< Marko 2 >

1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.
几天后耶稣重返迦百农,关于他回到这里的消息立刻传遍各地。
2 Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
许多人纷纷聚集到他屋子里,甚至簇拥在门前。于是耶稣就对他们讲道。
3 Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa hɔ.
这时有四个人把一个瘫痪的男人带到耶稣那里,
4 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.
但因为太拥挤,无法将他带到耶稣面前。于是他们跑到屋顶上,将屋顶拆下来,在耶稣上方的开口处,将瘫痪男人和他躺的垫子送了下去。
5 Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”
耶稣看见他们的信心,就对瘫痪之人说:“朋友,你的罪被宽恕了。”
6 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim
当时有几名宗教老师也坐在那里,心中暗自思量:
7 se, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ.”
“这个人为什么这样说话?他说的都是亵渎上帝之语。除了上帝以外,还有谁能赦免罪恶?”
8 Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo?
耶稣很了解他们的想法,就对他们说:“你们为什么这么想这件事?
9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa wɔbɛka se, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew?’
说‘你的罪被救赎了’,或‘站起来行走吧’,哪一个更容易?
10 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ,” Enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no se,
但为了说服你们,相信人子也有宽恕罪的力量,
11 “Mise wo sɛ, sɔre gyina hɔ, fa wo kɛtɛ, na kɔ fie.”
我要对你(瘫痪之人)说:‘起来吧,拿起你的垫子回家去吧。’”
12 Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, “Yenhuu eyi bi da!”
那人就起来,立刻拿着垫子当着大家的面离开了。众人颇感惊奇,开始颂赞上帝,说:“我们从来没有见过这样的事。”
13 Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia wɔ hɔ no.
耶稣走出去,来到加利利海边,众人都汇聚到他面前来,他开始教导民众。
14 Bere a ɔnam mpoano hɔ no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ɔka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.” Na Lewi sɔre dii nʼakyi.
他继续往前走,看见亚勒腓的儿子利未坐在交税亭处,于是就对他说:“跟我来吧!”利末就起来跟从了耶稣。
15 Saa anadwofa no, Lewi too pon, too nsa frɛɛ ne mfɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafo no nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ.
后来耶稣在利未家里吃饭,有很多税吏和“罪人”过来和他和门徒一起吃饭;因为已经有很多人开始跟随耶稣。
16 Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo to nsa didi?”
看见耶稣与罪人和税吏一起吃饭,法利赛派的宗教老师就对耶稣的门徒说:“他为什么和税吏和罪人一起吃饭?”
17 Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ atreneefo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo.”
耶稣听言,对他们说:“健康人不需要医生,病患才需要,我来此并非召唤正义之人,而是要感召罪人。”
18 Da bi a Osuboni Yohane akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?”
此刻约翰的门徒和法利赛人正在禁食。于是有人过来问耶稣说:“为什么约翰和法利赛人的门徒常常禁食,你的门徒却不禁食?”
19 Yesu nso bisaa wɔn se, “Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada nti wɔrennidi ana? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da.
耶稣回答:“在婚礼中,宾客与新郎在一起时怎么能禁食呢?
20 Na da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.
但等到新郎离开他们,他们就会禁食了。
21 “Ɛte sɛ wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda hɔ no aso asen kan de no.
没有人会用新布去缝补旧衣服,因为补丁会把衣服扯破,裂开更大的口子。
22 Munim sɛ wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.”
没有人会用旧羊皮袋装新酒,因为皮袋会被胀破,酒漏出来的同时皮袋也损坏了。人们总是会把新酒装在新皮袋里。”
23 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee.
安息日那天,耶稣走过麦田,门徒们饿了,于是摘了些麦穗充饥。
24 Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Hwɛ, adɛn na wɔreyɛ nea etia mmara Homeda?”
法利赛人询问耶稣:“你看,你的门徒正在做安息日不允许的事情。”
25 Yesu nso bisaa wɔn se, “Monnkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no,
但耶稣对他们说:“大卫和他的下属在饥饿时做了什么,你没有读过吗?
26 ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi wɔ Ɔsɔfopanyin Abiatar bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara no pɛ? Na ɛno nso tia mmara.
他走进亚比亚他担任祭司的圣殿,吃下了只有牧师才能吃的圣饼,事实上他们并不允许这么做。”
27 “Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa.
耶稣又告诉他们:“安息日为人之益处而存在,而非人为安息日之益处而存在。
28 Enti Onipa Ba no yɛ Homeda so wura mpo!”
因为人子是安息日的主。”

< Marko 2 >