< Mateo 12 >

1 Homeda bi, Yesu ne nʼasuafo no kɔfaa aburowfuw bi mu. Wɔnam aburowfuw no mu no, ɔkɔm dee asuafo no ma wɔpenpan aburow no bi wee.
At that time Jesus went through the grainfields on the Sabbath. His disciples were hungry and began to pluck heads of grain and eat them.
2 Farisifo bi huu nea asuafo no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wobisaa Yesu se, “Woahu sɛ wʼasuafo no abu Homeda mmara no so?”
When the Pharisees saw this, they said to him, “Behold, yoʋr disciples are doing what is not lawful to do on the Sabbath.”
3 Yesu nso bisaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no?
He said to them, “Have you not read what David did when he was hungry, he and those who were with him,
4 Wɔkɔɔ Onyankopɔn fi kodii brodo a wɔde abɔ afɔre, a anka wonni ho kwan sɛ wodi, gye ɔsɔfo nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so bu?
how he entered the house of God and ate the bread of the Presence, which was not lawful for him or those who were with him to eat, but only for the priests?
5 Na monnsan nkenkan mfii Mose mmara no mu, sɛ asɔfo a wɔyɛ hyiadan mu adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso?
Or have you not read in the law that on the Sabbath the priests in the temple profane the Sabbath and yet are guiltless?
6 Mereka ama moate ase sɛ, nea ɔkyɛn hyiadan no wɔ ha!
But I tell you that something greater than the temple is here.
7 Sɛ moate asɛm a ese, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yiye a, anka moremmu wɔn a wonni fɔ no fɔ.
But if you had known what this means: ‘I desire mercy and not sacrifice,’ you would not have condemned the guiltless.
8 Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura.”
For the Son of Man is Lord of the Sabbath.”
9 Yesu fii nea ɔwɔ hɔ no kɔɔ hyiadan mu.
Then he departed from there and went into their synagogue.
10 Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda ana?” Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!
And behold, there was a man who had a withered hand. In order to accuse Jesus, the Pharisees asked him, “Is it lawful to heal on the Sabbath?”
11 Yesu buaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako na sɛ ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akoyi no.
He said to them, “What man among you who has a sheep that falls into a pit on the Sabbath will not take hold of it and lift it out?
12 Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.”
Of how much more value is a person than a sheep! So then, it is lawful to do good on the Sabbath.”
13 Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, “Teɛ wo nsa!” Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no.
Then he said to the man, “Stretch out yoʋr hand.” So he stretched it out, and it was restored, as sound as the other.
14 Farisifo no fii adi kotuu sɛnea wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina.
But the Pharisees went out and took counsel against Jesus as to how they might destroy him.
15 Esiane sɛ na onim pɔw a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ofii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefo no nyinaa yare.
Aware of this, Jesus withdrew from there. Large crowds followed him, and he healed them all
16 Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se wɔmmmɔ nʼanwonwade a ɔyɛɛ no ho dawuru.
and warned them not to make him known.
17 Na nkɔm a Odiyifo Yesaia hyɛɛ no aba mu se:
This was to fulfill what had been spoken through the prophet Isaiah:
18 “Monhwɛ mʼakoa a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no, mede me honhom begu no so, na wabu amanaman atɛn.
“Behold, my servant whom I have chosen, my beloved, in whom my soul is well pleased. I will put my Spirit upon him, and he will declare justice to the Gentiles.
19 Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛ mu. Na obi rente ne nne wɔ abɔnten so!
He will not quarrel or cry out, nor will anyone hear his voice in the streets.
20 Ɔrensɛe demmire a ɛyɛ mmerɛw no. Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum; kosi sɛ ɔnam atɛntrenee so de nkonimdi bɛba.
A bruised reed he will not break, and a smoldering wick he will not extinguish, until he brings justice to victory.
21 Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidaso.”
And in his name the Gentiles will hope.”
22 Afei wɔde obi a ɔyɛ mum san yɛ onifuraefo, na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare. Yesu saa no yare ma ɔkasae, san huu ade.
Then a demon-possessed man who was blind and mute was brought to him, and Jesus healed him, so that the man who was blind and mute could speak and see.
23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Wɔkae se, “Ebetumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no ana?”
All the crowds were amazed and said, “Can this be the Son of David?”
24 Nanso Farisifo no tee anwonwade a Yesu yɛe no, wɔkae se, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panyin, Ɔbonsam Beelsebul no so na otu ahonhommɔne.”
But when the Pharisees heard this, they said, “It is only by Beelzebul, the ruler of demons, that this man casts out demons.”
25 Yesu huu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Ahemman biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kurow anaa ofi biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina.
Knowing their thoughts, Jesus said to them, “Every kingdom divided against itself is laid waste, and no city or house divided against itself will stand.
26 Na sɛ ɔbonsam retu ɔbonsam a na ɛkyerɛ sɛ ɔne ne ho na ɛreko de asɛe nʼaheman.
So if Satan casts out Satan, he is divided against himself. How then will his kingdom stand?
27 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn.
And if I cast out demons by Beelzebul, by whom do your followers cast them out? Therefore they will be your judges.
28 Nanso sɛ menam Onyankopɔn Honhom so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no aba mo so.
But if I cast out demons by the Spirit of God, then the kingdom of God has come upon you.
29 “Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi mu nkowia no, agye sɛ onipa ko no di kan de hama kyekyere no.
Or how can anyone enter the house of a strong man and plunder his goods unless he first binds the strong man? Then he will plunder his house.
30 “Obiara a onni mʼafa no, tia me. Na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.
Whoever is not with me is against me, and whoever does not gather with me scatters.
31 Mereka akyerɛ mo se, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a etia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ.
Therefore I tell you, people will be forgiven for every sin and blasphemy, but they will not be forgiven for blasphemy against the Spirit.
32 Nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da biara da. (aiōn g165)
Whoever speaks a word against the Son of Man will be forgiven, but whoever speaks against the Holy Spirit will not be forgiven, neither in the present age nor in the age to come. (aiōn g165)
33 “Dua biara aba na wɔde hu ne su. Dua pa sow aba pa na dua bɔne nso sow aba bɔne.
“A tree is known by its fruit. If a tree is good, its fruit will also be good. If a tree is bad, its fruit will also be bad.
34 Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefo sɛ mo atumi aka nea eye ho asɛm? Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.
You brood of vipers, how can you speak good things, when you are evil? For out of the abundance of the heart the mouth speaks.
35 Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi.
The good person brings good things out of his good treasure, and the evil person brings evil things out of his evil treasure.
36 Mereka makyerɛ mo se, atemmuda no, asɛnhunu biara a obi aka no, obebu ho akontaa.
But I tell you, on the day of judgment people will give an account for every idle word they speak.
37 Wʼanom asɛm so na wɔnam bebu wo bem anaa fɔ.”
For by yoʋr words yoʋ will be justified, and by yoʋr words yoʋ will be condemned.”
38 Da bi, Yudafo mpanyimfo bi a Farisifo bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi nkyerɛ wɔn.
Then some of the scribes and Pharisees responded, “Teacher, we want to see a sign from yoʋ.”
39 Yesu buaa wɔn se, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefo a wonni gyidi na wɔpɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne. Nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara ka Odiyifo Yona de no ho.
But Jesus answered them, “An evil and adulterous generation asks for a sign, but no sign will be given to it except the sign of the prophet Jonah.
40 Na sɛnea Yona kodii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kodi asase mu nnansa.
For just as Jonah was in the belly of the great sea creature for three days and three nights, so will the Son of Man be in the heart of the earth for three days and three nights.
41 Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.
The men of Nineveh will rise up at the judgment with this generation and condemn it, for they repented at the preaching of Jonah, and behold, something greater than Jonah is here.
42 Atemmuda no, Sebahemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.
The queen of the South will rise up at the judgment with this generation and condemn it, for she came from the ends of the earth to hear the wisdom of Solomon, and behold, something greater than Solomon is here.
43 “Saa ɔman nnebɔneyɛfo yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne so. Sɛ honhommɔne no tu fi ne mu a, ekyinkyin, hwehwɛ homebea nanso ennya bi.
“When an unclean spirit has gone out of a person, it goes through waterless places seeking rest, but does not find any.
44 Sɛ ɛba saa a, nea honhommɔne no ka ne se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’ Ɔsan kɔ onipa no mu na ohu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a,
Then it says, ‘I will return to the house I left.’ When it arrives, it finds the house unoccupied, swept, and put in order.
45 ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Eyi ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kan asetena no.”
Then it goes and takes with it seven other spirits more evil than itself, and they go in and dwell there, and the last state of that person becomes worse than the first. So will it be with this evil generation also.”
46 Bere a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ ofi bi mu no, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛɛ sɛ wɔne no kasa.
While Jesus was still speaking to the crowds, behold, his mother and his brothers stood outside, asking to speak to him.
47 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
Then someone said to him, “Behold, yoʋr mother and yoʋr brothers are standing outside, asking to speak to yoʋ.”
48 Yesu kae se, “Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?”
But he replied to the one who spoke to him, “Who is my mother, and who are my brothers?”
49 Ɔkaa saa no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Eyinom ne me na ne me nuanom.”
And stretching out his hand toward his disciples, he said, “Behold, my mother and my brothers!
50 Ɔsan kaa bio se, “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛde no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabea ne me na.”
For whoever does the will of my Father in heaven is my brother and sister and mother.”

< Mateo 12 >