< Mateo 11 >
1 Yesu wiee nʼasuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.
After Jesus had finished giving directions to his twelve Disciples, he left that place in order to teach and preach in their towns.
2 Osuboni Yohane a saa bere no na ɔda afiase no tee anwonwade a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafo bebisaa no se,
Now John had heard in prison what the Christ was doing, and he sent a message by his disciples,
3 “Wo ne nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?”
and asked – “Are you ‘the coming one,’ or are we to look for someone else?”
4 Yesu buaa wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔka anwonwade a moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane se,
The answer of Jesus to the question was – “Go and report to John what you hear and see –
5 anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.
the blind recover their sight and the lame walk, the lepers are made clean and the deaf hear, the dead, too, are raised to life, and the good news is told to the poor.
6 Monsan nka nkyerɛ no bio se, Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”
Blessed is the person who finds no hindrance in me.”
7 Yohane asuafo no kɔe no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Sare a mframa rebɔ no?
While John’s disciples were going back, Jesus began to say to the crowds with reference to John,
8 Anaa na mususuw sɛ mubehu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfi?
“What did you go out into the wilderness to look at? A reed waving in the wind? If not, what did you go out to see? A man richly dressed? Why, those who wear rich things are to be found in the courts of kings!
9 Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo.
What, then, did you go for? To see a prophet? Yes, I tell you, and far more than a prophet.
10 Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.’
This is the man of whom scripture says – ‘I am sending my messenger ahead of you, and he will prepare your way before you.’
11 Nokware ni, nnipa a mmea awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Osuboni Yohane. Nanso nea ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu no yɛ ɔkɛse sen no!
I tell you, no one born of a woman has yet appeared who is greater than John the Baptist; and yet the least in the kingdom of heaven is greater than he.
12 Na efi bere a Osuboni Yohane fii ase kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfo asu de besi nnɛ no, Ɔsoro Ahenni no de tumi retrɛw na nnipadɔm a wɔn ani abere no refa no anuɔden so.
From the time of John the Baptist to this very hour, the kingdom of heaven has been taken by force, and people using force have been seizing it.
13 Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifo ne Mose mmara no aka ɔsoro ahenni no ho asɛm dedaw.
For the teaching of all the prophets and of the Law continued until the time of John;
14 Sɛ mopɛ sɛ mote nea mereka no ase de a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm se ɔbɛba no.
and – if you are ready to accept it – John is himself the Elijah who was destined to come.
15 Nea ɔwɔ aso no, ontie!
If you have ears, listen.
16 “Dɛn ho na metumi de nnɛmmafo yi atoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔte baabi redi agoru. Ɔfa ka kyerɛ ɔfa se,
But to what will I compare the present generation? It is like little children sitting in the market-places and calling out to their playmates –
17 “‘Yɛtoo anigye nnwom maa mo, nso moansaw. Yɛtoo awerɛhow nnwom nso maa mo, nanso moansu.’
We have played the flute for you, but you have not danced; We have wailed, but you have not mourned.
18 Yohane bae a onnidi na ɔnnom no, wose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
For, when John came, neither eating nor drinking, people said ‘He has a demon in him’;
19 Onipa Ba no bae a odidi na ɔnom no nso wose, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo fa nnamfo.’ Nanso nea efi Onyankopɔn nyansa mu ba no ma nokware da adi.”
and now that the Son of Man has come, eating and drinking, they are saying ‘Here is a glutton and a wine-drinker, a friend of tax collectors and outcasts!’ And yet wisdom is vindicated by her actions.”
20 Afei, ofii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se,
Then Jesus began to reproach the towns in which most of his miracles had been done, because they had not repented,
21 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw.
“Alas for you, Chorazin! Alas for you, Bethsaida! For, if the miracles which were done in you had been done in Tyre and Sidon, they would have repented long ago in sackcloth and ashes.
22 Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon!
Yet, I tell you, the doom of Tyre and Sidon will be more bearable in the day of judgment than yours.
23 Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwonwade a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. (Hadēs )
And you, Capernaum! Will you exalt yourself to heaven? You will be flung down to Hades! For, if the miracles which have been done in you had been done in Sodom, it would have been standing to this day. (Hadēs )
24 Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmuda no, Tiro ne Sodom benya gyinabea pa asen mo!”
Yet, I tell you, the doom of Sodom will be more bearable in the day of judgment than yours.”
25 Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa nokware no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa.
At that same time Jesus uttered the words, “I thank you, Father, Lord of heaven and earth, that, though you have hidden these things from the wise and learned, you have revealed them to the childlike!
26 Yiw, Agya, wopɛ mu na woma ɛbaa saa.
Yes, Father, I thank you that this has seemed good to you.
27 “Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.
Everything has been committed to me by my Father; nor does anyone fully know the Son, except the Father, or fully know the Father, except the Son and those to whom the Son may choose to reveal him.
28 “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.
Come to me, all you who toil and are burdened, and I will give you rest!
29 Momfa me konnua nto mo ho so, na munsua me, efisɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.
Take my yoke on you, and learn from me, for I am gentle and humble, and you will find rest for your souls;
30 Efisɛ me konnua yɛ mmerɛw, na mʼadesoa yɛ hare.”
for my yoke is easy, and my burden is light.”