< Mateo 10 >

1 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.
ויקרא אליו את שנים עשר תלמידיו ויתן להם שלטן על רוחות הטמאה לגרשם ולרפוא כל חלי וכל מדוה׃
2 Yesu asuafo dumien no din ni: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,
ואלה שמות שנים עשר השליחים הראשון שמעון הנקרא פטרוס ואנדרי אחיו יעקב בן זבדי ויוחנן אחיו׃
3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyefo Mateo, Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo,
פילפוס ובר תלמי תומא ומתי המוכס יעקב בן חלפי ולבי המכנה תדי׃
4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no.
שמעון הקני ויהודה איש קריות אשר גם מסר אתו׃
5 Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, “Monnkɔ nea amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu,
את שנים העשר האלה שלח ישוע ויצו אתם לאמר אל דרך הגוים אל תלכו ואל עיר השמרונים אל תבאו׃
6 na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn.
כי אם לכו אל הצאן האבדות לבית ישראל׃
7 Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’
ובלכתכם קראו לאמר למכות השמים קרבה לבוא׃
8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.
רפאו את החולים טהרו את המצרעים הקימו את המתים ואת השדים גרשו חנם לקחתם חנם תתנו׃
9 “Mommmfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho.
לא תקחו זהב ולא כסף ולא נחשת בחגוריכם׃
10 Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ sɛ odwumayɛni didi.
ולא תרמיל לדרך ולא שתי כתנות ולא נעלים ולא מטה כי שוה הפעל די מחיתו׃
11 Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyi kwan na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi hɔ akɔ baabi foforo.
וכל עיר וכפר אשר תבאו שמה דרשו מי הוא הראוי לזה בתוכה ושם שבו עד כי תצאו׃
12 Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’
ובבואכם אל הבית שאלו לו לשלום׃
13 Sɛ saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo de a, momfa mo asomdwoe.
והיה אם ראוי הבית יבוא עליו שלומכם ואם איננו ראוי שלומכם אליכם ישוב׃
14 Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.
וכל אשר לא יקבל אתכם ולא ישמע לדבריכם צאו לכם מן הבית ההוא ומן העיר ההיא ונערו את עפר רגליכם׃
15 Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.
אמן אמר אני לכם כי יקל לארץ סדום ועמרה ביום הדין מן העיר ההיא׃
16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.
הנני שלח אתכם ככבשים בין הזאבים לכן היו ערומים כנחשים ותמימים כיונים׃
17 Nanso monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.
והשמרו לכם מבני האדם כי ימסרו אתכם לסנהדריות ויכו אתכם בשוטים בבתי כנסיותיהם׃
18 Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no.
ולפני משלים ומלכים תובאו למעני לעדות להם ולגוים׃
19 Sɛ wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu.
וכי ימסרו אתכם אל תדאגו איך ומה תדברו כי ינתן לכם בשעה ההיא את אשר תדברו׃
20 Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.
כי לא אתם הם המדברים כי רוח אביכם הוא המדבר בפיכם׃
21 “Onua beyi onua ama na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn.
והיה אח ימסר את אחיו למות ואב ימסר את בנו וקמו בנים באבותם וימיתו אותם׃
22 Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa.
והייתם שנואים לכל אדם למען שמי והמחכה עד עת קץ הוא יושע׃
23 Sɛ wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.
ואם ירדפו אתכם בעיר אחת נוסו לעיר אחרת כי אמן אמר אני לכם לא תכלו לעבר ערי ישראל עד כי יבוא בן האדם׃
24 “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura.
אין תלמיד עלה על רבו ועבד על אדניו׃
25 Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti sɛ me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!
דיו לתלמיד להיות כרבו ולעבד להיות כאדניו אם לבעל הבית קראו בעל זבוב אף לאנשי ביתו׃
26 “Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi.
על כן לא תיראום כי אין דבר מכסה אשר לא יגלה ואין נעלם אשר לא יודע׃
27 Nea mereka akyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.
את אשר אני אמר לכם בחשך דברו באור ואשר ילחש לאזניכם השמיעו על הגגות׃
28 Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no. (Geenna g1067)
ואל תיראי מן ההרגים את הגוף ואת הנפש לא יוכלו להרג אך תיראו את אשר יוכל לאבד גם את הנפש גם את הגוף בגיהנם׃ (Geenna g1067)
29 Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a obewu a mo Agya no nnim ho biribi.
הלא תמכרנה שתי צפרים באסר ואחת מהנה לא תפול ארצה מבלעדי אביכם׃
30 Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.
ואתם גם שערות ראשכם נמנות כלן׃
31 Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.
לכן אל תיראו הנכם יקרים מצפרים רבות׃
32 “Obiara a ɔbɛka se onim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
הן כל אשר יודה בי לפני האדם אודה בו גם אני לפני אבי שבשמים׃
33 Na obiara a ɔbɛka se onnim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
ואשר יכחש בי לפני האדם אכחש בו גם אני לפני אבי שבשמים׃
34 “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae.
אל תחשבו כי באתי להטיל שלום בארץ לא באתי להטיל שלום כי אם חרב׃
35 Maba sɛ mɛma, “‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea.
כי באתי להפריד איש מאביו ובת מאמה וכלה מחמותה׃
36 Obiara tamfo a ne ho yɛ hu no befi nʼankasa ne fi.’
ואיבי איש אנשי ביתו׃
37 “Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no.
האהב את אביו ואת אמו יותר ממני איננו כדי לי והאהב את בנו ובתו יותר ממני איננו כדי לי׃
38 Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de.
ואשר לא יקח את צלבו והלך אחרי איננו כדי לי׃
39 Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.
המצא את נפשו יאבדנה והמאבד את נפשו למעני הוא ימצאנה׃
40 “Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
המקבל אתכם אותי הוא מקבל והמקבל אותי הוא מקבל את אשר שלחני׃
41 Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nnipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee.
המקבל נביא לשם נביא שכר נביא יקח והמקבל צדיק לשם צדיק שכר צדיק יקח׃
42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”
והמשקה את אחד הקטנים האלה רק כוס מים קרים לשם תלמיד אמן אמר אני לכם כי לא יאבד שכרו׃

< Mateo 10 >