< Mateo 27 >
1 Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔakum Yesu.
清晨时分,所有的祭司长和民间长老都聚集在一起,商议怎样治死耶稣。
2 Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.
他们把他绑起来,押去交给总督彼拉多。
3 Saa bere no ara mu na Yuda a oyii Yesu mae no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se,
此刻,出卖耶稣的犹大见耶被稣定了罪,就后悔了,把那三十块银子还给祭司长和长老,说:
4 “Mayɛ bɔne, efisɛ mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara no ama.” Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Ɛyɛ wo ara wʼasɛm.”
“我有罪了!我出卖了无辜之人的血!”他们说:“这是你的问题,跟我们有什么关系?”
5 Ɔtow sika no guu asɔredan no mu, fii hɔ kɔsɛn ne ho.
犹大把银子丢进神庙,然后跑到一个地方吊死了。
6 Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.”
祭司长把银子拾起来,说:“这是带血的钱币,不可放在殿库里。”
7 Wodwinnwen ho sii gyinae se, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu dɔte wɔ mu de nwen nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no.
他们商议之后,就用那些钱买了陶匠的田地,用作异教徒的坟地。
8 Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya Asase” de besi nnɛ yi.
那块田地被称为“血田。”
9 Eyi maa nea Odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee dwetɛ mpɔw aduasa, bo a Israelfo sese huu sɛ ɛfata,
这应验了耶利米先知所说:“他们拿了三十个银币,这就以色列人给他估算的价钱,
10 na wofii mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn, sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
他们用这三十个银币买下陶匠的田,正如主所传来的指示。”
11 Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Hene no ana?” Yesu buae se, “Wo na woaka.”
耶稣站在总督面前,总督问他:“你是犹太人的王吗?”耶稣回答:“这是你说的。”
12 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa.
祭司长和长老控告他的时候,他却不回答。
13 Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no ana?”
彼拉多又问他:“他们作证指控你那么多事,你没有听见吗?”
14 Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa.
耶稣一句话也不回答他,令总督非常诧异。
15 Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara Twam Afahyɛ mu no, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no.
每逢这时候,总督都会一个惯例,让民众根据自己的意愿,决定释放一名囚犯。
16 Saa afe no mu, na onipa bɔnefo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase.
这时监狱中有个声名狼藉的囚犯,名叫巴拉巴。
17 Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”
民众聚集的时候,彼拉多问他们:“你们要我释放谁?巴拉巴或是称为基督的耶稣呢?”
18 Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu efisɛ na wagye din.
(他知道他们是因为嫉妒才把耶稣交上来。)
19 Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi efisɛ anadwo yi, mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.”
彼拉多坐在审判台上的时候,他的妻子派人来说:“你们不要对这无辜之人做任何事,因为今天我因为梦到他而受了很多的苦。”
20 Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu.
祭司长和长老怂恿民众,叫他们去要求释放巴拉巴,将耶稣处死。
21 Enti amrado no san bisaa wɔn se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?” Na dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!”
总督问他们:“这两个人,你们要我释放哪一个?”他们说:“巴拉巴!”
22 Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛno de, dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu!”
彼拉多对他们说:“那么,我怎样处置那被称为弥赛亚的耶稣呢?”他们齐声说:“把他钉上十字架!”
23 Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara se, “Bɔ no asennua mu!”
彼拉多说:“为什么呢?他做了什么恶事呢?”众人更加大声喊叫:“把他钉上十字架!”
24 Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
彼拉多见局势已定,民众正在酝酿骚动,就拿起水在民众面前洗手,说:“让此人流血与我无关,这是你们的决定。”
25 Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma ti so.”
民众回答:“让他流血的责任,归在我们和我们子孙的身上吧。”
26 Afei Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔbɔ no asennua mu.
于是彼拉多释放了巴拉巴,鞭打了耶稣鞭,再把他送去钉上十字架。
27 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo dɔm baa hɔ.
总督的士兵把耶稣带到军营,召集全队士兵来到他面前。
28 Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no,
他们脱去他的衣服,给他披上朱红色的外袍,
29 na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.”
又用荆棘编成冠冕,戴在他的头上,把一根芦苇放在他的右手,跪在他面前戏弄他说:“犹太人之王万岁!”
30 Wɔtetee ntasu guu ne so na wogyee dua no fii ne nsam de paa nʼapampam ntoatoaso.
随后士兵向他吐唾沫,又拿起芦苇抽他的头。
31 Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de nʼankasa atade no san hyɛɛ no. Afei wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.
戏弄完耶稣后,他们脱下他的外袍,给他穿回自己的衣服,带去钉十字架。
32 Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennua mu hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi.
他们出来的时候,遇见一个名叫西门的古利奈人,于是强迫他背上耶稣的十字架。
33 Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ne nkyerɛase ne “Nitiri So.”
一行人来到一个名叫各各他的地方,意为“髑髅地”,
34 Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom.
把苦胆调和的酒给他喝,他尝了一口但没有喝。
35 Afei wɔbɔɔ no asennua mu no, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto kyekyɛ fae.
士兵把他钉上十字架,然后掷骰子分他的衣物。
36 Wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛn no.
随后坐在那里看守他。
37 Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se, “YESU, YUDAFO HENE NO NI.”
他们在耶稣头的上方钉了一块牌子,写着他的罪状:“这是犹太人的王——耶稣。”
38 Wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so na ɔbaako nso dɛn ne benkum so.
同时钉上十字架的还有两个强盗,一个在右,一个在左。
39 Nnipa a wotwaa mu wɔ hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, yeyaw no
路过的人嘲笑他,摇着头说:
40 se, “Wo na wuse sɛ wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛno de sian fi asennua no so si fam ma yɛnhwɛ!”
“你不是承诺拆毁神庙,然后在三日之内将其再建吗?救救自己吧!如果你是上帝的儿子,那就从十字架下来吧!”
41 Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bedii ne ho fɛw se,
祭司长、宗教老师和长老也同样讥笑他,说:
42 “Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni.
“他救了别人,却不能救自己。如果他是以色列的王,现在从十字架走下来,我们就信他。
43 Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei ma Onyankopɔn nnye no! Waka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’”
他如此笃定地信上帝。如果上帝想要他活着,就让上帝现在救他吧,因为他说自己是上帝的儿子。”
44 Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennua mu no nso yeyaw no saa ara.
和他一同钉十字架的强盗也都这样侮辱他。
45 Bere a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa.
从正午到下午三点钟,黑暗开始笼罩世界。
46 Ɛbɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛ mu dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”
大约三点钟,耶稣大声呼叫:“以利,以利,拉马,撒巴各大尼?”(意思是“我的上帝,我的上帝,你为什么离弃我?”)
47 Wɔn a wogyina hɔ no bi tee no wɔkae se, “Ɔrefrɛ Elia.”
站在那里的几个人听见了就说:“这个人在呼叫以利亚呢。”
48 Mpofirim, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom.
有一个人马上跑去拿海绵蘸满了酸酒,用芦苇递给他喝。
49 Nanso nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no ana.”
但其他的人说:“别管他,我们看看以利亚来不来救他。”
50 Na Yesu teɛɛ mu dennen bio no, ogyaa ne honhom mu wui.
耶稣再次大声呼叫,然后就吐出了最后一口气。
51 Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan paapaee.
忽然,神庙里的幔子从上到下裂成两半,地动山摇,石头崩裂,
52 Nna so buebue maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee.
坟墓裂开,许多生前做善事的死人也复活了。
53 Yesu wusɔre akyi no, wopuepue fii wɔn nna mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
待到耶稣复活之后,他们从坟墓中走出,进入圣城,在众人面前显化。
54 Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii wɔ hɔ no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
百夫长和一起看守耶稣的士兵们,看见地震和所发生的事情,十分惧怕,说:“这个人真是上帝之子。”
55 Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti, wodii nʼakyi fii Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so.
有许多妇女在远远观看,她们从加利利开始就跟随耶稣并侍奉他。
56 Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef na. Na Sebedeo mmabarima no na nso ka ho.
她们中间有抹大拉的玛利亚、雅各和约西的母亲玛利亚、以及西庇太儿子的母亲。
57 Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no,
到了晚上,有一个来自亚利马太的富人前来,他名叫约瑟,是耶稣的门徒。
58 kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛ ma wɔde Yesu amu no maa no.
这个人去见彼拉多,请求认领耶稣的身体,彼拉多同意了。
59 Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho,
约瑟领了耶稣的身体,用干净的细麻布裹好,
60 na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ.
放在他从岩石上为自己新凿出来的坟墓里,然后滚来一块大石头挡住墓门,随后才离开。
61 Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.
抹大拉的玛利亚和另一位叫做玛利亚的女人都在那里,对着坟墓坐着。
62 Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn,
第二天,即过了“预备日”的那一天,祭司长和法利赛人去见彼拉多,说:
63 kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kaa bere bi se, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’
“大人,我们想起那个骗子,生前说过:‘三天之后,我要复活。’
64 Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔwɛn da no ano nkosi nnansa, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no ntwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a anka akyiri no nnaadaa bɛsen kan de no.”
请你下令把坟墓严密看守,直到第三天,免得他的门徒把他偷去,然后骗民众说:‘他从死人中复活了。’这会导致日后出现比之前更大的骗局。”
65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.”
彼拉多对他们说:“你们带着卫兵,尽可能严密看守吧。”
66 Enti wɔkɔtetaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛn hɔ.
祭司长和法利赛人于是到墓前的石头封好,又派卫兵把守,严密守住坟墓。