< Mateo 7 >

1 “Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn.
Judge not, that ye be not judged; —
2 Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
For, with what judgment ye judge, shall ye be judged, —and, with what measure ye mete, shall it be measured unto you.
3 “Adɛn na woma dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?
Why, moreover, beholdest thou the mote, in the eye of thy brother, —while, the beam in thine own eye, thou dost not consider?
4 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ bere a mpuran da wʼani so daa.
Or how wilt thou say unto thy brother, Let me cast the mote out of thine eye, —when lo! a beam, is in thine own eye?
5 Nyaatwomni! Di kan yi mpuran a ɛda wʼankasa ani so no ansa na woatumi ahu ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no yiye na woayi ama no.
Hypocrite! cast first, out of thine own eye, the beam, —and, then, shalt thou see clearly to cast the mote, out of the eye of thy brother.
6 “Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara nso na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so, na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.
Do not give what is holy unto dogs, neither cast ye your pearls before swine, —lest once they trample, them, down with their feet, and, turning, tear, you.
7 “Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.
Be asking, and it shall be given you, Be seeking, and ye shall find, —Be knocking, and it shall be opened unto you.
8 Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
For, whosoever asketh, receiveth, and, he that seeketh, findeth, —and, to him that knocketh, shall it be opened.
9 “Na hena na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo?
Or what man, from among yourselves, whom his son shall ask for a loaf, —a stone, will give him?
10 Anaasɛ obisa no nsumnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
Or, a fish also, shall ask, —a serpent, will give him?
11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no?
If then, ye, being, evil, know how, good gifts, to be giving unto your children, how much more, will, your Father who is in the heavens, give good things to them that ask, him?
12 Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
Whatsoever things, therefore, ye would, that men be doing unto you, so, be, ye also, doing, unto them, —for, this, is the law and the prophets.
13 “Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu.
Enter ye in at, the narrow gate; because broad and roomy is the way that leadeth unto destruction, —and, many, are they who enter thereby:
14 Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.
Because, narrow, is the gate, and, confined, the way, that leadeth unto life, —and, few, are they who find, it.
15 “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho.
Beware of false prophets, who come unto you in clothing of sheep, —while, within, they are ravening wolves.
16 Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi ntew bobe wɔ nsɔe so; saa ara nso na worentumi ntew borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛnse so.
By their fruits, shall ye find, them, out, —unless perhaps men gather—from thorns, grapes! or, from thistles, figs!
17 Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne.
So, every good tree, fine fruit, produceth, —whereas, the worthless tree, evil fruit, produceth:
18 Dua pa ntumi nsow aba bɔne; saa ara nso na dua bɔne ntumi nsow aba pa.
It is, impossible, for a, good tree, to be bearing, evil fruit, neither doth, a worthless tree, produce, fine fruit.
19 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu hyew no.
Every tree that beareth not fine fruit, is hewn down, and, into fire, is cast.
20 Onipa nneyɛe na ɛma wohu ne suban.
After all then, by their fruits, shall ye find, them, out.
21 “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.
Not every one that saith unto me, Lord! Lord! shall enter into the kingdom of the heavens, —but he that doeth the will of my Father who is in the heavens.
22 Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’
Many, will say unto me, in, that, day, Lord! Lord! did we not, in thy name, prophesy, and, in thy name, cast, demons, out, —and, in thy name, many works of power, perform?
23 Na mabua wɔn se, ‘Minnim mo da. Mumfi me so nkɔ, nnebɔneyɛfo!’
And, then, will I confess unto them, Never, have I acknowledged you, —Depart from me, ye workers of lawlessness!
24 “Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.
Every one, therefore, who heareth [these] my words, and doeth them, shall be likened to a prudent man, who built his house upon the rock;
25 Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so.
And the rain descended, and the streams came, and the winds blew, and rushed against that house, and it fell not; for it had been founded upon the rock.
26 Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no te sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii nwea so.
And every one who heareth these my words, and doeth them not, shall be likened unto a foolish man, who built his house upon the sand;
27 Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no. Na edwiriw guu fam, bubuu pasaa.”
And the rain descended, and the streams came, and the winds blew, and dashed against that house, and it fell; and, the fall thereof, was, great.
28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn,
And it came to pass, when Jesus ended these words, with astonishment were the multitudes being struck at his teaching;
29 efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ te sɛ obi a okura tumi, na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.
for he was teaching them as one having, authority, and not as their Scribes.

< Mateo 7 >