< Mateo 15 >

1 Da bi, Farisifo ne Yudafo mpanyin no bi fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,
Τότε προσέρχονται τῷ Ἰησοῦ ἀπὸ Ἱεροσολύμων Φαρισαῖοι καὶ γραμματεῖς λέγοντες,
2 “Adɛn nti na wʼasuafo no nni Yudafo amanne so? Yɛn amanne a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wonni so.”
Διὰ τί οἱ μαθηταί σου παραβαίνουσιν τὴν παράδοσιν τῶν πρεσβυτέρων; οὐ γὰρ νίπτονται τὰς χεῖρας [αὐτῶν, ] ὅταν ἄρτον ἐσθίωσιν.
3 Yesu nso bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo nso mode mo amanne no bu Onyankopɔn mmaransɛm so?
ὁ δὲ ἀποκριθεὶς εἶπεν αὐτοῖς, Διὰ τί καὶ ὑμεῖς παραβαίνετε τὴν ἐντολὴν τοῦ θεοῦ διὰ τὴν παράδοσιν ὑμῶν;
4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no,’
ὁ γὰρ θεὸς εἶπεν Τίμα τὸν πατέρα καὶ τὴν μητέρα· καὶ Ὁ κακολογῶν πα τέρα ἢ μητέρα θανάτῳ τελευτάτω·
5 Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa nʼagya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne.
ὑμεῖς δὲ λέγετε, Ὃς ἂν εἴπῃ τῷ πατρὶ ἢ τῇ μητρί, Δῶρον, ὃ ἐὰν ἐξ ἐμοῦ ὠφεληθῇς,
6 Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so.
οὐ μὴ τιμήσει τὸν πατέρα αὐτοῦ ἢ τὴν μητέρα αὐτοῦ, καὶ ἠκυρώσατε τὸν λόγον τοῦ θεοῦ διὰ τὴν παράδοσιν ὑμῶν.
7 Mo nyaatwomfo! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ,
ὑποκριταί, καλῶς ἐπροφήτευσεν περὶ ὑμῶν Ἡσαΐας λέγων,
8 “‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me.
Ὁ λαὸς οὗτος τοῖς χείλεσίν με τιμᾷ, ἡ δὲ καρδία αὐτῶν πόῤῥω ἀπέχει ἀπ᾽ ἐμοῦ·
9 Wɔsom me ani so kɛkɛ, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’”
μάτην δὲ σέβονταί με διδάσκοντες διδασκαλίας, ἐντάλματα ἀνθρώπων.
10 Afei Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn se, “Muntie nea meka no na mommɔ mmɔden nte ase.
Καὶ προσκαλεσάμενος τὸν ὄχλον εἶπεν αὐτοῖς, Ἀκούετε καὶ συνίετε·
11 Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom, nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”
οὐ τὸ εἰσερχόμενον εἰς τὸ στόμα κοινοῖ τὸν ἄνθρωπον, ἀλλὰ τὸ ἐκπορευόμενον ἐκ τοῦ στόματος, τοῦτο κοινοῖ τὸν ἄνθρωπον.
12 Nsɛm a Yesu kaa yi maa nʼasuafo no ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wunim sɛ wo nsɛm a wokaa no ama Farisifo no bo afuw?”
Τότε προσελθόντες οἱ μαθηταὶ αὐτοῦ λέγουσιν αὐτῷ, Οἶδας ὅτι οἱ Φαρισαῖοι ἀκούσαντες τὸν λόγον ἐσκανδαλίσθησαν;
13 Yesu buaa wɔn se, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na oduae no, wobetu akyene.
ὁ δὲ ἀποκριθεὶς εἶπεν, Πᾶσα φυτεία ἣν οὐκ ἐφύτευσεν ὁ πατήρ μου ὁ οὐράνιος, ἐκριζωθήσεται.
14 Mummmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifuraefo a wɔrekyerɛ anifuraefo kwan nti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔtew ahwe amoa mu.”
ἄφετε αὐτούς· τυφλοί εἰσιν ὁδηγοὶ τυφλῶν· τυφλὸς δὲ τυφλὸν ἐὰν ὁδηγῇ, ἀμφότεροι εἰς βόθυνον πεσοῦνται.
15 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛ yɛn bɛ no ase.”
ἀποκριθεὶς δὲ ὁ Πέτρος εἶπεν αὐτῷ, Φράσον ἡμῖν τὴν πα ραβολήν.
16 Yesu nso bisaa no se, “Ampa ara sɛ monte ase?
ὁ δὲ εἶπεν, Ἀκμὴν καὶ ὑμεῖς ἀσύνετοί ἐστε;
17 Munnim sɛ ade a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asan aba bio?
οὐ νοεῖτε ὅτι πᾶν τὸ εἰσπορευόμενον εἰς τὸ στόμα εἰς τὴν κοιλίαν χωρεῖ, καὶ εἰς ἀφεδρῶνα ἐκβάλλεται;
18 Asɛm a ho ntew biara fi koma a mu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi.
τὰ δὲ ἐκπορευόμενα ἐκ τοῦ στόματος ἐκ τῆς καρδίας ἐξέρχεται, κἀκεῖνα κοινοῖ τὸν ἄνθρωπον.
19 Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi.
ἐκ γὰρ τῆς καρδίας ἐξέρχονται διαλογισμοὶ πονηροί, φόνοι μοιχεῖαι πορνεῖαι κλοπαὶ ψευδομαρτυρίαι βλασφημίαι.
20 Eyinom na egu onipa ho fi. Nanso sɛ obi anhohoro ne nsa sɛnea mo amanne te no na odidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”
ταῦτά ἐστιν τὰ κοινοῦντα τὸν ἄνθρωπον· τὸ δὲ ἀνίπτοις χερσὶν φαγεῖν οὐ κοινοῖ τὸν ἄνθρωπον.
21 Yesu fii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon.
Καὶ ἐξελθὼν ἐκεῖθεν ὁ Ἰησοῦς ἀνεχώρησεν εἰς τὰ μέρη Τύρου καὶ Σιδῶνος.
22 Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”
καὶ ἰδοὺ γυνὴ Χαναναία ἀπὸ τῶν ὁρίων ἐκείνων ἐξελθοῦσα ἔκραζεν λέγουσα, Ἐλέησόν με, κύριε υἱὸς Δαυείδ. ἡ θυγάτηρ μου κακῶς δαιμονίζεται.
23 Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbea no mfi hɔ. Wotii mu ka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
ὁ δὲ οὐκ ἀπεκρίθη αὐτῇ λόγον. καὶ προσελθόντες οἱ μαθηταὶ αὐτοῦ ἠρώτουν αὐτὸν λέγοντες, Ἀπόλυσον αὐτήν, ὅτι κράζει ὄπισθεν ἡμῶν.
24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔsomaa me baa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no nkyɛn na ɛnyɛ amanamanmufo.”
ὁ δὲ ἀποκριθεὶς εἶπεν, Οὐκ ἀπεστάλην εἰ μὴ εἰς τὰ πρόβατα τὰ ἀπολωλότα οἴκου Ἰσραήλ.
25 Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, “Me wura, boa me!”
ἡ δὲ ἐλθοῦσα προσεκύνει αὐτῷ λέγουσα, Κύριε, βοήθει μοι.
26 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Enye sɛ wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman.”
ὁ δὲ ἀποκριθεὶς εἶπεν, Οὐκ ἔστιν καλὸν λαβεῖν τὸν ἄρτον τῶν τέκνων καὶ βαλεῖν τοῖς κυναρίοις.
27 Ɔbea no nso buae se, “Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.”
ἡ δὲ εἶπεν, Ναὶ κύριε· καὶ γὰρ τὰ κυνάρια ἐσθίει ἀπὸ τῶν ψιχίων τῶν πιπτόντων ἀπὸ τῆς τραπέζης τῶν κυρίων αὐτῶν.
28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɔbea, wo gyidi mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.
τότε ἀποκριθεὶς ὁ Ἰησοῦς εἶπεν αὐτῇ, Ὦ γύναι, μεγάλη σου ἡ πίστις· γενηθήτω σοι ὡς θέλεις. καὶ ἰάθη ἡ θυγάτηρ αὐτῆς ἀπὸ τῆς ὥρας ἐκείνης.
29 Yesu san baa Galilea po no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔw bi so.
Καὶ μεταβὰς ἐκεῖθεν ὁ Ἰησοῦς ἦλθεν παρὰ τὴν θάλασσαν τῆς Γαλιλαίας· καὶ ἀναβὰς εἰς τὸ ὄρος ἐκάθητο ἐκεῖ.
30 Nnipa bebree de mpakye, anifuraefo, apirafo, mum ne wɔn a wɔyare nyarewa ahorow baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yare, ma ɔsaa wɔn nyinaa yare.
καὶ προσῆλθον αὐτῷ ὄχλοι πολλοὶ ἔχοντες μεθ᾽ ἑαυτῶν χωλοὺς τυφλοὺς κωφοὺς κυλλοὺς καὶ ἑτέρους πολλούς, καὶ ἔῤῥιψαν αὐτοὺς παρὰ τοὺς πόδας αὐτοῦ· καὶ ἐθεράπευσεν αὐτούς·
31 Nnipa no ho dwiriw wɔn. Wɔn a wɔnkasaa da kasae; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafo nantew huruhuruwii na anifuraefo huu ade. Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Israel Nyankopɔn.
ὥστε τοὺς ὄχλους θαυμάσαι, βλέποντας κωφοὺς λαλοῦντας, κυλλοὺς ὑγιεῖς, καὶ χωλοὺς περιπατοῦντας, καὶ τυφλοὺς βλέποντας· καὶ ἐδόξασαν τὸν θεὸν Ἰσραήλ.
32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ piti wɔ kwan so.”
Ὁ δὲ Ἰησοῦς προσκαλεσάμενος τοὺς μαθητὰς αὐτοῦ εἶπεν, Σπλαγχνίζομαι ἐπὶ τὸν ὄχλον, ὅτι ἤδη ἡμέραι τρεῖς προσμένουσίν μοι, καὶ οὐκ ἔχουσιν τί φάγωσιν· καὶ ἀπολῦσαι αὐτοὺς νήστεις οὐ θέλω, μή ποτε ἐκλυθῶσιν ἐν τῇ ὁδῷ.
33 Nʼasuafo no nso bisaa no se, “Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?”
καὶ λέγουσιν αὐτῷ οἱ μαθηταὶ [αὐτοῦ, ] Πόθεν ἡμῖν ἐν ἐρημίᾳ ἄρτοι τοσοῦτοι ὥστε χορτάσαι ὄχλον τοσοῦτον;
34 Yesu nso bisaa wɔn se, “Brodo dodow ahe na mowɔ?” Wobuae se, “Yɛwɔ brodo ason ne mpataa kakraa bi.”
καὶ λέγει αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς, Πόσους ἄρτους ἔχετε; οἱ δὲ εἶπον, Ἑπτά, καὶ ὀλίγα ἰχθύδια.
35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ sare no so.
καὶ παραγγείλας τῷ ὄχλῳ ἀναπεσεῖν ἐπὶ τὴν γῆν,
36 Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni.
ἔλαβεν τοὺς ἑπτὰ ἄρτους καὶ τοὺς ἰχθύας, καὶ εὐχαριστήσας ἔκλασεν καὶ ἐδίδου τοῖς μαθηταῖς [αὐτοῦ, ] οἱ δὲ μαθηταὶ τοῖς ὄχλοις.
37 Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn.
καὶ ἔφαγον πάντες καὶ ἐχορτάσθησαν, καὶ τὸ περισσεῦον τῶν κλασμάτων ἦραν, ἑπτὰ σπυρίδας πλήρεις.
38 Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow yɛ nnipa mpem anan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyi mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛn ason.
οἱ δὲ ἐσθίοντες ἦσαν τετρακισχίλιοι ἄνδρες, χωρὶς γυναικῶν καὶ παιδίων.
39 Eyi akyi na Yesu gyaa nkurɔfo no kwan, maa ɔno nso kɔtenaa ɔkorow mu twa kɔɔ Magadan.
Καὶ ἀπολύσας τοὺς ὄχλους ἐνέβη εἰς τὸ πλοῖον, καὶ ἦλθεν εἰς τὰ ὅρια Μαγαδάν.

< Mateo 15 >