< Mateo 13 >
1 Da no ara Yesu fii adi kɔtenaa mpoano.
В същия ден Исус излезе из къщи и седна край езерото.
2 Nnipakuw kyeree so wɔ hɔ a ɛmaa no kɔtenaa ɔkorow bi mu a na nnipakuw no nso gyinagyina mpoano hɔ.
И събраха се до Него големи множества, така щото влезе и седна в една ладия; а целият народ стоеше на брега.
3 Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba.
И говореше им много с притчи, казвайки: Ето, сеячът излезе да сее;
4 Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa.
и като сееше някои зърна паднаха край пътя: птиците дойдоха и ги изкълваха.
5 Bi nso koguu ɔbotan so. Ankyɛ na aba no fifii.
А други паднаха на канаристите места, гдето нямаше много пръст; и твърде скоро поникнаха, защото нямаше дълбока почва;
6 Esiane sɛ na dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so sua no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyewee.
и като изгря слънцето, пригоряха, и понеже нямаха корен изсъхнаха.
7 Aba no bi nso guu nsɔe mu, na nsɔe no nyin no emiaa no.
Други пък паднаха между тръните; тръните пораснаха и ги заглушиха.
8 Aba no bi guu asase pa mu. Enyin, sow aba mmɔho aduasa; bi aduosia na afoforo nso ɔha.
А други паднаха на добра земя, и дадоха плод, кое стократно, кое шестдесет, кое тридесет.
9 Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”
Който има уши [да слуша], нека слуша.
10 Owiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn na daa wonam mmebu so kasa kyerɛ nnipa no?”
Тогава се приближиха учениците Му и Му казаха: Защо им говориш с притчи?
11 Yesu buaa wɔn se, “Mo de, wɔde Ɔsoro Ahenni ho ahintasɛm ama mo na wɔn de, wɔmmfa mmaa wɔn ɛ.
А Той в отговор им каза: Защото на вас е дадено да знаете тайните на небесното царство, а на тях не е дадено.
12 Nea ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ama abu no so. Na nea onni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.
Защото който има, нему ще се даде, и ще има изобилие; а който няма, от него ще се отнеме и това, което има.
13 Nea enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn mmebu mu no ne sɛ, “Wohu de, nanso wonhu; wɔte de, na wɔnte ase.
Затова им говоря с притчи, защото гледат, а не виждат; чуят а не слушат, нито разбират.
14 Wɔn so na ɛnam ama Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se, “‘Ɔte de, mobɛte, nanso morente ase; ohu de, mubehu, nanso morenhu no, aba mu.
На тях се изпълнява Исаевото пророчество, което казва: “С уши ще чуете, а никак няма да разберете; И с очи ще гледате, а никак няма да видите.
15 Efisɛ ɔman yi koma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade, na wɔn aso ate asɛm na wɔn koma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.’
Защото сърцето на тия люде е задебеляло. И с ушите си тежко чуват, И очите си склопиха; Да не би да видят с очите си, И да чуят с ушите си, И да разберат със сърцето си, И да се обърнат, И Аз да ги изцеля”.
16 Na mo de, wɔahyira mo ani efisɛ ehu ade; wɔahyira mo aso efisɛ ɛte asɛm.
А вашите очи са блажени, защото виждат, и ушите ви, защото чуват.
17 Na me de, mereka akyerɛ mo se, adiyifo ne atreneefo pii pɛɛ sɛ wohu nea muhu no, nanso wɔanhu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte nea mote no, nanso wɔante.
Защото истина ви казвам, че мнозина пророци и праведници са желали да видят това, което вие виждате, но не видяха, и да чуят това, което вие чувате, но не чуха.
18 “Afei muntie bɛ a ɛfa ogufo a okoguu aba wɔ nʼafum no no nkyerɛase.
Вие, прочее, чуйте какво значи притчата за сеяча.
19 Wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte ase no te sɛ aba a eguu ɔkwan mu no. Ɔbɔnefo no ba, behwim nea wɔadua wɔ wɔn koma mu no.
При всекиго, който чуе словото на царството и не го разбира, дохожда лукавият и грабва посяното в сърцето му; той е посяното край пътя.
20 Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigye so mu.
А посяното на канаристите места е оня, който чуе словото и веднага с радост го приема;
21 Nanso asɛm no nnyina wɔ wɔn mu. Eyi nti ɛnkyɛ na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awu nti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa abaw.
корен, обаче, няма в себе си, но е привременен; и когато настане напаст или гонение поради словото, на часа се съблазнява.
22 Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dadwen nti ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma. (aiōn )
А посяното между тръните е оня, който чува словото; но светските грижи и примамката на богатството заглушават словото, и той става безплоден. (aiōn )
23 Na aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, na wɔte ase. Wɔsow aba mmɔho aduasa; bi aduosia; na afoforo nso, ɔha.”
А посяното на добра земя е оня, който чуе словото и го разбира, който и дава плод, и принася кой стократно, кой шестдесет, кой тридесет.
24 Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum.
Друга притча им предложи, като каза: Небесното царство се уприличава на човек, който е посял добро семе на нивата си;
25 Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no.
но, когато спяха човеците, неприятелят му дойде и пося плевели между житото, и си отиде.
26 Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin.
А когато поникна стволът и завърза плод, тогава се появиха и плевелите.
27 “Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’
А слугите на домакина дойдоха и му казаха: Господине, не пося ли добро семе на нивата си? Тогава откъде са плевелите?
28 “Okuafo no buae se, ‘Ɔtamfo bi na oduae!’ “Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yekotutu saa nwura no ana?’
Той им каза: Някой неприятел е сторил това. А слугите му казаха: Като е тъй искаш ли да идем да го оплевим?
29 “Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no.
А той каза: Не искам; да не би, като плевите плевелите, да изскубете заедно с тях и житото.
30 Momma ne nyinaa nyin nkosi twabere na mama atwafo ayiyi nwura no afi aburow no mu ahyew no, na wɔde aburow no nso agu asan so.”
Оставете да растат и двете заедно до жетва; а във време на жетва ще река на жетварите: Съберете първо плевелите, и вържете ги на снопове за изгаряне, а житото приберете в житницата ми.
31 Yesu buu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafum.
Друга притча им предложи, казвайки: Небесното царство прилича на синапово зърно, което човек взе и го пося на нивата си;
32 Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ enyin a, ɛyɛ dutan kɛse ma nnomaa kosisi ne mman so.”
което наистина е по-малко от всичките семена, но, когато порасте, е по-голямо от злаковете, и става дърво, така щото небесните птици дохождат и се подслоняват по клончетата му.
33 Obuu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”
Друга притча им каза: Небесното царство прилича на квас, който една жена взе и замеси в три мери брашно, докле вкисна всичкото.
34 Yesu nam mmebu so ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no.
Всичко това Исус изказа на народа с притчи, и без притчи не им говореше;
35 Enti ɔhyɛɛ nea adiyifo no ahyɛ ho nkɔm no mma se: “Mɛkasa mmebu mu, na maka anwonwade mu ahintasɛm a efi adebɔ mfiase.”
за да се изпълни реченото чрез пророка, който казва: “Ще отворя устата Си в притчи; Ще изкажа скритото още от създанието на света”.
36 Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn bɛ a ɛfa nwura ne aburow ho no ase.
Тогава Той остави народа и дойде вкъщи. И учениците Му се приближиха при Него и казаха: Обясни ни притчата за плевелите на нивата.
37 Yesu buaa wɔn se, “Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no.
А в отговор Той каза: Сеячът на доброто семе е Човешкият Син;
38 Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahenni no mma; nwura no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma.
нивата е светът; доброто семе, това са чадата на царството; а плевелите са чадата на лукавия;
39 Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no yɛ wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no. (aiōn )
неприятелят, който ги пося, е дяволът; жетвата е свършекът на века; а жетварите са ангели. (aiōn )
40 “Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu nwura no fii aburow no mu kɔhyew no no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase awiei. (aiōn )
И тъй, както събират плевелите и ги изгарят в огън, така ще бъде и при свършека на века. (aiōn )
41 Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu,
Човешкият Син ще изпрати ангелите Си, които ще съберат от царството Му всичко що съблазнява, и ония, които вършат беззаконие,
42 na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
и ще ги хвърлят в огнената пещ; там ще бъде плач и скърцане със зъби.
43 Na atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”
Тогава праведните ще блеснат като слънцето в царството на Отца Си. Който има уши [да слуша], нека слуша.
44 Yesu toaa mmebu no so se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no.
Небесното царство прилича на имане скрито в нива, което, като го намери човек, скрива го, и в радостта си отива, продава всичко що има, и купува оная нива.
45 “Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ obi a odi nhene pa ho gua a ɔrehwehwɛ nhene pa atɔ.
Небесното царство прилича още на търговец, който търсеше хубави бисери,
46 Okonyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!”
и, като намери един скъпоценен бисер, отиде, продаде всичко що имаше и го купи.
47 Yesu toaa so bio se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ obi a okoguu asau wɔ asu bi mu yii nsumnam ahorow bebree.
Небесното царство прилича още на мрежа, хвърлена в езерото, която събира риби от всякакъв вид,
48 Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu na ɔtow nea enye no gui.
и, като се напълни изтеглиха я на брега, седнаха и прибраха добрите в съдове, а лошите изхвърлиха.
49 Saa ara na wiase awiei bɛyɛ. Abɔfo no bɛba abɛpaw abɔnefo no afi atreneefo no mu, (aiōn )
Така ще бъде и при свършека на века; ангелите ще излязат и ща отлъчат нечестивите измежду праведните, (aiōn )
50 na wɔatow abɔnefo no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
и ще ги хвърлят в огнената пещ; там ще бъде плач и скърцане със зъби,
51 “Mote ase?” Nʼasuafo no buaa no se, “Yiw.”
[Исус им казва]: Разбрахте ли всичко това? Те Му казват: Разбрахме.
52 Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wada nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.”
А Той им рече: Затова, всеки книжник, който е учил за небесното царство, прилича на домакин, който изважда от съкровището си ново и старо.
53 Yesu wiee ne mmebu no, ofii faako a ɔwɔ hɔ no.
Тогава Исус, когато свърши тия притчи замина си оттам.
54 Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wotiee no no ho dwiriw wɔn. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na saa ɔbarima yi konyaa nyansa a ɔde yɛ anwonwade sɛɛ yi?
И като дойде в родината Си, поучаваше ги в синагогите им, така щото те се чудеха и думаха: От къде са на Тогова тая мъдрост и и тия велики дела?
55 Ɛnyɛ dua dwumfo no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nua barimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?
Не е ли Тоя син на дърводелеца? Майка Му не казва ли се Мария, и братята Му Яков и Йосиф, Симон и Юда?
56 Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na okonyaa eyinom nyinaa yi?”
И сестрите Му не са ли всички при нас? От къде е, прочее, на този всичко това?
57 Wɔn bo fuw no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo wɔ anuonyam baabiara, gye ne man mu anaa ne nkurɔfo mu!”
И съблазняваха се в Него. А Исус им рече: Никой пророк не е без почит, освен в своята родина и в своя дом.
58 Esiane sɛ wɔannye no anni no nti, wanyɛ anwonwade bebree wɔ hɔ!
И не извърши там много велики дела, поради неверието им.