< Mateo 25 >

1 “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmabaa du bi a wɔfaa wɔn akanea se wɔrekohyia ayeforokunu.
"Then the kingdom of heaven will be like ten virgins, who took their lamps, and went out to meet the bridegroom.
2 Na mmabaa no mu baanum yɛ anyansafo na baanum nso yɛ nkwaseafo.
Five of them were foolish, and five were wise.
3 Wɔn mu nkwaseafo no rekɔ no, wɔfaa wɔn akanea nanso wɔamfa ngo anka ho.
For the foolish, when they took their lamps, took no oil with them,
4 Nanso wɔn mu anyansafo no de, wɔrekɔ no wɔfaa ngo kaa wɔn akanea ho kɔe.
but the wise took oil in their vessels with their lamps.
5 Ayeforokunu no amma ntɛm, enti wofii ase totɔɔ nko dedae.
Now while the bridegroom delayed, they all slumbered and slept.
6 “Ɔdasu mu na wɔtee nteɛteɛmu se, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’
But at midnight there was a cry, 'Look. The bridegroom. Come out to meet him.'
7 “Mmabaa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn akanea no.
Then all those virgins arose, and trimmed their lamps.
8 Nkwaseafo no srɛɛ anyansafo no se, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn akanea no mu na ɛredunnum.’
The foolish said to the wise, 'Give us some of your oil, for our lamps are going out.'
9 “Anyansafo no ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ngo a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’
But the wise answered, saying, 'What if there is not enough for us and you? You go rather to those who sell, and buy for yourselves.'
10 “Wɔrekɔ akɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforokunu no bae. Enti wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforokunu no kɔɔ nʼaponto no ase, na wɔtoo ɔpon no mu.
While they went away to buy, the bridegroom came, and those who were ready went in with him to the marriage feast, and the door was shut.
11 “Akyiri no a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe se, ‘Owura, hiɛ yɛn!’
Afterward the other virgins also came, saying, 'Lord, Lord, open to us.'
12 “Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mumfi hɔ nkɔ. Minnim mo!’
But he answered, 'Truly I tell you, I do not know you.'
13 “Enti monwɛn na munnim da anaa dɔn ko no.
Watch therefore, for you do not know the day nor the hour.
14 “Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforo bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde nʼahode maa wɔn.
"For it is like a man, going on a journey, who called his own servants, and entrusted his goods to them.
15 Ɔmaa ɔbaako sika nkotoku anum. Ɔmaa ɔfoforo nkotoku abien na ɔfoforo, kotoku baako, sɛnea obiara ahoɔden te.
To one he gave five talents, to another two, to another one; to each according to his own ability. Then he went on his journey.
16 Nea ɔmaa no nkotoku anum no de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso nkotoku anum kaa ho.
Immediately the one who received the five talents went and traded with them, and made another five talents.
17 Saa ara na nea onyaa sika nkotoku abien no nso nyaa abien kaa ho,
In like manner he who got the two gained another two.
18 Nanso nea onyaa kotoku baako no de, okotuu fam de ne wura sika no siee hɔ.
But he who received the one went away and dug in the earth, and hid his lord's money.
19 “Mmere bi akyi na wɔn wura no fi akwantu mu bae ne wɔn bebuu akontaa.
"Now after a long time the lord of those servants came, and reconciled accounts with them.
20 Nea onyaa sika nkotoku anum no de anum kaa ho bae. Ɔkae se, ‘Me wura, womaa me sika nkotoku anum. Hwɛ, manya anum aka ho.’
And he who received the five talents came and brought another five talents, saying, 'Lord, you delivered to me five talents. See, I have gained another five talents.'
21 “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’
"His lord said to him, 'Well done, good and faithful servant. You have been faithful over a few things, I will set you over many things. Enter into the joy of your lord.'
22 “Akoa a ɔmaa no sika nkotoku abien no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Worekɔ no, womaa me sika nkotoku abien, hwɛ, manya abien aka ho.’
"And he also who had the two talents came and said, 'Lord, you delivered to me two talents. See, I have gained another two talents.'
23 “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, wo wura anigye mu!’
"His lord said to him, 'Well done, good and faithful servant. You have been faithful over a few things, I will set you over many things. Enter into the joy of your lord.'
24 “Akoa a onyaa sika kotoku baako no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a wo ho yɛ nwonwa. Wutumi twa wɔ nea wunnuae ɛ, na wutumi boaboa ano wɔ nea wompetee ɛ;
"He also who had received the one talent came and said, 'Lord, I knew you that you are a hard man, reaping where you did not sow, and gathering where you did not scatter.
25 enti misuroi, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼade ni!’
I was afraid, and went away and hid your talent in the earth. See, you have what is yours.'
26 “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Akoa bɔne ne onihawfo! So wunim sɛ mitumi twa wɔ nea minnuae, na mitumi boaboa ano wɔ nea mempetee?
"But his lord answered him, 'You wicked and slothful servant. You knew that I reap where I did not sow, and gather where I did not scatter.
27 Saa de a anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.
You ought therefore to have deposited my money with the bankers, and at my coming I should have received back my own with interest.
28 “‘Munnye sika kotoku no mfi ne nsam, na momfa nkɔma nea onyaa nkotoku du no.
Take away therefore the talent from him, and give it to him who has the ten talents.
29 Obiara a ɔwɔ no, wɔde bi bɛka ho ama no anya aboro so. Na obiara a onni no, nea ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.
For to everyone who has will be given, and he will have abundance, but from him who does not have, even that which he has will be taken away.
30 Na wɔatow saa akoa a ne so nni mfaso no akyene sum kabii mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.’”
Throw out the unprofitable servant into the outer darkness, where there will be weeping and grinding of teeth.'
31 “Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, saa bere no na ɔbɛtena nʼanuonyam ahengua no so.
"But when the Son of Man comes in his glory, and all the angels with him, then he will sit on the throne of his glory.
32 Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano wɔ nʼanim. Na ɔbɛpaw nnipa no mu sɛnea oguanhwɛfo paw nguan fi mmirekyi mu;
Before him all the nations will be gathered, and he will separate them one from another, as a shepherd separates the sheep from the goats.
33 na ɔde nguan no begyina ne nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.
He will set the sheep on his right hand, but the goats on the left.
34 “Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wogyina ne nifa so no se, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi abɔde mfiase no nni!
Then the King will tell those on his right hand, 'Come, blessed of my Father, inherit the kingdom prepared for you from the foundation of the world;
35 Ɔkɔm dee me, na momaa me aduan dii. Osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee. Meyɛɛ ɔhɔho, na mode me kɔɔ mo fi.
for I was hungry, and you gave me food to eat. I was thirsty, and you gave me drink. I was a stranger, and you took me in.
36 Medaa adagyaw na mufuraa me ntama. Meyaree, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’
I was naked, and you clothed me. I was sick, and you visited me. I was in prison, and you came to me.'
37 “Saa bere no mu na atreneefo bebisa se, ‘Owura, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a yɛmaa wo nsu nomee?
"Then the righteous will answer him, saying, 'Lord, when did we see you hungry, and feed you; or thirsty, and give you a drink?
38 Afei da bɛn na yehuu sɛ woyɛɛ ɔhɔho, a yɛde wo kɔɔ yɛn fi, anaasɛ wodaa adagyaw a, yefuraa wo ntama?
When did we see you as a stranger, and take you in; or naked, and clothe you?
39 Afei da bɛn na yehuu sɛ woyaree a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’
When did we see you sick, or in prison, and come to you?'
40 “Na Ɔhene no, bebua wɔn se, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’
"The King will answer them, 'Truly I tell you, inasmuch as you did it to one of the least of these my brothers, you did it to me.'
41 “Afei mɛka akyerɛ wɔn a wogyina me benkum so no se, ‘Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ ogyatannaa a ennum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼabɔfo no mu. (aiōnios g166)
Then he will say also to those on the left hand, 'Depart from me, you cursed, into the everlasting fire which is prepared for the devil and his angels; (aiōnios g166)
42 Na ɔkɔm dee me, moamma me aduan anni, osukɔm dee me, moamma me nsu annom.
for I was hungry, and you did not give me food to eat; I was thirsty, and you gave me no drink;
43 Meyɛɛ ɔhɔho, moamfa me ankɔ mo fi. Medaa adagyaw, moamfura me ntama. Meyaree, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’
I was a stranger, and you did not take me in; naked, and you did not clothe me; sick, and in prison, and you did not visit me.'
44 “Wɔn nso bebua no se, ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammoa wo?’
"Then they will also answer, saying, 'Lord, when did we see you hungry, or thirsty, or a stranger, or naked, or sick, or in prison, and did not help you?'
45 “Na obebua wɔn se, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’
"Then he will answer them, saying, 'Truly I tell you, inasmuch as you did not do it to one of the least of these, you did not do it to me.'
46 “Na wɔbɛkɔ asotwe a ɛto ntwa da mu, na atreneefo akɔ nkwa a enni awiei mu.” (aiōnios g166)
These will go away into everlasting punishment, but the righteous into everlasting life." (aiōnios g166)

< Mateo 25 >