< Mika 6 >
1 Muntie asɛm a Awurade reka: “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim; momma nkoko nte nea mowɔ ka.
Montie asɛm a Awurade reka: “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔ no anim; momma nkokoɔ nte deɛ mowɔ ka.
2 “Na afei, mmepɔw, muntie Awurade sobo; tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa. Na Awurade wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo; ɔrebɔ Israel sobo.
“Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ; tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa. Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ; ɔrebɔ Israel soboɔ.
3 “Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me!
“Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me!
4 Miyii mo fii Misraim migyee mo fii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bedii mo anim, Aaron ne Miriam nso.
Meyii mo firii Misraim megyee mo firii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bɛdii mo anim Aaron ne Miriam nso.
5 Me nkurɔfo, monkae afotu a Moabhene Balak mae ne mmuae a Beor babarima Balaam mae. Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal, na munhu Awurade akwantrenee.”
Me nkurɔfoɔ, monkae afotuo a Moabhene Balak, maeɛ ɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ. Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal, na monhunu Awurade akwantenenee.”
6 Dɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa nantwimma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?
Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa anantwie mma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa?
7 Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempem ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre, anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?
Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempem ne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ, anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti?
8 Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa. Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ? Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu, na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.
Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa. Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ? Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ, na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu.
9 Muntie! Awurade refrɛ kuropɔn no, Wo din suro yɛ nyansahu, “Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no.
Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no, Wo din suro yɛ nyansahu, “Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no.
10 Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ, ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana?
Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ, ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa?
11 Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu, ne asisi nkaribo na ɔmfa ne ho nni ana?
Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu, ne nsisie nkariboɔ na ɔmfa ne ho nni anaa?
12 Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfo no yɛ atorofo na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
13 Ɛno nti, mafi ase resɛe mo, Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo.
Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo, Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo.
14 Mubedidi, nanso moremmee; ɔkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa.
Mobɛdidi, nanso moremmee; ɛkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee, ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena.
15 Mubedua nanso morentwa. Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi, mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi.
Mobɛdua nanso morentwa. Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi. Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi.
16 Moadi Omri mmara so. Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi. Moasua wɔn nneyɛe no bi, ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so. Wɔbɛserew mo nkurɔfo; na amanaman bebu mo animtiaa.”
Moadi Omri mmara so. Moayɛ deɛ wɔyɛɛ wɔ Ahab efie. Moasua wɔn nneyɛeɛ no bi, ɛno enti mɛma ɔsɛeɛ aba mo so. Wɔbɛsere mo nkurɔfoɔ; na amanaman bɛbu mo animtia.”