< Mateo 9 >

1 Eyi akyi no, Yesu kɔtenaa ɔkorow bi mu kɔɔ Kapernaum, kurow a ɔte mu no mu.
Und er trat in das Schiff, fuhr hinüber und kam in seine Stadt.
2 Oduu hɔ no, ankyɛ biara na nnipa bi de obubuafo bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Na Yesu huu gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”
Und siehe, da brachten sie zu ihm einen Gelähmten, der auf einem Bette lag. Und als Jesus ihren Glauben sah, sprach er zu dem Gelähmten: Sei getrost, mein Sohn, deine Sünden sind dir vergeben!
3 Ɛhɔ ara na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ hɔ no bi teɛɛ mu se, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”
Und siehe, etliche der Schriftgelehrten sprachen bei sich selbst: Dieser lästert!
4 Yesu huu nea ɛwɔ wɔn adwene mu no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na modwene bɔne wɔ mo koma mu saa?
Und da Jesus ihre Gedanken sah, sprach er: Warum denkt ihr Arges in euren Herzen?
5 Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ mede bɔne kyɛ. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka se, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka se, ‘Sɔre na nantew?’”
Was ist denn leichter zu sagen: Deine Sünden sind dir vergeben, oder zu sagen: Steh auf und wandle?
6 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ nti. Ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Sɔre na bobɔw wo kɛtɛ, na kɔ fie efisɛ masa wo yare.”
Damit ihr aber wisset, daß des Menschen Sohn Macht hat, auf Erden Sünden zu vergeben, sprach er zu dem Gelähmten: Steh auf, nimm dein Bett und geh heim!
7 Amono mu hɔ ara, obubuafo no sɔre bobɔw ne kɛtɛ, sii mu kɔɔ ne fi!
Und er stand auf und ging heim.
8 Nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa.
Als aber die Volksmenge das sah, verwunderte sie sich und pries Gott, der solche Macht den Menschen gegeben.
9 Yesu fi nea ɔsaa obubuafo no yare hɔ rekɔ no, ohuu ɔbarima towgyeni bi a ɔte atowgyei. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu huu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.
Und als Jesus von da weiter ging, sah er einen Menschen an der Zollstätte sitzen, der hieß Matthäus; und er spricht zu ihm: Folge mir nach! Und er stand auf und folgte ihm nach.
10 Ɛbae sɛ Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ Mateo fi kodidii. Wɔredidi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafo no too nsa didii.
Und es begab sich, als er in dem Hause zu Tische saß, siehe, da kamen viele Zöllner und Sünder und saßen mit Jesus und seinen Jüngern zu Tische.
11 Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfo a wɔte sɛɛ yi?”
Und als die Pharisäer es sahen, sprachen sie zu seinen Jüngern: Warum ißt euer Meister mit den Zöllnern und Sündern?
12 Yesu tee no, obuaa wɔn se, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn.”
Er aber, als er es hörte, sprach zu ihnen: Die Starken bedürfen des Arztes nicht, sondern die Kranken.
13 Ɔsan kaa bio se, “Monkɔhwehwɛ eyi ase wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ mo afɔre ne ayɛyɛde na mepɛ, na mmom ahummɔbɔ.’ Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”
Gehet aber hin und lernet, was das sei: «Ich will Barmherzigkeit und nicht Opfer.» Denn ich bin nicht gekommen, Gerechte zu berufen, sondern Sünder.
14 Da bi Osuboni Yohane asuafo baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni mmuada, sɛnea yɛne Farisifo di mmuada no?”
Da kamen die Jünger des Johannes zu ihm und sprachen: Warum fasten wir und die Pharisäer, deine Jünger aber fasten nicht?
15 Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how, na wobua da ana? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.
Und Jesus sprach zu ihnen: Können die Hochzeitleute trauern, solange der Bräutigam bei ihnen ist? Es werden aber Tage kommen, wo der Bräutigam von ihnen genommen sein wird, und dann werden sie fasten.
16 “Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besunsuan dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ.
Niemand aber setzt einen Lappen von ungewalktem Tuch auf ein altes Kleid, denn der Lappen reißt von dem Kleide ab, und der Riß wird ärger.
17 Hena na ɔde nsa foforo begu aboa nhoma nsa nkotoku dedaw mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsa no bɛpae nkotoku no ama nsa no ahwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Nsa nkotoku foforomu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu na amma nkotoku no ne nsa no mu biara ansɛe.”
Man faßt auch nicht neuen Wein in alte Schläuche, sonst zerreißen die Schläuche und der Wein wird verschüttet und die Schläuche kommen um; sondern man faßt neuen Wein in neue Schläuche, so bleiben beide miteinander erhalten.
18 Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.”
Und da er solches mit ihnen redete, siehe, da kam ein Vorsteher, fiel vor ihm nieder und sprach: Meine Tochter ist eben gestorben; aber komm und lege deine Hand auf sie, so wird sie leben!
19 Yesu ne nʼasuafo no ne ɔpanyin no sii mu sɛ wɔrekɔ ɔpanyin no fi.
Und Jesus stand auf und folgte ihm samt seinen Jüngern.
20 Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa nʼakyi, soo nʼatade ano.
Und siehe, eine Frau, die zwölf Jahre blutflüssig war, trat von hinten herzu und rührte den Saum seines Kleides an.
21 Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”
Denn sie sagte bei sich selbst: Wenn ich nur sein Kleid anrühre, so bin ich gerettet!
22 Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo.” Efi saa bere no mu no, ne ho tɔɔ no.
Jesus aber wandte sich um, sah sie und sprach: Sei getrost, meine Tochter, dein Glaube hat dir geholfen! Und das Weib war gerettet von jener Stunde an.
23 Yesu duu ɔpanyin no fi hɔ a ohuu sɛ nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,
Als nun Jesus in das Haus des Obersten kam und die Pfeifer und das Getümmel sah,
24 ɔkae se, “Obiara mfi adi. Ababaa no nwui. Wada!” Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no.
sprach er zu ihnen: Entfernet euch! Denn das Mägdlein ist nicht gestorben, sondern es schläft. Und sie verlachten ihn.
25 Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee.
Als aber das Volk hinausgetrieben war, ging er hinein und faßte sie bei der Hand; und das Mägdlein stand auf.
26 Saa anwonwade a Yesu yɛe yi trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
Und das Gerücht hiervon verbreitete sich in jener ganzen Gegend.
27 Yesu fi nea onyan ababaa no hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛ mu se, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
Und als Jesus von dort weiterging, folgten ihm zwei Blinde nach, die schrieen und sprachen: Du Sohn Davids, erbarme dich unser!
28 Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, “Mugye di sɛ metumi ama moahu ade?” Wobuaa no se, “Yiw, Awurade, yegye di!”
Als er nun ins Haus kam, traten die Blinden zu ihm. Und Jesus fragte sie: Glaubt ihr, daß ich solches tun kann? Sie sprachen zu ihm: Ja, Herr!
29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, “Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!”
Da rührte er ihre Augen an und sprach: Euch geschehe nach eurem Glauben!
30 Amono mu hɔ ara na wɔn ani buebuei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.”
Und ihre Augen wurden geöffnet. Und Jesus drohte ihnen ernstlich und sprach: Sehet zu, daß es niemand erfahre!
31 Nanso nnipa no fii hɔ pɛ na wɔbɔɔ asɛm no dawuru.
Sie aber gingen hinaus und machten ihn in jener ganzen Gegend bekannt.
32 Yesu ne nʼasuafo refi adi no, wɔde mum bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no.
Als sie aber hinausgingen, siehe, da brachte man einen Menschen zu ihm, der stumm und besessen war.
33 Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mum no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, “Yenhuu saa anwonwade yi bi da wɔ Israelman mu ha!”
Und nachdem der Dämon ausgetrieben war, redete der Stumme. Und das Volk verwunderte sich und sprach: Solches ist noch nie in Israel gesehen worden!
34 Farisifo no de, wɔkae se, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma nti na otumi tu ahonhommɔne no.”
Die Pharisäer aber sagten: Durch den Obersten der Dämonen treibt er die Dämonen aus!
35 Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔkaa asɛmpa no saa nyarewa ahorow bebree.
UND Jesus durchzog alle Städte und Dörfer, lehrte in ihren Synagogen, predigte das Evangelium von dem Reich und heilte jede Krankheit und jedes Gebrechen.
36 Bere a Yesu huu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ ohuu sɛ ɔhaw ahorow gu wɔn so a, wonhu nea wɔnyɛ ne nea wɔmfa a wobenya mmoa nso. Wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.
Als er aber die Volksscharen sah, jammerten sie ihn, weil sie beraubt und vernachlässigt waren wie Schafe, die keinen Hirten haben.
37 Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua.
Da sprach er zu seinen Jüngern: Die Ernte ist groß, aber der Arbeiter sind wenige.
38 Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.”
Darum bittet den Herrn der Ernte, daß er Arbeiter in seine Ernte aussende!

< Mateo 9 >