< Mateo 24 >
1 Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ akɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔtwe nʼadwene kɔ adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu no so.
Leaving the Temple Courts, Jesus was walking away, when his disciples came up to draw his attention to the Temple buildings.
2 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobedwiriw saa dan yi agu pasaa!”
“Do you see all these things?” was his answer. “I tell you, not a single stone will be left here on another, which will not be thrown down,”
3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?” (aiōn )
so, while Jesus was sitting on the Mount of Olives, his disciples came up to him privately and said, “Tell us when this will be, and what will be the sign of your coming, and of the close of the age.” (aiōn )
4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ na obi annaadaa mo.
Jesus replied to them, “See that no one leads you astray;
5 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
for, many will take my name, and come saying ‘I am the Christ,’ and will lead many astray.
6 Sɛ mote sɛ wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae.
You will hear of wars and rumors of wars; take care not to be alarmed, for such things must occur; but the end is not yet here.
7 Aman bɛsɔre wɔ aman so, na ahenni asɔre wɔ ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.
For nation will rise against nation and kingdom against kingdom, and there will be famines and earthquakes in various places.
8 Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.
All this, however, will be but the beginning of the birth pangs!
9 “Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wɔ wiase afanan nyinaa,
When that time comes, they will give you up to persecution, and will put you to death, and you will be hated by all nations because of me.
10 na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatentan mo ho mo ho.
And then many will fall away, and will betray one another, and hate one another.
11 Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.
Many false prophets, also, will appear and lead many astray;
12 Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase.
and, owing to the increase of wickedness, the love of most will grow cold.
13 Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.
Yet the person who endures to the end will be saved.
14 Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba.”
This good news of the kingdom will be proclaimed throughout the world as a witness to all nations; and then will come the end.
15 “Enti sɛ muhu ‘abusude a ɛde ɔsɛe ba’ a Odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, ma nea ɔkenkan no nte ase,
As soon, then, as you see ‘the Foul Desecration,’ mentioned by the prophet Daniel, standing in the Holy place,” (the reader must consider what this means)
16 na wɔn a wɔte Yudea no nguan nkɔ Yuda mmepɔw so.
“then those of you who are in Judea must take refuge in the mountains;
17 Mma obiara a ɔwɔ ne fi dan atifi no nsian nkɔfa biribiara mfi ne fi hɔ.
and a man on the housetop must not go down to get the things that are in his house;
18 Wɔn a wɔwɔ mfuw so no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa wɔn ntama.
nor must one who is on their farm turn back to get his cloak.
19 Ɛbɛyɛ hu ama wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu!
Alas for pregnant women, and for those who are nursing infants in those days!
20 Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda.
Pray, too, that your flight may not take place in winter, nor on a Sabbath;
21 Efisɛ awerɛhowdi a ɛbɛba no, bi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na bi nso rensi da.
for that will be a time of great distress, the like of which has not occurred from the beginning of the world down to the present time – no, nor ever will again.
22 “Nokware, sɛ wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi.
Had not those days been limited, not a single soul would escape; but for the sake of God’s people a limit will be put to them.
23 Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni.
At that time, if anyone should say to you ‘Look! Here is the Christ!’ or ‘Here he is!’, do not believe it;
24 Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo.
for false Christs and false prophets will arise, and will display great signs and marvels, so that, were it possible, even God’s people would be led astray.
25 Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!
Remember, I have told you beforehand.
26 “Enti sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ sare so a,’ monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso wose, ‘Ɔde ne ho asie baabi a,’ munnnye nni!
Therefore, if people say to you ‘He is in the wilderness!’, do not go out there; or ‘He is in an inner room!’, do not believe it;
27 Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ne no.
for, just as lightning will start from the east and flash across to the west, so will it be with the coming of the Son of Man.
28 Na nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.
Wherever a dead body lies, there will the vultures flock.
29 “Saa mmere no awerɛhowdi no akyi pɛ “‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn; na nsoromma befi wim atetew ahwe, na wim abɔde behinhim.’
Immediately after the distress of those days, the sun will be darkened, the moon will not give her light, the stars will fall from the heavens, and the forces of the heavens will be convulsed.
30 “Afei Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi wɔ ɔsoro. Na asase sofo nyinaa betwa agyaadwo bere a wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba.
Then will appear the sign of the Son of Man in the heavens; and all the peoples of the earth will mourn, when they see the Son of Man coming on the clouds of the heavens, with power and great glory;
31 Na mɛsoma mʼabɔfo na wɔde torobɛnto a ano yɛ den aba abɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi ɔsoro ano akɔka asase ano.
and he will send his angels, with a great trumpet, and they will gather his people around him from the four winds, from one end of heaven to the other.
32 “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn.
“Learn the lesson taught by the fig tree. As soon as its branches are full of sap, and it is bursting into leaf, you know that summer is near.
33 Saa ara nso na sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn, adu ɔpon ano.
And so may you, as soon as you see all these things, know that he is at your doors.
34 Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
I tell you, even the present generation will not pass away, until all these things have taken place.
35 Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa.
The heavens and the earth will pass away, but my words will never pass away.
36 “Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim.
But about that day and hour, no one knows – not even the angels of heaven, not even the Son – but only the Father himself.
37 Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara pɛ.
For, just as in the days of Noah, so will it be at the coming of the Son of Man.
38 Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu,
In those days before the flood they went on eating and drinking, marrying and being married, up to the very day on which Noah entered the ark,
39 na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.
taking not notice until the flood came and swept them one and all away; and so will it be at the coming of the Son of Man.
40 Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako.
At that time, of two men on a farm one will be taken and one left;
41 Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.
of two women grinding with a hand-mill one will be taken and one left.
42 “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a Awurade bɛba.
Therefore watch; for you cannot be sure on what day your Master is coming.
43 Sɛnea sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no,
But this you do know, that, had the owner of the house known at what time of night the thief was coming, they would have been on the watch, and would not have allowed their house to be broken into.
44 saa ara na ɛsɛ sɛ musiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.
Therefore, you must also prepare, since it is just when you are least expecting him that the Son of Man will come.
45 “Hena ne ɔsomfo nokwafo nyansafo no, nea ne wura de ne fi mu asomfo ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu?
Who, then is that trustworthy, careful servant, who has been placed by their master over his household, to give them their food at the proper time?
46 Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
Happy will that servant be whom their master, when he comes home, will find doing this.
47 Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so!
I tell you that their master will put them in charge of the whole of his property.
48 Na sɛ ɔkɔyɛ ɔsomfo tirimuɔdenfo, na ɔka kyerɛ ne ho se, ‘Me Wura nnya mmae,’
But, should the servant be a bad servant, and say to themselves ‘My master is a long time in coming,’
49 na ofi ase boro ne mfɛfo nkoa, na ɔne akɔwensafo didi, bow nsa a,
and begin to beat their fellow servants, and eat and drink with drunkards,
50 Ɔsomfo no wura no bɛba da a nʼani nna so.
that servant’s master will come on a day when they do not expect him, and at an hour of which they are unaware,
51 Ɔbɛtwe nʼaso dennen, na ɔde no akɔ baabi a wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
and will flog the servant severely, and assign them their place among the hypocrites, where there will be weeping and grinding of teeth.