljačkali, mladice im potrli.
3 Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ; akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade. Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no; mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.
Štitovi njegovih junaka crvene se, njegovi su ratnici u grimizu; ognjem blista čelik na njihovim bojnim kolima kad krenu u boj; konji im se propinju.
4 Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so, na wodi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.
Po ulicama bjesne bojna kola, lete preko trgova; na pogled su baklje goruće; kao munje, samo sijevaju.
5 Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu, nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho; na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.
Pozivaju se borci odabrani, bacaju se u rovove, hrle brzo na bedeme, već je zaklon postavljen.
6 Wobuebue asubɔnten apon no, na ahemfi no dwiriw gu fam.
Vrata koja gledaju na Rijeku otvaraju se, strava je u palači.
7 Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma.
Podižu, u izgnanstvo odvode Gospodaricu, robinjice njene cvile, tuguju kao golubice, u prsa se udaraju.
8 Ninewe te sɛ ɔtare a mu nsu resen kɔ. Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!” Nanso, obiara ansan nʼakyi.
Niniva je nabujalo jezero, oni bježe pred vodom njezinom. “Zaustavite se, stanite!” Ali se nitko ne okreće.
9 Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa! Na ahonyade no dɔɔso.
“Grabite srebro! Grabite zlato!” Blagu kraja nema, obilje dragocjenosti!
10 Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa! Koma botow, na nkotodwe wosowosow, nnipa ho popo na wɔn anim hoa.
Pljačkanje, haranje, razaranje! Srce zamire, koljena klecaju, u bedrima drhtavica, svima su lica poblijedjela.
11 Mprempren he na gyata buw no wɔ, faako a wɔma wɔn mma aduan no, faako a gyatanini ne gyatabere kɔe na wɔn mma nso kɔ a wonsuro?
Gdje je skrovište lavovima i log lavićima? Kad je lav izlazio, lavica je ostajala i lavovi mališani; plašio ih nitko nije.
12 Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ hanam ama gyatabere no. Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.
Lav je grabio za svoje laviće, davio je za svoje lavice; svoje spilje punio je plijenom, svoja skrovišta lovinom.
13 “Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw na afoa bekunkum wo gyatamma. Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so. Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”
“Evo me! Tebi!” - riječ je Jahve nad Vojskama. “Pretvorit ću u dim tvoja bojna kola, mač će poklati tvoje laviće. Istrijebit ću sa zemlje tvoja pljačkanja, i neće se više čuti povik tvojih glasnika.”

< Nahum 2 >