< Mateo 17 >
1 Nnansia akyi no Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a so yɛ dinn atifi.
Et post dies sex assumit Jesus Petrum, et Jacobum, et Joannem fratrem ejus, et ducit illos in montem excelsum seorsum:
2 Wɔwɔ hɔ no, wohuu sɛ ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera.
et transfiguratus est ante eos. Et resplenduit facies ejus sicut sol: vestimenta autem ejus facta sunt alba sicut nix.
3 Prɛko pɛ, Mose ne Elia bepuee hɔ a na wɔne Yesu rekasa.
Et ecce apparuerunt illis Moyses et Elias cum eo loquentes.
4 Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wopɛ a, anka mɛbɔ asese abiɛsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”
Respondens autem Petrus, dixit ad Jesum: Domine, bonum est nos hic esse: si vis, faciamus tria tabernacula, tibi unum, Moysi unum, et Eliæ unum.
5 Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!”
Adhuc eo loquente, ecce nubes lucida obumbravit eos. Et ecce vox de nube, dicens: Hic est Filius meus dilectus, in quo mihi bene complacui: ipsum audite.
6 Asuafo no tee nne no, wɔbɔɔ hu ma wɔde wɔn anim butubutuw fam.
Et audientes discipuli ceciderunt in faciem suam, et timuerunt valde.
7 Yesu baa wɔn nkyɛn, besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!”
Et accessit Jesus, et tetigit eos: dixitque eis: Surgite, et nolite timere.
8 Wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara.
Levantes autem oculos suos, neminem viderunt, nisi solum Jesum.
9 Ɛbaa sɛ wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka nea moahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ menyan afi awufo mu.”
Et descendentibus illis de monte, præcepit eis Jesus, dicens: Nemini dixeritis visionem, donec Filius hominis a mortuis resurgat.
10 Yesu asuafo no bisaa no se, “Adɛn nti na daa Yudafo mpanyin ka ti mu se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?”
Et interrogaverunt eum discipuli, dicentes: Quid ergo scribæ dicunt, quod Eliam oporteat primum venire?
11 Yesu buaa wɔn se, “Nea wɔreka no wɔ mu. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma yiye.
At ille respondens, ait eis: Elias quidem venturus est, et restituet omnia.
12 Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”
Dico autem vobis, quia Elias jam venit, et non cognoverunt eum, sed fecerunt in eo quæcumque voluerunt. Sic et Filius hominis passurus est ab eis.
13 Afei asuafo no hui sɛ Osuboni Yohane ho asɛm na ɔreka no.
Tunc intellexerunt discipuli, quia de Joanne Baptista dixisset eis.
14 Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se,
Et cum venisset ad turbam, accessit ad eum homo genibus provolutus ante eum, dicens:
15 “Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. Sɛ otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu.
Domine, miserere filio meo, quia lunaticus est, et male patitur: nam sæpe cadit in ignem, et crebro in aquam.
16 Enti mede no brɛɛ wʼasuafo no sɛ wɔnsa no yare; nanso wɔantumi.”
Et obtuli eum discipulis tuis, et non potuerunt curare eum.
17 Yesu kae se, “Mo nnɛ mma asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me wɔ ha.”
Respondens autem Jesus, ait: O generatio incredula, et perversa, quousque ero vobiscum? usquequo patiar vos? Afferte huc illum ad me.
18 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu hɔ ara ne ho tɔɔ no.
Et increpavit illum Jesus, et exiit ab eo dæmonium, et curatus est puer ex illa hora.
19 Afei asuafo no baa Yesu nkyɛn wɔ kokoa mu bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”
Tunc accesserunt discipuli ad Jesum secreto, et dixerunt: Quare nos non potuimus ejicere illum?
20 Yesu buaa wɔn se, “Efisɛ mo gyidi sua.” Ɔtoaa so se, “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa abaa esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri.
Dixit illis Jesus: Propter incredulitatem vestram. Amen quippe dico vobis, si habueritis fidem sicut granum sinapis, dicetis monti huic: Transi hinc illuc, et transibit, et nihil impossibile erit vobis.
21 Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”
Hoc autem genus non ejicitur nisi per orationem et jejunium.
22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔrebeyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a
Conversantibus autem eis in Galilæa, dixit illis Jesus: Filius hominis tradendus est in manus hominum:
23 wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.” Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee, na wɔn koma nso tui.
et occident eum, et tertia die resurget. Et contristati sunt vehementer.
24 Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, “Enti wo wura tua tow?”
Et cum venissent Capharnaum, accesserunt qui didrachma accipiebant ad Petrum, et dixerunt ei: Magister vester non solvit didrachma?
25 Petro buaa no se, “Yiw otua.” Petro fii hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”
Ait: Etiam. Et cum intrasset in domum, prævenit eum Jesus, dicens: Quid tibi videtur Simon? reges terræ a quibus accipiunt tributum vel censum? a filiis suis, an ab alienis?
26 Petro buaa se, “Wotwa tow no ma ahɔho no.” Yesu nso buae se, “Petro mo! Ɛno de na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua tow biara.
Et ille dixit: Ab alienis. Dixit illi Jesus: Ergo liberi sunt filii.
27 Na mmom, esiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn.”
Ut autem non scandalizemus eos, vade ad mare, et mitte hamum: et eum piscem, qui primus ascenderit, tolle: et aperto ore ejus, invenies staterem: illum sumens, da eis pro me et te.