< Mika 3 >

1 Afei mekae se, “Muntie, mo Yakob akannifo, mo a mudi Israelfi so. Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee,
ואמר שמעו נא ראשי יעקב וקציני בית ישראל הלוא לכם לדעת את המשפט
2 Mo a mukyi nea eye na modɔ bɔne moworɔw me nkurɔfo were na motetew nam no fi wɔn nnompe ho;
שנאי טוב ואהבי רעה (רע) גזלי עורם מעליהם ושארם מעל עצמותם
3 mowe me nkurɔfo nam, mowae wɔn were, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; mutwitwa wɔn sɛ nam a mode regu kutu mu.”
ואשר אכלו שאר עמי ועורם מעליהם הפשיטו ואת עצמתיהם פצחו ופרשו כאשר בסיר וכבשר בתוך קלחת
4 Afei wobesu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa bere no ɔde nʼanim besie wɔn, bɔne a wɔayɛ nti.
אז יזעקו אל יהוה ולא יענה אותם ויסתר פניו מהם בעת ההיא כאשר הרעו מעלליהם
5 Nea Awurade se ni: “Adiyifo a wɔdaadaa me nkurɔfo no de, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoe nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifo no siesie wɔn ho sɛ wobetu wɔn so sa.
כה אמר יהוה על הנביאים המתעים את עמי--הנשכים בשניהם וקראו שלום ואשר לא יתן על פיהם וקדשו עליו מלחמה
6 Enti ade bɛsa mo a morennya adaeso, sum beduru mo a morennya ahintasɛm biara. Owia bɛtɔ ama adiyifo no, na adekyee bɛdan sum ama wɔn.
לכן לילה לכם מחזון וחשכה לכם מקסם ובאה השמש על הנביאים וקדר עליהם היום
7 Adehufo ani bewu na wobegu asamanfrɛfo anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, efisɛ mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ mma.”
ובשו החזים וחפרו הקסמים ועטו על שפם כלם כי אין מענה אלהים
8 Nanso me de, tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma trenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumɔyɛ ne Israel bɔne.
ואולם אנכי מלאתי כח את רוח יהוה ומשפט וגבורה--להגיד ליעקב פשעו ולישראל חטאתו
9 Muntie, mo Yakobfi akannifo, mo a mudi Israel so, a mukyi atɛntrenee na mokyea nea ɛteɛ nyinaa;
שמעו נא זאת ראשי בית יעקב וקציני בית ישראל--המתעבים משפט ואת כל הישרה יעקשו
10 Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.
בנה ציון בדמים וירושלם בעולה
11 Nʼakannifo no gye adanmude ansa na wobu atɛn, nʼasɔfo gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifo de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka se, “Awurade nni yɛn ntam ana? Ɔhaw biara remma yɛn so.”
ראשיה בשחד ישפטו וכהניה במחיר יורו ונביאיה בכסף יקסמו ועל יהוה ישענו לאמר הלוא יהוה בקרבנו לא תבוא עלינו רעה
12 Na mo nti, wobefuntum Sion te sɛ afuw, Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw, na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ.
לכן בגללכם ציון שדה תחרש וירושלם עיין תהיה והר הבית לבמות יער

< Mika 3 >