< Mateo 21 >

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ.
Lorsqu’ils approchèrent de Jérusalem et qu’ils furent venus à Bethphagé, près du mont des Oliviers, Jésus envoya deux disciples,
2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me.
Leur disant: Allez au village qui est devant vous, et soudain vous trouverez une ânesse attachée, et son ânon avec elle; déliez-les et amenez-les-moi.
3 Sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka nkyerɛ onipa ko no se, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”
Et si quelqu’un vous dit quelque chose, répondez que le Seigneur en a besoin; et aussitôt il les laissera emmener.
4 Wɔyɛɛ eyi de hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se,
Or tout cela fut fait, afin que s’accomplit la parole du prophète, disant:
5 “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se wo hene reba wo nkyɛn. Odwo, na ɔte afurum ne afurum ba so” no mu den.
Dites à la fille de Sion: Voici que votre Roi vient à vous plein de douceur, monté sur une ânesse et sur l’ânon de celle qui est sous le joug.
6 Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no.
S’en allant donc, les disciples firent comme Jésus leur avait commandé;
7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa no so.
Ils amenèrent l’ânesse et l’ânon, mirent dessus leurs vêtements et l’y firent asseoir.
8 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara.
La plus grande partie du peuple étendit ses vêtements le long de la route, d’autres coupaient des branches d’arbres et en jonchaient le chemin.
9 Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohɔ!”
Or la foule qui précédait et celle qui suivait criaient, disant: Hosanna au fils de David: béni celui qui vient au nom du Seigneur! Hosanna au plus haut des cieux!
10 Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, “Na hena ni?”
Lorsqu’il fut entré dans Jérusalem, toute la ville fut émue, demandant: Qui est celui-ci?
11 Nnipadɔm no buae se, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”
Et la multitude répondait: C’est Jésus, le Prophète de Nazareth en Galilée.
12 Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui.
Et Jésus entra dans le temple de Dieu, et chassa tous ceux qui vendaient et achetaient dans le temple; il renversa même les tables des changeurs et les sièges de ceux qui vendaient des colombes;
13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso mo de, mode hɔ ayɛ adwowtwafo atenae.”
Et il leur dit: Il est écrit: Ma maison sera appelée maison de prière; mais vous en avez fait une caverne de voleurs.
14 Afei anifuraefo ne mmubuafo baa ne nkyɛn wɔ hyiadan mu hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yare.
Et des aveugles et des boiteux s’approchèrent de lui dans le temple, et il les guérit.
15 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi na wɔtee nso sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ hyiadan mu hɔ reteɛteɛ mu se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.
Mais les princes des prêtres et les scribes, voyant les merveilles qu’il faisait et les enfants qui criaient dans le temple et disaient: Hosanna au fils de David, s’indignèrent,
16 Enti wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?” Yesu bua se, “Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se, “‘Mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da, ana?”
Et lui dirent: Entendez-vous ce que disent ceux-ci? Jésus leur répondit: Oui. N’avez-vous jamais lu: C’est de la bouche des enfants et de ceux qui sont à la mamelle, que vous avez tiré la louange la plus parfaite?
17 Afei ofii hɔ san kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.
Et, les ayant quittés, il s’en alla hors de la ville à Béthanie et s’y arrêta.
18 Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no.
Le lendemain matin, comme il revenait à la ville, il eut faim.
19 Ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso oduu hɔ no, ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui. (aiōn g165)
Or apercevant un figuier près du chemin, il s’en approcha; et n’y trouvant rien que des feuilles, il lui dit: Que jamais fruit ne naisse de toi désormais. Et à l’instant le figuier sécha. (aiōn g165)
20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?”
Ce qu’ayant vu, les disciples s’étonnèrent, disant: Comment a-t-il séché sur-le-champ?
21 Yesu nso buaa wɔn se, “Nokware, sɛ mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso.
Alors, Jésus prenant la parole, leur dit: En vérité, je vous dis: Si vous avez de la foi et que vous n’hésitiez point, non seulement vous ferez comme j’ai fait au figuier, mais même, si vous dites à cette montagne: Lève-toi et te jette dans la mer, cela se fera.
22 Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”
Et tout ce que vous demanderez dans la prière avec foi, vous l’obtiendrez.
23 Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no.
Or, comme il vint dans le temple, les princes des prêtres et les anciens du peuple s’approchèrent de lui, tandis qu’il enseignait, et dirent: Par quelle autorité faites-vous ces choses? Et qui vous a donné ce pouvoir?
24 Yesu kae se, “Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa.
Jésus répondant, leur dit: Je vous ferai, moi aussi, une demande; si vous y répondez, je vous dirai par quelle autorité je fais ces choses.
25 Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?” Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka sɛ ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni?
Le baptême de Jean, d’où était-il? du ciel ou des hommes? Mais eux pensaient en eux-mêmes, disant:
26 Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
Si nous répondons: Du ciel, il nous dira: Pourquoi donc n’y avez-vous pas cru! Et si nous répondons: Des hommes, nous avons à craindre le peuple; tous, en effet, tenaient Jean pour prophète.
27 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yennim!” Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.”
Ainsi, répondant à Jésus, ils dirent: Nous ne savons. Et Jésus aussi leur répondit: Ni moi non plus je ne vous dirai par quelle autorité je fais ces choses.
28 Yesu kae se, “Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ mʼafum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’
Mais que vous en semble? Un homme avait deux fils; s’approchant du premier, il lui dit: Mon fils, va-t’en aujourd’hui travailler à ma vigne.
29 “Ne ba no kae se, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri no, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔe.
Celui-ci répondant, dit: Je ne veux pas. Mais après, touché de repentir, il y alla.
30 “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
S’approchant ensuite de l’autre, il dit de même. Et celui-ci répondant dit: J’y vais. Seigneur, et il n’y alla point.
31 “Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?” Wobuae se, “Ɛyɛ ne ba panyin no.” Yesu see wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ.
Lequel des deux a fait la volonté du père? Ils lui dirent: Le premier. Jésus leur répliqua: En vérité je vous dis que les publicains et les femmes de mauvaise vie vous précéderont dans le royaume de Dieu.
32 Efisɛ Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo trenee kwan, na moannye no anni. Nanso towgyefo ne nguamanfo gyee no dii. Na muhuu eyi mpo no, moansakra mo adwene, na moannye no anni.”
Car Jean est venu à vous dans la voie de la justice et vous n’avez pas cru en lui; mais les publicains et les femmes de mauvaise vie ont cru en lui; et vous, ayant vu cela, vous n’avez pas même eu de repentir ensuite, de manière à croire en lui.
33 Yesu buu wɔn bɛ foforo bi se, “Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobeturo a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi nsa wɔ mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so.
Ecoutez une autre parabole: Il y avait un homme, père de famille, qui planta une vigne et l’entoura d’une haie, y creusa un pressoir, et bâtit une tour; il la loua ensuite à des vignerons, et partit pour un voyage.
34 Eduu bere a bobe no beree a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafo no hɔ sɛ wommegye ne kyɛfa mmrɛ no.
Or, lorsque le temps des fruits approcha, il envoya ses serviteurs aux vignerons, pour en recevoir les fruits.
35 “Woduu hɔ ara pɛ na akuafo no tow hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako na wosiw ɔbaako nso abo.
Mais les vignerons s’étant saisis de ses serviteurs déchirèrent l’un de coups, tuèrent l’autre et en lapidèrent un autre.
36 Afei ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no se wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso asɛm koro no ara bi na esii.
Il envoya encore d’autres serviteurs en plus grand nombre que les premiers, et ils leur firent pareillement.
37 Eyi akyi no ɔsomaa ɔno nʼankasa ne ba kɔɔ akuafo no nkyɛn susuwii sɛ, wɔde nidi bɛma no.
En dernier lieu il leur envoya son fils, disant: Ils auront du respect pour mon fils.
38 “Nanso akuafo no huu sɛ ne ba no apue reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no!’
Mais les vignerons voyant le fils dirent en eux-mêmes: Celui-ci est l’héritier; venez, tuons-le, et nous aurons son héritage.
39 Ɛhɔ ara na wɔtwee no fii afuw no mu, kokum no too baabi.
Et après l’avoir pris, ils le jetèrent hors de la vigne, et le tuèrent.
40 “Sɛ afuw wura no san ba a, mugye di sɛ dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no?”
Lors donc que viendra le maître de la vigne, que fera-t-il à ces vignerons?
41 Yudafo mpanyin no buae se, “Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu.”
Ils lui répondirent: Il fera mourir misérablement ces misérables, et il louera sa vigne à d’autres vignerons qui lui en rendront le fruit en son temps.
42 Yesu bisaa wɔn bio se, “Monkenkan Kyerɛwsɛm no mu da sɛ, “‘Ɔbo a adansifo apo no ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea so tibo. Awurade na wayɛ eyi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’
Jésus leur demanda: N’avez-vous jamais lu dans les Ecritures: La pierre rejetée par ceux qui bâtissaient, est devenue un sommet d’angle. Ceci est l’œuvre du Seigneur et elle est admirable à nos yeux?
43 “Nea mereka ara ne sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wobebu ne nnɔbae no ho nkontaa pa akyerɛ no.
C’est pourquoi je vous dis que le royaume de Dieu vous sera ôté, et qu’il sera donné à un peuple qui en produira les fruits.
44 Wɔn a wɔbɛhwe saa ɔbotan yi so no mu bebubu, na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”
Celui qui tombera sur cette pierre, se brisera; et celui sur qui elle tombera, elle l’écrasera.
45 Bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no tee ase sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no,
Or, lorsque les princes des prêtres et les pharisiens eurent entendu ses paraboles, ils comprirent que c’était d’eux qu’il parlait.
46 wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wosuro dɔm no efisɛ na wɔagye Yesu ato mu sɛ ɔyɛ Odiyifo.
Et cherchant à se saisir de lui, ils craignirent le peuple, parce qu’il le regardait comme un prophète.

< Mateo 21 >