< Mateo 2 >

1 Bere a Ɔhene Herode di ade no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
耶稣诞生在犹太的伯利恒,当时正是希律王执政时期。耶稣诞生后,几位智者从东方来到耶路撒冷。
2 Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
他们说:“犹太之王已经诞生,他在哪里?我们看到他的明星显现于东方的夜空,特来拜访。”
3 Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw ɔne Yerusalemfo nyinaa adwene yiye.
希律王听闻此言颇感紧张,整个耶路撒冷城的民众也内心惴惴。
4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”
希律召集所有的祭司长和民间的宗教老师,询问他们弥赛亚可能会诞生在何处。
5 Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:
众人回答:“在犹太的伯利恒。因为先知曾写道:
6 “‘Ao kurow Betlehem, wo a woyɛ otitiriw wɔ Yudaman mu, wo mu na meyi nea obedi me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’”
犹大的伯利恒啊,你在犹大诸城中并非渺小,因为未来你们中将诞生一位领袖,他将带领以色列人。”
7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se,
听闻此言,希律私下叫来几位智者,仔细询问那颗星具体出现的时间。
8 “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
然后他派他们去伯利恒,还说:“你们到了那里后,仔细寻找那个孩子,找到后就来向我报告,我也会去拜见他。”
9 Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ.
智者于是听从国王的旨意出发,他们之前看到的那颗星位于东方,一路指引着他们,最终停在孩子所在之处的上空。
10 Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyee mmoroso.
看到这颗星,智者们分外欢喜!
11 Woduu ofi a abofra no ne ne na Maria wɔ mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ.
他们随即走进房屋,看见孩子与其母亲玛利亚。于是他们伏拜在孩子面前,打开宝袋,将里面的黄金、乳香、没药作为礼物送给他。
12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.
由于主曾托梦警告他们,不要将眼前所见禀报希律王,于是他们便从另外一条道路回到了自己的国家。
13 Anyansafo no kɔ akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, “Sɔre fa abofra no ne ne na na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkosi sɛ mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ Ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no.”
智者离开后,主的天使出现在约瑟的梦中,告诉他:“快起来!带着孩子和他的母亲逃到埃及并住下,等候我的指示。因为希律一定会想方设法找到这孩子并将他除掉。”
14 Anadwo no ara Yosef faa abofra no ne Maria sii mu kɔɔ Misraim,
约瑟醒来后,立刻连夜带着孩子和妻子向埃及逃去。
15 ma wɔtenaa hɔ kosii sɛ Ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea Awurade nam odiyifo no so kae se, “Mafrɛ me Ba afi Misraim” no baa mu.
此后便一直住在那里,直到希律王驾崩。这件事应验了主借先知所传达的预言:“我从埃及唤出我儿。”
16 Herode huu sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuw mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafo se wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum nkokoaa mmarimaa kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae sɛ wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no.
希律发现智者欺骗了他,非常生气。根据从智者处打听的信息,他推测这个男孩应该不到两岁,于是立刻下令杀掉伯利恒城内及周边地区所有两岁以下男孩。
17 Nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu se,
这正应了先知耶利米的预言:
18 “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwo; Rahel resu ne mma; na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ wɔnte ase bio.”
在拉玛传来可怕的痛哭与哀嚎,拉结为其子女哭泣,白发人送黑发人,这是任何安慰都无法抚平的悲伤。
19 Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no se,
希律王驾崩之后,主派天使向住在埃及的约瑟托梦,告诉他:
20 “Sɔre na fa abofra no ne ne na kɔ Israel asase so, efisɛ wɔn a wɔpɛe sɛ wokum abofra no awuwu.”
“出发吧!带着孩子和孩子的母亲去以色列,因为想要取这孩子性命的人已死去。”
21 Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio.
约瑟醒来后,便带着孩子和孩子的母亲动身前往以色列。
22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.
但当他听说希律之子亚基劳斯继位做了犹太王,便害怕回到以色列。由于在梦中获得警告,于是他便去了加利利,
23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.
在一座名为拿撒勒的城市中安顿下来。这应验了先知的那句话:人们将称他为拿撒勒人。

< Mateo 2 >