< Mateo 23 >

1 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafo no se,
Da redete Jesus zu dem Volk und zu Seinen Jüngern,
2 “Kyerɛwsɛm no Akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase.
Und sagte: Auf Moses Stuhl sitzen die Schriftgelehrten und die Pharisäer.
3 Eyi nti, ɛsɛ sɛ mutie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso monnyɛ nea wɔyɛ no bi efisɛ nea wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ.
Alles nun, was sie euch sagen, daß ihr halten sollet, das haltet und tut; nach ihren Werken aber tut nicht; denn sie sagen es, tun es aber nicht.
4 Wɔhyɛ mo ma mudi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wodi so.
Sie binden schwere und kaum erträgliche Lasten und legen sie auf der Menschen Schultern; sie aber wollen sie mit keinem Finger regen.
5 “Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔde sɛbɛ a kyerɛw nsɛm bi hyɛ mu sɛn wɔn nsa, hyɛ ntade yuu kyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo.
Alle ihre Werke aber tun sie, um von den Leuten angesehen zu werden. Sie machen ihre Denkzettel breit und vergrößern die Säume an ihren Kleidern.
6 Na wɔkɔ aponto ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanyin tenabea; wɔkɔ asɔre nso a wɔpɛ sɛ wɔtena mpanyin tenabea pa.
Sie haben gern den ersten Platz bei Gastmählern, und die ersten Sitze in den Synagogen,
7 Sɛ wode obu kyia wɔn wɔ abɔnten so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a ɛyɛ wɔn dɛ.
Und die Begrüßungen auf den Märkten, und daß die Menschen sie Rabbi, Rabbi hei-ßen.
8 “Mommma obiara mmfrɛ mo sa. Efisɛ Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom.
Aber ihr sollt euch nicht Rabbi nennen lassen; denn Einer ist euer Lehrmeister, Christus; ihr alle aber seid Brüder.
9 Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ efisɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa.
Und ihr sollt niemand auf Erden euren Vater heißen; denn Einer ist euer Vater, Der in den Himmeln.
10 Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ efisɛ ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no.
Auch Lehrmeister sollt ihr euch nicht heißen lassen; denn Einer ist euer Lehrmeister, Christus.
11 Wobrɛ wo ho ase som afoforo a, wobɛyɛ ɔkɛse. Wopɛ sɛ woyɛ ɔkɛse a, yɛ ɔsomfo.
Aber der Größte unter euch soll euer Deiner sein.
12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.
Wer sich aber selbst erhöht, der wird erniedrigt, und wer sich selbst erniedrigt, der wird erhöht werden.
13 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ musiw afoforo Ɔsoro Ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan.
Wehe euch, Schriftgelehrte und Pharisäer, ihr Heuchler! Ihr verschließet das Reich der Himmel vor den Menschen; denn ihr kommt nicht hinein; und die hineingehen möchten, lasset ihr nicht hineingehen.
14 Nyaatwomfo! Mobɔ mpae atenten wɔ mmɔnten so de kyerɛ sɛ moyɛ atreneefo wɔ bere a mutu akunafo fi wɔn afi mu.
Wehe aber euch Schriftgelehrte und Pharisäer, ihr Heuchler; denn ihr esset der Witwen Häuser auf und machet zum Vorwand lange Gebete, dafür werdet ihr ein noch schwerer Gericht empfangen.
15 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no. (Geenna g1067)
Wehe euch, Schriftgelehrte und Pharisäer, ihr Heuchler; denn ihr durchziehet das Meer und das Trockene, um einen einzigen Proselyten zu machen; und wenn er es geworden ist, macht ihr ihn zu einem Sohn der Hölle, doppelt mehr, als ihr selbst. (Geenna g1067)
16 “Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka se, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛno de, ntam no kyekyere onii no.
Wehe euch, blinde Wegweiser, die ihr sprecht: Wer beim Tempel schwört, das ist nichts; wer aber beim Golde des Tempels schwört, der schuldet es.
17 Anifuraefo nkwaseafo! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛtew sikakɔkɔɔ no ho no?
Ihr Narren und Blinde! Was ist den größer? das Gold oder der Tempel, der das Gold heiligt?
18 Na moka se, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekye onii! no’
Und: Schwört einer beim Altar, so ist es nichts; schwört er aber bei der Gabe, die darauf ist, so schuldet er es.
19 Anifuraefo! Afɔremuka a ɛtew ayɛyɛde a egu so no ho no, ne ayɛyɛde a egu so no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo?
Ihr Narren und Blinde! Was ist denn größer, die Gabe oder der Altar, der die Gabe heiligt?
20 Sɛ woka afɔremuka no ntam a, woka afɔremuka no ne ɛso ayɛyɛde no nyinaa ntam,
Wer denn bei dem Altar schwört, schwört bei ihm und bei allem, was darauf ist.
21 na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam.
Und wer beim Tempel schwört, der schwört bei ihm und Dem, Der darin wohnt.
22 Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahengua ne Onyankopɔn no ankasa ntam.
Und wer bei dem Himmel schwört, der schwört bei dem Throne Gottes und bei Dem, Der darauf sitzt.
23 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ ne nokwaredi. Ɛwɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no.
Wehe euch, Schriftgelehrte und Pharisäer, ihr Heuchler! Ihr verzehntet Minze und Anis und Kümmel; das Schwerere des Gesetzes, das Gericht, und die Barmherzigkeit und den Glauben habt ihr verlassen. Dies sollte man tun und das andere nicht lassen.
24 Akwankyerɛfo anifuraefo! Mosɔn nea monom so, yi mu nwansena nanso momene yoma!
Blinde Wegweiser, die ihr Mücken wegseihet, aber Kamele verschlinget.
25 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mutwiw mo kuruwa ne mo asanka ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no de, amim ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ.
Wehe euch, Schriftgelehrte und Pharisäer, ihr Heuchler! Ihr reinigt das Äußere des Kelches und der Schüssel; inwendig aber sind sie voll Raubes und Unmäßigkeit.
26 Farisifo anifuraefo! Muntwiw kuruwa no mu kan, na kuruwa no ho nyinaa bɛtew!
Blinder Pharisäer, reinige zuerst das Innere des Kelches und der Schüssel, auf daß auch das Äußere derselben rein werde.
27 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ ɔda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ.
Wehe, euch Schriftgelehrte und Pharisäer, ihr Heuchler; denn ihr gleicht übertünchten Grabstätten, die auswendig schön erscheinen, inwendig aber voller Totengebeine und aller Unreinigkeit sind.
28 Moyɛ mo anim sɛ atreneefo, nanso bɔne ahorow ahyɛ mo mu ma tɔ.
So erscheint auch ihr von außen den Menschen als gerecht, indes ihr inwendig erfüllt seid von Heuchelei und Unrecht.
29 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Musisi ada akɛse ma adiyifo a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu atreneefo a wokunkum wɔn no nna so,
Wehe euch, Schriftgelehrte und Pharisäer, ihr Heuchler! Ihr baut die Grabstätten der Propheten und schmückt die Grüfte der Gerechten,
30 na mutwa mo ho ka se, ‘Sɛ na yɛte ase saa bere no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛe no.’
Und sprechet: Wären wir in den Tagen unserer Väter gewesen, so wären wir nicht mit ihnen Teilhaber am Blute der Propheten gewesen.
31 Sɛ moka saa a, mubu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimɔdenfo mma.
Damit bezeugt ihr selber, daß ihr Söhne der Mörder der Propheten seid.
32 Munni wɔn anammɔn akyi nyɛ saa bɔne koro no ara bi pɛpɛɛpɛ.
Und ihr erfüllt das Maß eurer Väter.
33 “Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu gya mu atemmu no? (Geenna g1067)
Ihr Schlangen, ihr Geschlecht der Ottern, wie solltet ihr dem Gerichte der Hölle entfliehen? (Geenna g1067)
34 Mɛsoma adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asennua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa bi afi nkurow so akɔ nkurow so.
Darum siehe, Ich sende aus an euch Propheten und Weise und Schriftgelehrte, und ihr werdet derer etliche töten und kreuzigen, und etliche davon in euren Synagogen geißeln und verfolgen von Stadt zu Stadt.
35 Na atreneefo mogya a moahwie agu asase so nyinaa, efi Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no, bɛba mo so.
Auf daß über euch komme all das gerechte Blut, das vergossen ist auf Erden, vom Blute des gerechten Abel bis auf das Blut Zacharias, des Sohnes von Barachjas, den ihr zwischen dem Tempel und dem Altar gemordet habt.
36 Mereka akyerɛ mo se, atemmu a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.
Wahrlich, Ich sage euch, solches alles wird kommen über dies Geschlecht.
37 “Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ!
Jerusalem, Jerusalem, die du tötest die Propheten und steinigst, die zu dir gesandt werden! Wie oft habe Ich deine Kinder versammeln wollen, wie eine Henne ihre Küchlein unter die Flügel versammelt, und ihr habt nicht gewollt!
38 Wobegyaw mo fi ofituw ama mo.
Siehe, euer Haus wird euch wüste gelassen.
39 Na mise mo sɛ, efi sesɛɛ morenhu me bio kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.’”
Denn Ich sage euch: Ihr werdet Mich von jetzt an nicht mehr sehen, bis ihr sprechet: Gesegnet sei, der da kommt im Namen des Herrn!

< Mateo 23 >