< Mateo 20 >

1 Yesu san buu wɔn bɛ foforo bi se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ okuafo bi a ofii adi anɔpa bi sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa.
천국은 마치 품군을 얻어 포도원에 들여 보내려고 이른 아침에 나간 집 주인과 같으니
2 Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.
저가 하루 한 데나리온씩 품군들과 약속하여 포도원에 들여 보내고
3 “Ankyɛ ofii adi bio kohuu nnipa bi nso, sɛ wogyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee.
또 제 삼시에 나가 보니 장터에 놀고 섰는 사람들이 또 있는지라
4 Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuw no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso se, obetua wɔn nea eye.
저희에게 이르되 너희도 포도원에 들어가라 내가 너희에게 상당하게 주리라 하니 저희가 가고
5 Enti wɔkɔe. “Ɔsan kɔɔ owigyinae ne nnɔn abiɛsa bere mu kɔbɔɔ nnipa foforo paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛe koro no ara bi.
제 육시와 제 구시에 또 나가 그와 같이 하고
6 Ɔsan fii adi bɛyɛ nnɔnnum bere mu, kohuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na da mu yi nyinaa mugyinagyina ha a monyɛ hwee?’
제 십일 시에도 나가 보니 섰는 사람들이 또 있는지라
7 “Wobuae se, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa ɛ.’ “Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ɛno de, mo nso monkɔyɛ adwuma wɔ mʼafum.’
가로되 너희는 어찌하여 종일토록 놀고 여기 섰느뇨 가로되 우리를 품군으로 쓰는 이가 없음이니이다 가로되 너희도 포도원에 들어가라 하니라
8 “Eduu anwummere no, ɔfrɛɛ nea otua nʼapaafo no ka no ka kyerɛɛ no se, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, fi wɔn a wɔbaa akyiri yi no so kosi wɔn a wɔbaa kan no so.’
저물매 포도원 주인이 청지기에게 이르되 품군들을 불러 나중 온 자로부터 시작하여 먼저 온 자까지 삯을 주라 하니
9 “Apaafo a ɔfaa wɔn akyiri no nyinaa, otuaa wɔn da koro apaade.
제 십일 시에 온 자들이 와서 한 데나리온씩을 받거늘
10 Wɔn a wɔfaa wɔn kan no nso bae. Wosusuw sɛ wobenya sika a ɛboro wɔn a wɔfaa wɔn akyiri no de no. Nanso wɔn nso wotuaa wɔn sɛnea wotuaa wɔn a wɔbaa akyiri no ara pɛ.
먼저 온 자들이 와서 더 받을 줄 알았더니 저희도 한 데나리온씩 받은지라
11 Wɔn nsa kaa wɔn apaade no, anyɛ wɔn dɛ.
받은 후 집 주인을 원망하여 가로되
12 Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri no yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nanso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’
나중 온 이 사람들은 한 시간만 일하였거늘 저희를 종일 수고와 더위를 견딘 우리와 같게 하였나이다
13 “Obuaa wɔn mu baako se, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, metua wo da koro adwuma so akatua ana?
주인이 그 중의 한사람에게 대답하여 가로되 친구여 내가 네게 잘못한 것이 없노라 네가 나와 한 데나리온의 약속을 하지 아니 하였느냐
14 Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Efi me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kan ne wɔn a wɔbaa akyiri no nyinaa ka pɛ.
네 것이나 가지고 가라 나중 온 이 사람에게 너와 같이 주는 것이 내 뜻이니라
15 Mmara bi siw me ho kwan sɛ mede me sika yɛ nea mepɛ? Anaasɛ mʼayamye nti na wʼani abere yi?’
내 것을 가지고 내 뜻대로 할 것이 아니냐 내가 선하므로 네가 악하게 보느냐
16 “Asɛm a Yesu ka de wiee ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wodi akyi no bedi kan, na wɔn a wodi kan no nso bedi akyi.’”
이와 같이 나중 된 자로서 먼저 되고 먼저 된 자로서 나중 되리라
17 Yesu sii mu sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafo no kaa ne ho.
예수께서 예루살렘으로 올라 가려 하실 때에 열 두 제자를 따로 데리시고 길에서 이르시되
18 Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ.
보라, 우리가 예루살렘으로 올라 가노니 인자가 대제사장들과 서기관들에게 넘기우매 저희가 죽이기로 결안하고
19 Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu.”
이방인들에게 넘겨 주어 그를 능욕하며 채찍질하며 십자가에 못박게 하리니 제 삼일에 살아나리라
20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn na baa Yesu nkyɛn. Ɔbea yi de adesrɛde bi bɛtoo Yesu anim.
그 때에 세베대의 아들의 어미가 그 아들들을 데리고 예수께 와서 절하며 무엇을 구하니
21 Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?” Obuaa no se, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”
예수께서 가라사대 무엇을 원하느뇨? 가로되 `이 나의 두 아들을 주의 나라에서 하나는 주의 우편에 하나는 주의 좌편에 앉게 명하소서'
22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wunnim nea worebisa no.” Afei ɔdan ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi ana?” Wobuaa no se, “Yebetumi!”
예수께서 대답하여 가라사대 너희 구하는 것을 너희가 알지 못하는도다 나의 마시려는 잔을 너희가 마실 수 있느냐? 저희가 말하되 `할 수 있나이다'
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼAgya ayi wɔn no.”
가라사대 너희가 과연 내 잔을 마시려니와 내 좌우편에 앉는 것은 나의 줄 것이 아니라 내 아버지께서 누구를 위하여 예비하셨든지 그들이 얻을 것이니라
24 Asuafo du a aka no tee nea Yakobo ne Yohane akobisa no, wɔn bo fuwii.
열 제자가 듣고 그 두 형제에 대하여 분히 여기거늘
25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wodi wɔn so no nso di afoforo so.
예수께서 제자들을 불러다가 가라사대 이방인의 집권자들이 저희를 임의로 주관하고 그 대인들이 저희에게 권세를 부리는 줄을 너희가 알거니와
26 Nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo.
너희 중에는 그렇지 아니하니 너희 중에 누구든지 크고자 하는 자는 너희를 섬기는 자가 되고
27 Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ odikanfo wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.
너희 중에 누구든지 으뜸이 되고자 하는 자는 너희 종이 되어야 하리라
28 Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”
인자가 온 것은 섬김을 받으려 함이 아니라 도리어 섬기려 하고 자기 목숨을 많은 사람의 대속물로 주려 함이니라
29 Yesu ne nʼasuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi.
저희가 여리고에서 떠나갈 때에 큰 무리가 예수를 좇더라
30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
소경 둘이 길 가에 앉았다가 예수께서 지나가신다 함을 듣고 소리질러 가로되 `주여! 우리를 불쌍히 여기소서 다윗의 자손이여' 하니
31 Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
무리가 꾸짖어 잠잠하라 하되 더욱 소리질러 가로되 `주여! 우리를 불쌍히 여기소서 다윗의 자손이여' 하는지라
32 Yesu duu nea wɔtete hɔ no, ogyina bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
예수께서 머물러 서서 저희를 불러
33 Wɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, yɛpɛ sɛ yehu ade!”
가라사대 너희에게 무엇을 하여주기를 원하느냐? 가로되 `주여! 우리 눈뜨기를 원하나이다'
34 Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ wohuu ade, na wodii nʼakyi.
예수께서 민망히 여기사 저희 눈을 만지시니 곧 보게 되어 저희가 예수를 좇으니라

< Mateo 20 >