< Marko 4 >

1 Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm san betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. Eyi nti ɔkɔtenaa ɔkorow mu toaa ne kyerɛkyerɛ no so.
And again, he began to teach by the sea. And a great crowd was gathered to him, so much so that, climbing into a boat, he was seated on the sea. And the entire crowd was on the land along the sea.
2 Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se:
And he taught them many things in parables, and he said to them, in his doctrine:
3 “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no,
“Listen. Behold, the sower went out to sow.
4 Ogu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa dii.
And while he was sowing, some fell along the way, and the birds of the air came and ate it.
5 Ebi nso koguu ɔbotan a dɔte a ɛwɔ so no nnɔɔso so.
Yet truly, others fell upon stony ground, where it did not have much soil. And it rose up quickly, because it had no depth of soil.
6 Ankyɛ na efifii, nanso esiane sɛ dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti owia bɔɔ so, na ne nyinaa hyewee.
And when the sun was risen, it was scorched. And because it had no root, it withered away.
7 Aba no bi nso guu nsɔe mu maa nsɔe no kyekyeree no nti antumi ansow aba.
And some fell among thorns. And the thorns grew up and suffocated it, and it did not produce fruit.
8 Aba no bi nso guu asase pa mu maa bi nyin sow mmɔho aduasa, ebi aduosia, na afoforo nso mmɔho ɔha.”
And some fell on good soil. And it brought forth fruit that grew up, and increased, and yielded: some thirty, some sixty, and some one hundred.”
9 Na Yesu kae se, “Nea ɔwɔ aso no ntie!”
And he said, “Whoever has ears to hear, let him hear.”
10 Akyiri no a ɛkaa ɔne dumien no ne asuafo afoforo bi no, wobisaa no se, “Asɛm a wokae no ase ne dɛn?”
And when he was alone, the twelve, who were with him, questioned him about the parable.
11 Obuaa wɔn se, “Mo de, wɔada Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso afoforo de, wɔka no abebu mu na ɛkyerɛ wɔn.
And he said to them: “To you, it has been given to know the mystery of the kingdom of God. But to those who are outside, everything is presented in parables:
12 Esiane saa nti, “‘Wohu na wɔte, nanso wɔrente nea wɔte no ase, na wɔrennan mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’
‘so that, seeing, they may see, and not perceive; and hearing, they may hear, and not understand; lest at any time they may be converted, and their sins would be forgiven them.’”
13 “Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahorow a merebebu no ase?
And he said to them: “Do you not understand this parable? And so, how will you understand all the parables?
14 Okuafo no asɛm no.
He who sows, sows the word.
15 Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a ntɛm ara na ɔbonsam ba wɔn nkyɛn ma wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa.
Now there are those who are along the way, where the word is sown. And when they have heard it, Satan quickly comes and takes away the word, which was sown in their hearts.
16 Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigye tie asɛm no.
And similarly, there are those who were sown upon stony ground. These, when they have heard the word, immediately accept it with gladness.
17 Nanso wɔte sɛ aba a afifi foforo a ne ntin nkɔ fam. Mfiase no wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ a na wɔapa abaw.
But they have no root in themselves, and so they are for a limited time. And when next tribulation and persecution arises because of the word, they quickly fall away.
18 Aba a eguu nsɔe mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no,
And there are others who are sown among thorns. These are those who hear the word,
19 nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwen, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti asɛm no ntumi nsow aba biara. (aiōn g165)
but worldly tasks, and the deception of riches, and desires about other things enter in and suffocate the word, and it is effectively without fruit. (aiōn g165)
20 Nnipa no bi te sɛ aba a wogu wɔ asase pa mu, wɔte asɛm no, wogye, na wɔsow aba— bi mmɔho aduasa, bi nso sow aduosia, na afoforo nso sow ɔha.”
And there are those who are sown upon good soil, who hear the word and accept it; and these bear fruit: some thirty, some sixty, and some one hundred.”
21 Afei Yesu bisaa wɔn se, “Moahu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butuw so? Mmom mommfa nsi ne dua so ana?
And he said to them: “Would someone enter with a lamp in order to place it under a basket or under a bed? Would it not be placed upon a lampstand?
22 Wɔbɛda nea ahintaw biara no adi, na nea wɔakata so biara no wɔde bepue gua.
For there is nothing hidden that will not be revealed. Neither was anything done in secret, except that it may be made public.
23 Nea ɔwɔ aso a obetie no, ma ontie!
If anyone has ears to hear, let him hear.”
24 “Momfa asɛm a mote no nyɛ adwuma. Wɔde mo susukuruwa besusuw ama mo, na ama aboro so mpo.
And he said to them: “Consider what you hear. With whatever measure you have measured out, it shall be measured back to you, and more shall be added to you.
25 Nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bi aka ho; nea onni no, kakraa bi a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.”
For whoever has, to him it shall be given. And whoever has not, from him even what he has shall be taken away.”
26 Ɔkaa bio se, “Sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te ni: Okuafo bi gu aba wɔ asase bi so.
And he said: “The kingdom of God is like this: it is as if a man were to cast seed on the land.
27 Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ onyan o, aba no fifi a onnim sɛnea ɛyɛɛ a enyinii.
And he sleeps and he arises, night and day. And the seed germinates and grows, though he does not know it.
28 Asase no ankasa bɔ nʼaduan, dua no na edi kan, afei etu mɛpɛsɛe na abɔ ama aba no anyin.
For the earth bears fruit readily: first the plant, then the ear, next the full grain in the ear.
29 Sɛ aba no nyin wie a, okuafo no fa ne dade kotwa, efisɛ otwa bere adu.”
And when the fruit has been produced, immediately he sends out the sickle, because the harvest has arrived.”
30 Ɔsan kae se, “Dɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahenni no bɛto, anaa mmebusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu?
And he said: “To what should we compare the kingdom of God? Or to what parable should we compare it?
31 Ɛte sɛ onyaa aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.
It is like a grain of mustard seed which, when it has been sown in the earth, is less than all the seeds which are in the earth.
32 Na sɛ wodua a enyin yɛ kɛse sen nnua a aka no nyinaa, eyiyi mman akɛse ma wim nnomaa besisi ne nwini mu.”
And when it is sown, it grows up and becomes greater than all the plants, and it produces great branches, so much so that the birds of the air are able to live under its shadow.”
33 Mmebu a ɛtete sɛ eyinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase.
And with many such parables he spoke the word to them, as much as they were able to hear.
34 Ɔnam mmebu so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wobetiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafo no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.
But he did not speak to them without a parable. Yet separately, he explained all things to his disciples.
35 Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.”
And on that day, when evening had arrived, he said to them, “Let us cross over.”
36 Ɔkaa saa no, wogyaw nnipadɔm no hɔ na ɔne wɔn kɔe a akorow afoforo di wɔn akyi.
And dismissing the crowd, they brought him, so that he was in one boat, and other boats were with him.
37 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem.
And a great wind storm occurred, and the waves broke over the boat, so that the boat was being filled.
38 Saa bere no, na Yesu wɔ ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?”
And he was in the stern of the boat, sleeping on a pillow. And they woke him and said to him, “Teacher, does it not concern you that we are perishing?”
39 Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, “Yɛ komm!” Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!
And rising up, he rebuked the wind, and he said to the sea: “Silence. Be stilled.” And the wind ceased. And a great tranquility occurred.
40 Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?”
And he said to them: “Why are you afraid? Do you still lack faith?”
41 Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?”
And they were struck with a great fear. And they said to one another, “Who do you think this is, that both wind and sea obey him?”

< Marko 4 >