< Marko 9 >

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!”
ישוע המשיך לדבר אל תלמידיו:”אני אומר לכם, שאחדים מכם העומדים כאן היום יזכו לחיות ולראות את מלכות אלוהים באה בגבורה!“
2 Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔ wɔn anim.
כעבור שישה ימים לקח ישוע את פטרוס, יעקב ויוחנן ועלה איתם על פסגת הר גבוה. רק ארבעתם היו שם. לפתע זרחו פניו של ישוע בזוהר נפלא;
3 Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ.
בגדיו הבריקו והלבינו עד מאוד.
4 Afei Elia ne Mose befii hɔ. Na wɔne Yesu kasae!
והנה הופיעו אליהו הנביא ומשה רבנו והחלו לדבר עם ישוע.
5 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de baako, Mose de baako na Elia de baako.”
”רבי, כמה טוב שאנחנו כאן!“קרא פטרוס.”אנחנו ניבנה כאן שלוש סוכות לכבוד – לך, למשה ולאליהו!“
6 Esiane sɛ na wɔabɔ hu no nti na ɛma ɔkaa saa.
פטרוס לא ידע מה לומר, כי התלמידים היו מבוהלים וחסרי מילים.
7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba. Muntie no.”
בעודו מדבר סכך עליהם ענן, ומתוכו קרא קול:”זהו בני האהוב, שמעו בקולו!“
8 Mpofirim a wɔhwɛɛ wɔn ho no, wɔanhu obiara ka Yesu ho.
התלמידים הביטו סביבם וגילו שאליהו ומשה נעלמו, וישוע לבדו נותר עמם.
9 Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu.
כאשר ירדו מההר ישוע ציווה עליהם שלא יספרו לאיש את מה שראו, עד לאחר שיקום מן המתים.
10 Asuafo no anka ankyerɛ obiara na mmom, ɛyɛ a na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn?
השלושה לא גילו את הדבר לאיש, אולם שוחחו על כך בינם לבין עצמם, ולעיתים קרובות תהו למה התכוון ישוע כשאמר שיקום מן המתים.
11 Na nʼasuafo no bisaa no nea enti a mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Elia san ba kan.
התלמידים שאלו את ישוע מדוע הסופרים אומרים שאליהו הנביא צריך לבוא תחילה (לפני המשיח).
12 Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye. Ɔkae se, “Ɛno de, na adɛn nti na wɔakyerɛw se Onipa Ba no behu amane bebree na wɔapo no?
ישוע השיב שאליהו באמת צריך לבוא קודם וישליט סדר בכל, ושלמעשה אליהו כבר בא ואותם האנשים נהגו בו באופן מחפיר – בדיוק כפי שניבאו הנביאים.”למה אתם חושבים שהתכוונו הנביאים כשניבאו שהמשיח יסבול עינויים וחרפה?“שאל.
13 Nanso mise mo sɛ, Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no.”
14 Bere a wosian beduu bepɔw no ase hɔ no, wohuu sɛ nnipakuw atwa asuafo a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfo no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye.
למרגלות ההר הם פגשו את תשעת התלמידים האחרים, מוקפים בקהל רב ומתווכחים עם כמה סופרים.
15 Bere a nnipakuw no huu Yesu no wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika behyiaa no.
הקהל הביט בישוע בכבוד ובהערצה, וכולם רצו לקבל את פניו.
16 Yesu bisaa wɔn se, “Akyinnye a na moregye no fa dɛn ho?”
”על מה אתם מתווכחים?“שאל ישוע.
17 Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa.
איש מהקהל השיב:”רבי, הבאתי אליך את בני שתרפא אותו; נכנס בו שד המונע ממנו לדבר.
18 Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, etwa no hwe fam ma nʼano twa ahuru, twɛre ne se a wasinsen. Ɛno nti mesrɛɛ wʼasuafo no se wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi.”
בכל פעם שהשד תוקף את הילד הוא משליך אותו על הרצפה, והילד האומלל מזיל ריר מפיו, שיניו נוקשות וכוחותיו עוזבים אותו. ביקשתי מתלמידיך לגרש את השד, אך הם לא יכלו לעשות זאת.“
19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”
”הו, דור חסר־אמונה, “אמר ישוע,”עד מתי יהיה עלי לסבול אתכם? הביאו אלי את הילד.“
20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara pɛ na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru.
הם הביאו אליו את הילד, אך ברגע שראה השד את ישוע הוא תקף את הילד, הפיל אותו על הרצפה וריר נזל מפיו.
21 Yesu bisaa abarimaa no agya se, “Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ;
”מתי החלו ההתקפות האלה?“שאל ישוע.”בהיותו ילד קטן“, השיב האב.
22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.”
”לעיתים קרובות מנסה השד לדחוף את הילד לתוך אש או לתוך מים, כדי להרוג אותו. אנא, רחם עלינו ועזור לנו, אם אתה יכול.“
23 Yesu bisaa no se, “Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di.”
”אם אני יכול?“אמר ישוע.”אם אתה מאמין, הכול אפשרי ובר ביצוע!“
24 Abarimaa no agya buae se, “Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!”
”אני מאמין! אנא עזור לי וחזק את אמונתי!“התחנן האב בבכי.
25 Yesu huu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, “Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu kɔ. Nkɔhyɛ ne mu bio!”
כשראה ישוע שהקהל הולך ורב, נזף בשד ופקד:”שד חרש ואילם, אני מצווה עליך לעזוב את הילד הזה ולא לשוב אליו לעולם!“
26 Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, “Wawu.”
השד פרץ בצעקה מפחידה ושוב השליך את הילד על הרצפה ויצא ממנו. הוא נראה כגופה לכן עבר לחש בקהל: הילד מת.
27 Na Yesu soo ne nsa pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.
אולם ישוע אחז בידו ועזר לו לעמוד על רגליו, והילד הזדקף – בריא לגמרי.
28 Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?”
כאשר נשאר ישוע בבית עם תלמידיו לבדם, הם שאלו אותו:”מדוע לא יכולנו אנחנו לגרש את השד?“
29 Yesu buaa wɔn se, “Mpaebɔ nko ara na ebetumi atu saa ɔyare yi.”
”זהו מקרה מיוחד שדורש תפילה וצום“, השיב ישוע.
30 Yesu fii hɔ no ɔfaa Galilea, efisɛ na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka.
הם עזבו את האזור ההוא ועברו דרך הגליל. ישוע לא סיפר לאיש על בואם, כי רצה לבלות זמן מה עם תלמידיו ולהכינם לקראת מה שעומד לקרות לו.”בן־האדם עומד להימסר לידי אויביו“, פתח ישוע.”הם יהרגו אותו, אולם לאחר שלושה ימים יקום לתחייה.“
31 Na ɔpɛ sɛ onya bere ma nʼasuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so no ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.”
32 Asuafo no ante asɛm a ɔkae yi ase, nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.
התלמידים לא הבינו למה התכוון, אך חששו לשאול אותו.
33 Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Yɛreba no dɛn akyinnye na na moregye wɔ ɔkwan so no?”
כשהגיעו לכפר־נחום ונכנסו לבית מארחיהם שאל ישוע את תלמידיו:”על מה התווכחתם בדרך?“
34 Asuafo no antumi ammua efisɛ na wɔredwinnwen nea ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho.
הם התביישו לספר לו, משום שהתווכחו מי החשוב ביניהם.
35 Ɔtenaa ase frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ mo mu no ɛsɛ sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo wɔ mo mu!”
ישוע התיישב, קרא אליו את התלמידים ואמר:”מי שרוצה להיות הראשון צריך להיות האחרון – עליו לשרת את כולם!“
36 Afei ɔde abofra ketewa bi begyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abofra no kyerɛɛ wɔn kae se,
ישוע קרא אליו ילד קטן והציג אותו לפניהם. הוא חיבק את הילד והכריז:
37 “Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no agye me, na nea obegye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no.”
”כל המקבל ילד קטן כזה בשמי – כאילו מקבל אותי; וכל המקבל אותי – מקבל את אבי אשר שלח אותי.“
38 Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ ɔnka yɛn ho.”
יוחנן תלמידו פנה אליו ואמר:”רבי, ראינו איש שמגרש שדים בשמך ואמרנו לו לחדול מכך, כי אין הוא שייך לקבוצתנו.“
39 Yesu kae se, “Munnsiw no kwan. Efisɛ obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwonwade wɔ me din mu na obetwa ne ho atia me.
”אל תמנעו ממנו, “אמר להם ישוע,”כי מי שעושה דברים כאלה בשמי לא ידבר עלי רעות.
40 Na obiara a ontia yɛn no wɔ yɛn afa.
כל מי שאינו נגדנו הוא לצידנו.
41 Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da.
מי שייתן לכם אפילו כוס מים בלבד, משום שאתם שלי, אני מבטיח לכם שיקבל את שכרו.
42 “Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu.
אבל אוי למי שיגרום לילד המאמין בי לאבד את אמונתו! לאדם כזה מוטב שיקשרו אבן כבדה לצווארו ויטביעו אותו בים.
43 Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wɔde wo nipadua nyinaa bɛto amanehunu gya (Geenna g1067)
”אם ידך גורמת לך לחטוא – קצץ אותה! מוטב לחיות עם יד אחת בלבד ולחיות חיי נצח, מאשר ללכת לגיהינום, אל האש שלא תכבה, עם שתי ידיים. (Geenna g1067)
44 a ennum da no mu.
45 Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wode nan abien bɛkɔ amanehunu gya (Geenna g1067)
אם רגלך גורמת לך לחטוא – כרות אותה! מוטב להיות קיטע ולחיות חיי נצח, מאשר להיות בעל שתי רגליים שמוליכות אותך לגיהינום. (Geenna g1067)
46 a ennum da no mu.”
שם לא תמות התולעת (שתכרסם בהם), והאש לא תכבה לעולם.
47 Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu (Geenna g1067)
”אם עינך גורמת לך לחטוא – עקור אותה! מוטב להיכנס למלכות אלוהים עיוור למחצה, מאשר להישאר בעל שתי עיניים בגיהינום, (Geenna g1067)
48 baabi a “‘ogya no ennum da na ɛhɔ asunson nso nwu da.’
מקום שבו התולעת לא תמות לעולם, והאש לא תכבה לעולם.
49 Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.
כל אדם יומלח באש. המלח הוא טוב, אך אם הוא מאבד את מליחותו הוא חסר תועלת; כיצד תוכלו להשיב לו את הטעם? על כן שימרו על המלח הנמצא בקרבכם וחיו בשלום איש עם רעהו.“
50 “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ. Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”

< Marko 9 >