< Mateo 14 >

1 Bere no mu ara na Herode a na odi hene wɔ Galilea no tee Yesu nka,
In illo tempore audivit Herodes tetrarcha famam Jesu:
2 na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo ne se, “Oyi yɛ Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu. Eyi nti na wanya tumi foforo de reyɛ anwonwade ahorow yi.”
et ait pueris suis: Hic est Joannes Baptista: ipse surrexit a mortuis, et ideo virtutes operantur in eo.
3 Saa bere no na Herode ama wɔakyere Osuboni Yohane ato afiase, efisɛ na wakasa atia Herodia ne Herode aware no
Herodes enim tenuit Joannem, et alligavit eum: et posuit in carcerem propter Herodiadem uxorem fratris sui.
4 sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere.
Dicebat enim illi Joannes: Non licet tibi habere eam.
5 Herode pɛɛ sɛ okum Yohane. Nanso na osuro sɛ, sɛ okum no a basabasayɛ bɛba ɔman no mu. Efisɛ na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.
Et volens illum occidere, timuit populum: quia sicut prophetam eum habebant.
6 Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase na Herodia babea bɛsaw ma a ɛyɛɛ Herode fɛ.
Die autem natalis Herodis saltavit filia Herodiadis in medio, et placuit Herodi:
7 Eyi maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ se ommisa nea ɔpɛ biara na ɔde bɛma no.
unde cum juramento pollicitus est ei dare quodcumque postulasset ab eo.
8 Ne na maa no kae se, “Fa Osuboni Yohane ti a wɔatwa to prɛte mu ma me wɔ ha.”
At illa præmonita a matre sua: Da mihi, inquit, hic in disco caput Joannis Baptistæ.
9 Herode tee asɛm no, ɛyɛɛ no yaw ma ɛhaw no. Nanso esiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no nti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ nea ababaa no hwehwɛ no maa no.
Et contristatus est rex: propter juramentum autem, et eos qui pariter recumbebant, jussit dari.
10 Herode soma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.
Misitque et decollavit Joannem in carcere.
11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na.
Et allatum est caput ejus in disco, et datum est puellæ, et attulit matri suæ.
12 Yohane asuafo no bɛfaa nʼamu no kosiee no. Eyi akyi no wɔkɔbɔɔ Yohane wu no ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu.
Et accedentes discipuli ejus, tulerunt corpus ejus, et sepelierunt illud: et venientes nuntiaverunt Jesu.
13 Yesu tee Osuboni Yohane wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fi wɔn nkurow ne wɔn nkuraa tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ.
Quod cum audisset Jesus, secessit inde in navicula, in locum desertum seorsum: et cum audissent turbæ, secutæ sunt eum pedestres de civitatibus.
14 Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare.
Et exiens vidit turbam multam, et misertus est eis, et curavit languidos eorum.
15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade asa awie. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni wɔ nkurow no bi so.”
Vespere autem facto, accesserunt ad eum discipuli ejus, dicentes: Desertus est locus, et hora jam præteriit: dimitte turbas, ut euntes in castella, emant sibi escas.
16 Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!”
Jesus autem dixit eis: Non habent necesse ire: date illis vos manducare.
17 Asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ brodo anum ne mpataa abien pɛ.”
Responderunt ei: Non habemus hic nisi quinque panes et duos pisces.
18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mmrɛ me.”
Qui ait eis: Afferte mihi illos huc.
19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.
Et cum jussisset turbam discumbere super fœnum, acceptis quinque panibus et duobus piscibus, aspiciens in cælum benedixit, et fregit, et dedit discipulis panes, discipuli autem turbis.
20 Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
Et manducaverunt omnes, et saturati sunt. Et tulerunt reliquias, duodecim cophinos fragmentorum plenos.
21 Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra no dodow nka ho.
Manducantium autem fuit numerus quinque millia virorum, exceptis mulieribus et parvulis.
22 Nnipadɔm no didi wiee pɛ na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔntena ɔkorow no mu nni kan ntwa nkɔ asuogya nohɔ na ɔno de, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan.
Et statim compulit Jesus discipulos ascendere in naviculam, et præcedere eum trans fretum, donec dimitteret turbas.
23 Ogyaa wɔn kwan wiee no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Onwini dwoe no, na aka Yesu nko ara wɔ nea ɔwɔ hɔ.
Et dimissa turba, ascendit in montem solus orare. Vespere autem facto solus erat ibi:
24 Saa bere no na ɔkorow a asuafo no te mu no adu akyiri. Mframa fii ase bɔɔ dennen maa po no bɔɔ asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no a asuafo no te mu no.
navicula autem in medio mari jactabatur fluctibus: erat enim contrarius ventus.
25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn.
Quarta enim vigilia noctis, venit ad eos ambulans super mare.
26 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani reba wɔn nkyɛn no wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Ɛmaa wɔde hu teɛteɛɛ mu.
Et videntes eum super mare ambulantem, turbati sunt, dicentes: Quia phantasma est. Et præ timore clamaverunt.
27 Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
Statimque Jesus locutus est eis, dicens: Habete fiduciam: ego sum, nolite timere.
28 Petro ka kyerɛɛ no se, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa asu no ani mmra wo nkyɛn.”
Respondens autem Petrus, dixit: Domine, si tu es, jube me ad te venire super aquas.
29 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Bra!” Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
At ipse ait: Veni. Et descendens Petrus de navicula, ambulabat super aquam ut veniret ad Jesum.
30 Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase sɛ ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!”
Videns vero ventum validum, timuit: et cum cœpisset mergi, clamavit dicens: Domine, salvum me fac.
31 Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, “Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?”
Et continuo Jesus extendens manum, apprehendit eum: et ait illi: Modicæ fidei, quare dubitasti?
32 Yesu ne Petro kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee bɔ.
Et cum ascendissent in naviculam, cessavit ventus.
33 Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
Qui autem in navicula erant, venerunt, et adoraverunt eum, dicentes: Vere Filius Dei es.
34 Wotwaa asu no baa Genesaret.
Et cum transfretassent, venerunt in terram Genesar.
35 Yesu duu hɔ no, ankyɛ na nkurow a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefo nyinaa brɛɛ no.
Et cum cognovissent eum viri loci illius, miserunt in universam regionem illam, et obtulerunt ei omnes male habentes:
36 Ayarefo no srɛɛ Yesu se ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.
et rogabant eum ut vel fimbriam vestimenti ejus tangerent. Et quicumque tetigerunt, salvi facti sunt.

< Mateo 14 >