< Marko 15 >

1 Ade kyee anɔpatutuutu no, asɔfo mpanyin, Yudafo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne agyinatufo hyia dwenee ɔkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
And immediately in the morning the chief priests held a consultation with the elders and scribes and the whole council, and bound Jesus, and carried him away, and delivered him to Pilate.
2 Wɔde no duu hɔ no, Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?” Yesu buae se, “Mo na muse.”
And Pilate asked him, Are you the King of the Jews? And he answering said unto them, You say it.
3 Asɔfo mpanyin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu no so, nanso wanka hwee.
And the chief priests accused him of many things: but he answered nothing.
4 Pilato bisaa no bio se, “Enti nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”
And Pilate asked him again, saying, Answer you nothing? behold how many things they witness against you.
5 Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa.
But Jesus yet answered nothing; so that Pilate marvelled.
6 Na ɛyɛ Pilato amanne sɛ, afe biara ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no ma wɔn no wɔ Twam Afahyɛ mu.
Now at that feast he released unto them one prisoner, whomsoever they desired.
7 Saa afe no na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ.
And there was one named Barabbas, which lay bound with them that had made insurrection with him, who had committed murder in the insurrection.
8 Dɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no se, onyi odeduani baako mma wɔn sɛnea daa ɔyɛ no.
And the multitude crying aloud began to desire him to do as he had ever done unto them.
9 Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo ana?”
But Pilate answered them, saying, Will all of you that I release unto you the King of the Jews?
10 Efisɛ na wahu sɛ asɔfo mpanyin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so esiane din a na wagye no nti.
For he knew that the chief priests had delivered him for envy.
11 Nanso asɔfo mpanyin no tuu dɔm no aso se, sɛ wɔde beyi Yesu de, wɔmpere mma wonyi Baraba.
But the chief priests moved the people, that he should rather release Barabbas unto them.
12 Enti Pilato bisaa wɔn se, “Na sɛ miyi Baraba ma mo a, dɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no?”
And Pilate answered and said again unto them, What will all of you then that I shall do unto him whom all of you call the King of the Jews?
13 Wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu!”
And they cried out again, Crucify him.
14 Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asennua mu!”
Then Pilate said unto them, Why, what evil has he done? And they cried out the more exceedingly, Crucify him.
15 Afei Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a, ɛrenyɛ ye. Bio, na osuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ogyaa Baraba maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn se wɔnkɔbɔ no asennua mu.
And so Pilate, willing to content the people, released Barabbas unto them, and delivered Jesus, when he had scourged him, to be crucified.
16 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ.
And the soldiers led him away into the hall, called Praetorium; and they call together the whole band.
17 Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nsɔe atenten bi nwenee kyɛw hyɛɛ no.
And they clothed him with purple, and intertwined a crown of thorns, and put it about his head,
18 Wofii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”
And began to salute him, Hail, King of the Jews!
19 Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasu guu no so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw.
And they stroke him on the head with a reed, and did spit upon him, and bowing their knees worshipped him.
20 Wodii ne ho fɛw wiee no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, na wɔde ɔno ara nʼatade hyɛɛ no, de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.
And when they had mocked him, they took off the purple from him, and put his own clothes on him, and led him out to crucify him.
21 Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no.
And they compel one Simon a Cyrenian, who passed by, coming out of the country, the father of Alexander and Rufus, to bear his cross.
22 Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota, a ne nkyerɛase ne Nitiri so, hɔ.
And they bring him unto the place Golgotha, which is, being interpreted, The place of a skull.
23 Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom, nanso wannom.
And they gave him to drink wine mingled with myrrh: but he received it not.
24 Afei wɔbɔɔ no asennua mu. Eyi akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto.
And when they had crucified him, they parted his garments, casting lots upon them, what every man should take.
25 Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asennua mu.
And it was the third hour, and they crucified him.
26 Asɛm bi a wɔka too no so na wɔkyerɛw taree nʼasennua no atifi ka se, “YUDAFO HENE NO NI.”
And the superscription of his accusation was written over, THE KING OF THE JEWS.
27 Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, na ɔbaako nso sɛn ne benkum so.
And with him they crucify two thieves; the one on his right hand, and the other on his left.
28 Eyi maa nea Kyerɛwsɛm no kae se, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfo mu” no baa mu.
And the scripture was fulfilled, which says, And he was numbered with the transgressors.
29 Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosow wɔn ti, dii ne ho fɛw se, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no?
And they that passed by railed on him, wagging their heads, and saying, Ah, you that destroys the temple, and build it in three days,
30 Sɛ wuse wo ho yɛ nwonwa a, ɛno de sian fi asennua no so si fam.”
Save yourself, and come down from the cross.
31 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ogye afoforo nanso ontumi nnye ne ho!”
Likewise also the chief priests mocking said among themselves with the scribes, He saved others; himself he cannot save.
32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi.
Let Christ the King of Israel descend now from the cross, that we may see and believe. And they that were crucified with him reviled him.
33 Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa.
And when the sixth hour was come, there was darkness over the whole land until the ninth hour.
34 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”
And at the ninth hour Jesus cried with a loud voice, saying, Eloi, Eloi, lama sabachthani? which is, being interpreted, My God, my God, why have you forsaken me?
35 Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.”
And some of them that stood by, when they heard it, said, Behold, he calls Elijah.
36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!”
And one ran and filled a sponge full of vinegar, and put it on a reed, and gave him to drink, saying, Let alone; let us see whether Elijah will come to take him down.
37 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu bio, na ogyaa ne honhom mu wui.
And Jesus cried with a loud voice, and gave up the spirit.
38 Ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam.
And the veil of the temple was rent in two from the top to the bottom.
39 Asraafo ha so panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”
And when the centurion, which stood opposite to him, saw that he so cried out, and gave up the spirit, he said, Truly this man was the Son of God.
40 Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome.
There were also women looking on far off: among whom was Mary Magdalene, and Mary the mother of James the less and of Joses, and Salome;
41 Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.
(Who also, when he was in Galilee, followed him, and ministered unto him; ) and many other women which came up with him unto Jerusalem.
42 Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda no nti,
And now when the even was come, because it was the preparation, that is, the day before the sabbath,
43 baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no.
Joseph of Arimathaea, an honourable counsellor, which also waited for the kingdom of God, came, and went in boldly unto Pilate, and craved the body of Jesus.
44 Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no.
And Pilate marvelled if he were already dead: and calling unto him the centurion, he asked him whether he had been any while dead.
45 Asraafo panyin no kae se wawu no, Pilato maa Yosef kwan se ɔnkɔfa amu no.
And when he knew it of the centurion, he gave the body to Joseph.
46 Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asennua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano.
And he bought fine linen, and took him down, and wrapped him in the linen, and laid him in a tomb which was hewn out of a rock, and rolled a stone unto the door of the tomb.
47 Na Maria Magdalene ne Yosef ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe.
And Mary Magdalene and Mary the mother of Joses beheld where he was laid.

< Marko 15 >