< Mateo 1 >
1 Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:
Գիրք ազգաբանութեան Յիսուս Քրիստոսի՝ Դաւթի որդու, Աբրահամի որդու:
2 Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.
Աբրահամը ծնեց Իսահակին. Իսահակը՝ Յակոբին. Յակոբը ծնեց Յուդային եւ նրա եղբայրներին.
3 Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn na ne Tamar. Peres ba ne Hesron na Hesron nso ba ne Ram.
Յուդան ծնեց Փարեսին եւ Զարային՝ Թամարից. Փարեսը ծնեց Եզրոնին. Եզրոնը ծնեց Արամին.
4 Ram woo Aminadab, Aminadab woo Nahson, Nahson nso woo Salmon.
Արամը ծնեց Ամինադաբին. Ամինադաբը ծնեց Նաասոնին. Նաասոնը ծնեց Սաղմոնին.
5 Salmon ne ne yere Rahab woo Boas, Boas ne ne yere Rut woo Obed, Obed nso woo Yisai.
Սաղմոնը ծնեց Բոոսին՝ Ռաքաբից. Բոոսը ծնեց Օբէդին՝ Հռութից. Օբէդը ծնեց Յեսսէին.
6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.
Յեսսէն ծնեց Դաւիթ արքային: Դաւիթը ծնեց Սողոմոնին՝ Ուրիայի կնոջից.
7 Salomo woo Rehoboam, Rehoboam woo Abia, Abia woo Asa.
Սողոմոնը՝ Րոբովամին.
8 Asa woo Yehosafat, Yehosafat woo Yoram, Yoram nso woo Usia
Րոբովամը ծնեց Աբիային. Աբիան ծնեց Ասափին. Ասափը ծնեց Յոսափատին. Յոսափատը ծնեց Յորամին. Յորամը ծնեց Օզիային.
9 Usia ba ne Yotam, Yotam ba ne Ahas: Ahas ba ne Hiskia.
Օզիան ծնեց Յովաթամին. Յովաթամը ծնեց Աքազին. Աքազը ծնեց Եզեկիային.
10 Hiskia ba ne Manase, Manase ba ne Amon, Amon nso ba ne Yosia.
Եզեկիան ծնեց Մանասէին. Մանասէն ծնեց Ամոսին.
11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no.
Ամոսը ծնեց Յոսիային. Յոսիան ծնեց Յեքոնիային եւ նրա եղբայրներին՝ Բաբելոնում գերութեան ժամանակ:
12 Wɔn a wofi Babilon nnommum mu bae no akyi awo ntoatoaso ni: Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel.
Բաբելոնում գերութիւնից յետոյ Յեքոնիան ծնեց Սաղաթիէլին.
13 Serubabel woo Abihud, Abihud woo Eliakim, Eliakim nso woo Asor.
Սաղաթիէլը ծնեց Զորոբաբէլին. Զորոբաբէլը ծնեց Աբիուդին. Աբիուդը ծնեց Եղիակիմին.
14 Asor ba ne Sadok, Sadok ba ne Akim, Akim ba ne Elihud.
Եղիակիմը ծնեց Ազորին. Ազորը ծնեց Սադոկին. Սադոկը ծնեց Աքինին. Աքինը ծնեց Եղիուդին.
15 Elihud ba ne Eleasar, Eleasar ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob,
Եղիուդը ծնեց Եղիազարին. Եղիազարը ծնեց Մատթանին.
16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.
Մատթանը ծնեց Յակոբին. Յակոբը ծնեց Յովսէփին՝ Մարիամի մարդուն, որի նշանածն էր կոյս Մարիամը, որից ծնուեց Յիսուս, որ անուանուեց Քրիստոս:
17 Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi Ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.
Արդ, Աբրահամից մինչեւ Դաւիթը բոլոր սերունդները՝ տասնչորս սերունդ. եւ Դաւթից մինչեւ Բաբելոնի մէջ գերութիւնը՝ տասնչորս սերունդ. Բաբելոնի մէջ գերութիւնից մինչեւ Քրիստոս՝ տասնչորս սերունդ:
18 Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron.
Յիսուս Քրիստոսի ծնունդը այսպէս եղաւ. նրա մայրը՝ Մարիամը, որ Յովսէփի նշանածն էր, նախքան նրանց՝ իրար մօտենալը, Սուրբ Հոգուց յղիացած գտնուեց:
19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ sɛ obegu Maria anim ase nti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ obegyaa no aware wɔ kokoa mu.
Եւ Յովսէփը՝ նրա մարդը, քանի որ արդար էր եւ չէր կամենում նրան խայտառակել, մտածեց առանց աղմուկի արձակել նրան:
20 Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae se, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria sɛ wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron.
Եւ մինչ նա այս բանի մասին էր մտածում, ահա Տիրոջ հրեշտակը երազի մէջ երեւաց նրան եւ ասաց. «Յովսէ՛փ, Դաւթի՛ որդի, մի՛ վախեցիր քեզ մօտ առնելու Մարիամին՝ քո կնոջը, որովհետեւ նրա մէջ ծնուածը Սուրբ Հոգուց է:
21 Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu.”
Նա մի որդի պիտի ծնի, եւ նրա անունը Յիսուս պիտի դնես, քանի որ նա պիտի փրկի իր ժողովրդին՝ իր մեղքերից»:
22 Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea Awurade nam odiyifo no so kae no ma se:
Սակայն այս ամէնը եղաւ, որպէսզի կատարուի, ինչ որ Տիրոջ կողմից ասուել էր Եսայի մարգարէի բերանով.
23 “Ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no din Immanuel” a ase ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”
«Ահա կոյսը պիտի յղիանայ եւ մի որդի պիտի ծնի, եւ նրան պիտի կոչեն Էմմանուէլ, որ նշանակում է Աստուած մեզ հետ»:
24 Bere a Yosef nyan no, ɔyɛɛ sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fi ma ɔbɛyɛɛ ne yere.
Եւ Յովսէփը քնից արթնանալով՝ արեց, ինչպէս հրամայել էր իրեն Տիրոջ հրեշտակը, եւ իր կնոջն առաւ իր մօտ:
25 Nanso Yosef ne Maria anhyia da kosii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”
Բայց նրա հետ չյարաբերուեց, մինչեւ Մարիամը ծնեց իր անդրանիկ որդուն եւ նրա անունը դրեց Յիսուս: