< Mateo 3 >
1 Bere a Yesu ne nʼawofo wɔ Nasaret no, Osuboni Yohane bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so se,
W tych dniach przyszedł Jan Chrzciciel, głosząc na pustyni judzkiej:
2 “Monsakra mo adwene; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn”
Pokutujcie, bo przybliżyło się królestwo niebieskie.
3 Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se, “Obi nne reteɛ mu wɔ sare so se, ‘Mommɔ kwan mma Awurade; momma nʼatempɔn nteɛ!’”
To bowiem jest ten, o którym powiedziano przez proroka Izajasza: Głos wołającego na pustyni: Przygotujcie drogę Pana, prostujcie jego ścieżki.
4 Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama bɔ aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.
A ów Jan miał ubranie z sierści wielbłądziej i pas skórzany wokół bioder, a jego pokarmem była szarańcza i miód leśny.
5 Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ sare no so hɔ kotiee asɛm no bi.
Wtedy przychodziła do niego Jerozolima oraz cała Judea i cała okolica nad Jordanem.
6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
I byli przez niego chrzczeni w Jordanie, wyznając swoje grzechy.
7 Yohane huu sɛ Farisifo ne Sadukifo pii reba ne nkyɛn ma wabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awɔ mma! Hena na ɔka kyerɛɛ mo se munguan mfi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no ano?
A gdy zobaczył wielu spośród faryzeuszy i saduceuszy przychodzących do chrztu, powiedział im: Plemię żmijowe, któż was ostrzegł, żebyście uciekali przed nadchodzącym gniewem?
8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa.
Wydajcie więc owoce godne pokuty;
9 Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.
A nie myślcie, że możecie sobie mówić: Naszym ojcem jest Abraham. Mówię wam bowiem, że Bóg może i z tych kamieni wzbudzić dzieci Abrahamowi.
10 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin so sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.
Już i siekiera do korzenia drzew jest przyłożona. Każde więc drzewo, które nie wydaje dobrego owocu, zostaje wycięte i wrzucone w ogień.
11 “Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi mʼakyi reba no de, ɔso sen me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
Ja was chrzczę wodą ku pokucie; ten zaś, który idzie za mną, jest mocniejszy ode mnie; nie jestem godny nosić mu obuwia. On będzie was chrzcił Duchem Świętym i ogniem.
12 Obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie, na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no pasaa.”
[Ma] swoje wiejadło w ręku i wyczyści swoje klepisko, i zgromadzi swoją pszenicę do spichlerza, a plewy spali w ogniu nieugaszonym.
13 Yesu tee Osuboni Yohane nka no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu.
Wtedy Jezus przyszedł z Galilei nad Jordan do Jana, aby być przez niego ochrzczonym.
14 Yohane huu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu nti ɔkae se, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu na ɛnyɛ me.”
Ale Jan powstrzymywał go, mówiąc: Ja potrzebuję być ochrzczonym przez ciebie, a ty przychodzisz do mnie?
15 Yesu nso ka kyerɛɛ no se, “Otwa ara na etwa sɛ wobɔ me asu sɛnea ɛbɛyɛ a nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkae no nti, Yohane bɔɔ no asu.
A Jezus mu odpowiedział: Ustąp teraz, bo godzi się nam wypełnić wszelką sprawiedliwość. Wtedy mu ustąpił.
16 Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii asu no mu, na hwɛ, ɔsoro buei. Ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian ba ne so sɛ aborɔnoma.
A gdy Jezus został ochrzczony, zaraz wyszedł z wody, a oto otworzyły mu się niebiosa i ujrzał Ducha Bożego zstępującego jak gołębica i przychodzącego na niego.
17 Ɛhɔ ara, nne bi fi ɔsoro kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani.”
I rozległ się głos z nieba: To jest mój umiłowany Syn, w którym mam upodobanie.