< Mateo 8 >

1 Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi.
And when he was come down from the mountain, great multitudes followed him.
2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”
And behold, there came to him a leper and worshipped him, saying, Lord, if thou wilt, thou canst make me clean.
3 Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, “Mɛsa wo yare. Wo ho mfi!” Amono mu hɔ ara, kwata no fii ne ho.
And he stretched forth his hand, and touched him, saying, I will; be thou made clean. And straightway his leprosy was cleansed.
4 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansede no.”
And Jesus saith unto him, See thou tell no man; but go, show thyself to the priest, and offer the gift that Moses commanded, for a testimony unto them.
5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se,
And when he was entered into Capernaum, there came unto him a centurion, beseeching him,
6 “Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.”
and saying, Lord, my servant lieth in the house sick of the palsy, grievously tormented.
7 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Mɛba abɛsa no yare.”
And he saith unto him, I will come and heal him.
8 Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den.
And the centurion answered and said, Lord, I am not worthy that thou shouldest come under my roof; but only say the word, and my servant shall be healed.
9 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no.”
For I also am a man under authority, having under myself soldiers: and I say to this one, Go, and he goeth; and to another, Come, and he cometh; and to my servant, Do this, and he doeth it.
10 Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da.
And when Jesus heard it, he marvelled, and said to them that followed, Verily I say unto you, I have not found so great faith, no, not in Israel.
11 Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro Ahenni no mu.
And I say unto you, that many shall come from the east and the west, and shall sit down with Abraham, and Isaac, and Jacob, in the kingdom of heaven:
12 Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw.”
but the sons of the kingdom shall be cast forth into the outer darkness: there shall be the weeping and the gnashing of teeth.
13 Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, “Kɔ fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!” Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!
And Jesus said unto the centurion, Go thy way; as thou hast believed, [so] be it done unto thee. And the servant was healed in that hour.
14 Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii akyere Petro asebea ma ɔda hɔ.
And when Jesus was come into Peter’s house, he saw his wife’s mother lying sick of a fever.
15 Yesu soo ne nsa mu maa atiridii no tu fii no so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.
And he touched her hand, and the fever left her; and she arose, and ministered unto him.
16 Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn.
And when even was come, they brought unto him many possessed with demons: and he cast out the spirits with a word, and healed all that were sick:
17 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se, “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.
that it might be fulfilled which was spoken through Isaiah the prophet, saying, Himself took our infirmities, and bare our diseases.
18 Yesu huu sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wontwa ɔtare no nkɔ nʼagya nohɔ.
Now when Jesus saw great multitudes about him, he gave commandment to depart unto the other side.
19 Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!”
And there came a scribe, and said unto him, Teacher, I will follow thee whithersoever thou goest.
20 Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”
And Jesus saith unto him, The foxes have holes, and the birds of the heaven [have] nests; but the Son of man hath not where to lay his head.
21 Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi.”
And another of the disciples said unto him, Lord, suffer me first to go and bury my father.
22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo.”
But Jesus saith unto him, Follow me; and leave the dead to bury their own dead.
23 Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi.
And when he was entered into a boat, his disciples followed him.
24 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada.
And behold, there arose a great tempest in the sea, insomuch that the boat was covered with the waves: but he was asleep.
25 Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”
And they came to him, and awoke him, saying, Save, Lord; we perish.
26 Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
And he saith unto them, Why are ye fearful, O ye of little faith? Then he arose, and rebuked the winds and the sea; and there was a great calm.
27 Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
And the men marvelled, saying, What manner of man is this, that even the winds and the sea obey him?
28 Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.
And when he was come to the other side into the country of the Gadarenes, there met him two possessed with demons, coming forth out of the tombs, exceeding fierce, so that no man could pass by that way.
29 Wohuu no pɛ, wofii ase teɛteɛɛ mu se, “Onyankopɔn Ba, dɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayade wɔ bere a mmere no nsoe ana?”
And behold, they cried out, saying, What have we to do with thee, thou Son of God? art thou come hither to torment us before the time?
30 Saa bere koro no ara mu, na mprakokuw bi redidi wɔ nkyɛn baabi.
Now there was afar off from them a herd of many swine feeding.
31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Sɛ wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuw yi mu.”
And the demons besought him, saying, If thou cast us out, send us away into the herd of swine.
32 Yesu teɛɛ wɔn se, “Mumfi!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.
And he said unto them, Go. And they came out, and went into the swine: and behold, the whole herd rushed down the steep into the sea, and perished in the waters.
33 Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo.
And they that fed them fled, and went away into the city, and told everything, and what was befallen to them that were possessed with demons.
34 Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu wɔ hɔ no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn man mu hɔ nkɔ.
And behold, all the city came out to meet Jesus: and when they saw him, they besought [him] that he would depart from their borders.

< Mateo 8 >