< Mateo 16 >
1 Da koro bi, Farisifo ne Sadukifo baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no se ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn.
Тогава фарисеите и садукеите дойдоха при Исуса, и, за да Го изпитат, поискаха Му да им покаже знамение от небето.
2 Yesu buaa wɔn se, “Munim wim nsakrae ho nkyerɛase. Sɛ owia rekɔtɔ, na wim yɛ kɔkɔɔ a, moka se ɔkyena wim bɛtew.
А Той в отговор им рече: Когато се свечери, думате
3 Sɛ edu anɔpa na wim yɛ kɔɔ a, moka se wim rentew da mu no nyinaa. Nanso muntumi nkyerɛ mmere mu nsɛnkyerɛnne no ase.
а сутрин: Днес времето ще бъде лошо, защото небето се червенее намръщено. Вие знаете да разтълкувате лицето на небето, а знаменията на времената не можете!
4 Saa ɔman nnebɔneyɛfo a wonnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wobehu ɔsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne foforo biara ka anwonwade a woyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wiee no, ogyaw wɔn hɔ kɔe.
Зъл и прелюбодеен род иска знамение, но друго знамение няма да му се даде, освен знамението на (пророка) Йона. И остави ги и Си отиде.
5 Asuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ no, wɔkae se anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduan.
А учениците, които минаха на отвъдната страна, забравиха да вземат хляб.
6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho.”
И Исус им рече: Внимавайте и пазете се от кваса на фарисеите и садукеите.
7 Asuafo no susuw sɛ gyama wonkura aduan biara no nti na Yesu kaa saa.
А те разискваха помежду си, думайки: Това е защото не сме взели хляб.
8 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua! Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan?
А Исус, като разбра това, рече: Маловери, защо разисквате помежду си понеже нямате хляб?
9 Enti ebesi nnɛ monte ase ana? Mo werɛ afi brodo anum a mibubuu mu maa nnipa mpem anum no ne ase mporoporowa kɛntɛn a ɛkae no?
Още ли не разбирате, нито помните петте хляба на петте хиляди души, и колко коша събрахте?
10 Mo werɛ asan afi brodo ason a mede maa nnipa mpem anan ne nea ɛkae no?
Нито седемте хляба на четирите хиляди души, и колко кошници събрахте?
11 Adɛn nti na modwene sɛ aduan ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresan aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.’”
Как не разбирате, че не заради хляб ви казах да се пазите от кваса на фарисеите и садукеите?
12 Afei asuafo no tee nea ɔkae no ase sɛ, Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.
Тогава те разбраха, че не им заръча да се пазят от хлебен квас, но от учението на фарисеите и садукеите.
13 Bere a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, obisaa nʼasuafo no se “Nnipa ka se Onipa Ba no ne hena?”
А Исус, като дойде в околностите на Кесария Филипова, попита учениците Си, казвайки: Според както казват хората, Човешкият Син Кой е?
14 Wobuaa no se, “Ebinom se wone Yohane Osuboni. Ebinom nso se Elia. Afoforo nso se wone Yeremia anaa adiyifo no mu baako.”
А те рекоха: Едни казват, че е Йоан Кръстител; други пък
15 Afei Yesu bisaa wɔn se “Na mo nso, muse mene hena?”
Казва им: Но според както вие казвате, Кой съм Аз?
16 Simon Petro buaa no se, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefo no Ba no!”
Симон Петър в отговор рече: Ти си Христос(Т. е. Месия, Помазаник.), Син на живия Бог.
17 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nhyira ne wo, Yona ba Simon. Efisɛ ɛnyɛ onipa na oyii eyi kyerɛɛ wo, na mmom ɛyɛ mʼAgya a ɔwɔ ɔsoro no.
Исус в отговор му каза: Блажен си, Симоне, сине Йонов, защото плът и кръв не са ти открили това, но Отец Ми, Който е на небесата.
18 Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo besi, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gya mu no rentumi mmubu no da. (Hadēs )
Пък и Аз ти казвам, че ти си Петър(Значи: Канара.) и на тая канара ще съградя Моята църква; и портите на ада няма да й надделеят. (Hadēs )
19 Mede Ɔsoro Ahenni no safe bɛma wo, na ɔpon biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɔpon biara a wubebue wɔ asase so no, wobebue wɔ ɔsoro!”
Ще ти дам ключовете на небесното царство; и каквото вържеш на земята, ще бъде вързано на небесата, а каквото развържеш на земята, ще бъде развързано на небесата.
20 Afei Yesu bɔɔ nʼasuafo no ano se wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.
Тогава заръча на учениците, никому да не казват, че Той е [Исус] Христос.
21 Efi saa bere no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ ɔkɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amane a obehu wɔ Yudafo mpanyin, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne akyerɛkyerɛfo no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyan no mu pefee kyerɛɛ nʼasuafo no.
От тогава Исус почна да известява на учениците Си, че трябва да отиде в Ерусалим, и много да пострада от старейшините, главните свещеници и книжниците, и да бъде убит, и на третия ден да бъде възкресен.
22 Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Nea woreka yi remma wo so da!”
Тогава Петър Го взе и почна да Го мъмри, като казваше: Бог да Ти се смили, Господи; това никак няма да стане с Тебе.
23 Yesu dan ne ho kaa Petro anim se, “Ɔbonsam, fi me so! Woyɛ hintidua kɛse ma me. Wudwen nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn de.”
А Той се обърна и рече на Петра: Махни се зад Мене, Сатано; ти си Ми съблазън; защото не мислиш за Божиите неща, а за човешките.
24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasennua so, na onni mʼakyi.
Тогава Исус каза на учениците Си: Ако иска някой да дойде след Мене, нека се отрече от себе си, нека дигне кръста си, и така нека Ме последва.
25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti, ne kra befi ne nsa no, ne nsa bɛsan aka.
Защото, който иска да спаси живота(Или: Душата; и така до края на главата.) си, ще го изгуби; а който изгуби живота си, заради Мене, ще го намери.
26 Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Dɛn na onipa betumi de asi ne kra anan mu?
Понеже какво ще се ползува човек, ако спечели целия свят, а живота си изгуби? Или какво ще даде човек в замяна на живота си?
27 Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya anuonyam mu a mʼabɔfo ka me ho na mabebu obiara nneyɛe ho atɛn.
Защото Човешкият Син ще дойде в славата на Отца Си със Своите ангели; и тогава ще въздаде всекиму според делата му.
28 “Nokware mise mo sɛ: Mo mu bi renwu kosi sɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahenni mu.”
Истина ви казвам: Има някои от стоящите тука, които никак няма да вкусят смърт докле не видят Човешкия Син идещ в царството Си.