< Marko 7 >

1 Da bi, Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Yerusalem baa Yesu nkyɛn.
तब फरीसी और कुछ शास्त्री जो यरूशलेम से आए थे, उसके पास इकट्ठे हुए,
2 Woduu hɔ no, wohuu sɛ nʼasuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho.
और उन्होंने उसके कई चेलों को अशुद्ध अर्थात् बिना हाथ धोए रोटी खाते देखा।
3 Na Yudafo no, ne titiriw no Farisifo nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi.
(क्योंकि फरीसी और सब यहूदी, प्राचीन परम्परा का पालन करते हैं और जब तक भली भाँति हाथ नहीं धो लेते तब तक नहीं खाते;
4 Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu.
और बाजार से आकर, जब तक स्नान नहीं कर लेते, तब तक नहीं खाते; और बहुत सी अन्य बातें हैं, जो उनके पास मानने के लिये पहुँचाई गई हैं, जैसे कटोरों, और लोटों, और तांबे के बरतनों को धोना-माँजना।)
5 Enti Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni yɛn amanne a efi tete no so? Efisɛ wodidi a, wonni kan nhohoro wɔn nsa sɛnea amanne kyerɛ no.”
इसलिए उन फरीसियों और शास्त्रियों ने उससे पूछा, “तेरे चेले क्यों पूर्वजों की परम्पराओं पर नहीं चलते, और बिना हाथ धोए रोटी खाते हैं?”
6 Yesu buaa wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ, “‘Saa nnipa yi de wɔn ano na edi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me ho baabiara.
उसने उनसे कहा, “यशायाह ने तुम कपटियों के विषय में बहुत ठीक भविष्यद्वाणी की; जैसा लिखा है: ‘ये लोग होठों से तो मेरा आदर करते हैं, पर उनका मन मुझसे दूर रहता है।
7 Wɔsom me kwa; na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’ yɛ nokware turodoo!
और ये व्यर्थ मेरी उपासना करते हैं, क्योंकि मनुष्यों की आज्ञाओं को धर्मोपदेश करके सिखाते हैं।’
8 Mugyaw Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanne si anan mu.
क्योंकि तुम परमेश्वर की आज्ञा को टालकर मनुष्यों की रीतियों को मानते हो।”
9 “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanne no atim.
और उसने उनसे कहा, “तुम अपनी परम्पराओं को मानने के लिये परमेश्वर की आज्ञा कैसी अच्छी तरह टाल देते हो!
10 Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni’ no maa mo. Ɔkae se, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no.’
१०क्योंकि मूसा ने कहा है, ‘अपने पिता और अपनी माता का आदर कर;’ और ‘जो कोई पिता या माता को बुरा कहे, वह अवश्य मार डाला जाए।’
11 Nanso moka se, eye sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, ‘Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’
११परन्तु तुम कहते हो कि यदि कोई अपने पिता या माता से कहे, ‘जो कुछ तुझे मुझसे लाभ पहुँच सकता था, वहकुरबान अर्थात् संकल्प हो चुका।’
12 Enti mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban.
१२“तो तुम उसको उसके पिता या उसकी माता की कुछ सेवा करने नहीं देते।
13 Eyi yɛ nhwɛso baako pɛ. Nanso bebree ka ho.”
१३इस प्रकार तुम अपनी परम्पराओं से, जिन्हें तुम ने ठहराया है, परमेश्वर का वचन टाल देते हो; और ऐसे-ऐसे बहुत से काम करते हो।”
14 Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase.
१४और उसने लोगों को अपने पास बुलाकर उनसे कहा, “तुम सब मेरी सुनो, और समझो।
15 Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi.
१५ऐसी तो कोई वस्तु नहीं जो मनुष्य में बाहर से समाकर उसे अशुद्ध करे; परन्तु जो वस्तुएँ मनुष्य के भीतर से निकलती हैं, वे ही उसे अशुद्ध करती हैं।
16 Nea ɔwɔ aso a obetie no ntie.”
१६यदि किसी के सुनने के कान हों तो सुन ले।”
17 Afei Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, nʼasuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase.
१७जब वह भीड़ के पास से घर में गया, तो उसके चेलों ने इस दृष्टान्त के विषय में उससे पूछा।
18 Obisaa wɔn se, “Mo nso monte asɛm a mekae no ase? Munhu sɛ, nea mudi no ngu mo ho fi ana?
१८उसने उनसे कहा, “क्या तुम भी ऐसे नासमझ हो? क्या तुम नहीं समझते, कि जो वस्तु बाहर से मनुष्य के भीतर जाती है, वह उसे अशुद्ध नहीं कर सकती?
19 Efisɛ nea mudi biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”
१९क्योंकि वह उसके मन में नहीं, परन्तु पेट में जाती है, और शौच में निकल जाती है?” यह कहकर उसने सब भोजनवस्तुओं को शुद्ध ठहराया।
20 Ɔtoaa so se, “Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi.
२०फिर उसने कहा, “जो मनुष्य में से निकलता है, वही मनुष्य को अशुद्ध करता है।
21 Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi,
२१क्योंकि भीतर से, अर्थात् मनुष्य के मन से, बुरे-बुरे विचार, व्यभिचार, चोरी, हत्या, परस्त्रीगमन,
22 ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba.
२२लोभ, दुष्टता, छल, लुचपन, कुदृष्टि, निन्दा, अभिमान, और मूर्खता निकलती हैं।
23 Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”
२३ये सब बुरी बातें भीतर ही से निकलती हैं और मनुष्य को अशुद्ध करती हैं।”
24 Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ.
२४फिर वह वहाँ से उठकर सोर और सीदोन के देशों में आया; और एक घर में गया, और चाहता था, कि कोई न जाने; परन्तु वह छिप न सका।
25 Ɛhɔ ara na ɔbea bi a honhommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, obebuu no nkotodwe.
२५और तुरन्त एक स्त्री जिसकी छोटी बेटी में अशुद्ध आत्मा थी, उसकी चर्चा सुनकर आई, और उसके पाँवों पर गिरी।
26 Ɔbea no srɛɛ no sɛ ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.
२६यह यूनानी और सुरूफ‍िनीकी जाति की थी; और उसने उससे विनती की, कि मेरी बेटी में से दुष्टात्मा निकाल दे।
27 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na enye sɛ wɔde mma aduan ma akraman.”
२७उसने उससे कहा, “पहले लड़कों को तृप्त होने दे, क्योंकि लड़कों की रोटी लेकर कुत्तों के आगे डालना उचित नहीं है।”
28 Ɔbea no nso buae no se, “Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka wɔ mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɔpon no ase no.”
२८उसने उसको उत्तर दिया; “सच है प्रभु; फिर भी कुत्ते भी तो मेज के नीचे बालकों की रोटी के चूर चार खा लेते हैं।”
29 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo mmuae pa no nti masa wo babea no yare. Kɔ fie. Honhommɔne no afi ne mu kɔ.”
२९उसने उससे कहा, “इस बात के कारण चली जा; दुष्टात्मा तेरी बेटी में से निकल गई है।”
30 Oduu fie no, ohuu sɛ ne babea no da mpa so dinn a honhommɔne no afi ne mu ampa ara.
३०और उसने अपने घर आकर देखा कि लड़की खाट पर पड़ी है, और दुष्टात्मा निकल गई है।
31 Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow yɛ du no so beduu Galilea Po so.
३१फिर वह सोर और सीदोन के देशों से निकलकर दिकापुलिस देश से होता हुआ गलील की झील पर पहुँचा।
32 Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan yɛ mum brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare.
३२और लोगों ने एक बहरे को जो हक्ला भी था, उसके पास लाकर उससे विनती की, कि अपना हाथ उस पर रखे।
33 Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma.
३३तब वह उसको भीड़ से अलग ले गया, और अपनी उँगलियाँ उसके कानों में डाली, और थूककर उसकी जीभ को छुआ।
34 Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, “Hefata!” Ase ne, “bue!”
३४और स्वर्ग की ओर देखकर आह भरी, और उससे कहा, “इप्फत्तह!” अर्थात् “खुल जा!”
35 Amono mu hɔ ara, ɔbarima no aso buei, ne tɛkrɛma sanee, na ofii ase kasae.
३५और उसके कान खुल गए, और उसकी जीभ की गाँठ भी खुल गई, और वह साफ-साफ बोलने लगा।
36 Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu.
३६तब उसने उन्हें चेतावनी दी कि किसी से न कहना; परन्तु जितना उसने उन्हें चिताया उतना ही वे और प्रचार करने लगे।
37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti wɔkae se, “Yesu ayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum nso kasa!”
३७और वे बहुत ही आश्चर्य में होकर कहने लगे, “उसने जो कुछ किया सब अच्छा किया है; वह बहरों को सुनने की, और गूँगों को बोलने की शक्ति देता है।”

< Marko 7 >