< Marko 8 >
1 Saa mmere no mu na nnipakuw foforo bi baa Yesu nkyɛn. Esiane sɛ na hwee nni hɔ a wobedi nti,
in illis diebus iterum cum turba multa esset nec haberent quod manducarent convocatis discipulis ait illis
2 Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio.
misereor super turba quia ecce iam triduo sustinent me nec habent quod manducent
3 Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti wɔ ɔkwan so, efisɛ wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae.”
et si dimisero eos ieiunos in domum suam deficient in via quidam enim ex eis de longe venerunt
4 Nʼasuafo no bisaa no se, “Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?”
et responderunt ei discipuli sui unde istos poterit quis hic saturare panibus in solitudine
5 Obisaa wɔn se, “Brodo dodow ahe na mowɔ?” Wobuaa no se, “Yɛwɔ ason.”
et interrogavit eos quot panes habetis qui dixerunt septem
6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase wɔ sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no.
et praecepit turbae discumbere supra terram et accipiens septem panes gratias agens fregit et dabat discipulis suis ut adponerent et adposuerunt turbae
7 Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, nti Yesu hyiraa ɛno nso so de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.
et habebant pisciculos paucos et ipsos benedixit et iussit adponi
8 Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan.
et manducaverunt et saturati sunt et sustulerunt quod superaverat de fragmentis septem sportas
9 Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ kɛntɛn ason.
erant autem qui manducaverunt quasi quattuor milia et dimisit eos
10 Eyi akyi no ɔne nʼasuafo no kɔtenaa ɔkorow mu baa Dalmanuta fam.
et statim ascendens navem cum discipulis suis venit in partes Dalmanutha
11 Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.”
et exierunt Pharisaei et coeperunt conquirere cum eo quaerentes ab illo signum de caelo temptantes eum
12 Yesu tee nea wɔkae no, oguu ahome ka kyerɛɛ wɔn se, “Dɛn nti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnne daa yi? Nsɛnkyerɛnne biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.”
et ingemescens spiritu ait quid generatio ista quaerit signum amen dico vobis si dabitur generationi isti signum
13 Ɔsan kɔtenaa ɔkorow no mu gyaw wɔn, twa kɔɔ asuogya nohɔ.
et dimittens eos ascendens iterum abiit trans fretum
14 Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kura ansa na wɔkɔ, gye brodo baako pɛ na na wokura wɔ ɔkorow no mu.
et obliti sunt sumere panes et nisi unum panem non habebant secum in navi
15 Wɔretwa asu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Ɔhene Herode ne Farisifo mmɔkaw ho.”
et praecipiebat eis dicens videte cavete a fermento Pharisaeorum et fermento Herodis
16 Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm a ɔreka yi ase ne dɛn?” Nea wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduan a wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa akita no ho asɛm.
et cogitabant ad alterutrum dicentes quia panes non habemus
17 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte eyi ase ana? Mo koma da so pirim?
quo cognito Iesus ait illis quid cogitatis quia panes non habetis nondum cognoscitis nec intellegitis adhuc caecatum habetis cor vestrum
18 Mowɔ ani nso munhu ade? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi ana?
oculos habentes non videtis et aures habentes non auditis nec recordamini
19 Bere a mibubuu brodo anum mu maa nnipa mpem anum no, nnikae kɛntɛn ahe na motasee?” Wɔkae se, “Dumien.”
quando quinque panes fregi in quinque milia et quot cofinos fragmentorum plenos sustulistis dicunt ei duodecim
20 “Na mesan de brodo ason maa nnipa mpem anan no nso, ahe na ɛkae?” Wɔkae se, “Nkɛntɛn ason.”
quando et septem panes in quattuor milia quot sportas fragmentorum tulistis et dicunt ei septem
21 Obisaa wɔn bio se, “Monnte ase ara ana?”
et dicebat eis quomodo nondum intellegitis
22 Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare.
et veniunt Bethsaida et adducunt ei caecum et rogabant eum ut illum tangeret
23 Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasu guu onifuraefo no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no se, “Wuhu ade ana?”
et adprehendens manum caeci eduxit eum extra vicum et expuens in oculos eius inpositis manibus suis interrogavit eum si aliquid videret
24 Onifuraefo no maa nʼani so hwɛɛ soro, buae se, “Yiw, mihu nnipa! Nanso mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”
et aspiciens ait video homines velut arbores ambulantes
25 Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann.
deinde iterum inposuit manus super oculos eius et coepit videre et restitutus est ita ut videret clare omnia
26 Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔka kyerɛɛ no se, “Nnsan nnkɔ akuraa no ase bio.”
et misit illum in domum suam dicens vade in domum tuam et si in vicum introieris nemini dixeris
27 Yesu ne nʼasuafo no fii Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”
et egressus est Iesus et discipuli eius in castella Caesareae Philippi et in via interrogabat discipulos suos dicens eis quem me dicunt esse homines
28 Asuafo no buae se, “Ebinom se wone Osuboni Yohane no, na afoforo nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifo no mu bi a wasan aba.”
qui responderunt illi dicentes Iohannem Baptistam alii Heliam alii vero quasi unum de prophetis
29 Na obisaa wɔn se, “Na mo nso mose meyɛ hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo no.”
tunc dicit illis vos vero quem me dicitis esse respondens Petrus ait ei tu es Christus
30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ se, wɔnnka nkyerɛ obiara.
et comminatus est eis ne cui dicerent de illo
31 Afei ofii ase kaa Onipa Ba no amane a obehu ne mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no po a wɔbɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm kyerɛɛ wɔn.
et coepit docere illos quoniam oportet Filium hominis multa pati et reprobari a senioribus et a summis sacerdotibus et scribis et occidi et post tres dies resurgere
32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara anhintaw wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”
et palam verbum loquebatur et adprehendens eum Petrus coepit increpare eum
33 Yesu dan ne ho hwɛɛ nʼasuafo no kaa Petro anim se, “Fi me so, Ɔbonsam! Wʼadwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”
qui conversus et videns discipulos suos comminatus est Petro dicens vade retro me Satana quoniam non sapis quae Dei sunt sed quae sunt hominum
34 Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi.
et convocata turba cum discipulis suis dixit eis si quis vult post me sequi deneget se ipsum et tollat crucem suam et sequatur me
35 Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa.
qui enim voluerit animam suam salvam facere perdet eam qui autem perdiderit animam suam propter me et evangelium salvam eam faciet
36 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya?
quid enim proderit homini si lucretur mundum totum et detrimentum faciat animae suae
37 Dɛn na ɛsom bo sen ne kra?
aut quid dabit homo commutationem pro anima sua
38 Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya anuonyam mu no.”
qui enim me confusus fuerit et mea verba in generatione ista adultera et peccatrice et Filius hominis confundetur eum cum venerit in gloria Patris sui cum angelis sanctis