< Marko 14 >
1 Aka nnaanu na Twam ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no.
It was now two days before the Festival of the Passover and the unleavened bread. The chief priests and the teachers of the Law were looking for an opportunity to arrest Jesus by stealth, and to put him to death;
2 Nanso wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
for they said, “Not during the Festival, or the people may riot.”
3 Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.
When Jesus was still at Bethany, in the house of Simon the leper, while he was sitting at the table, a woman came with an alabaster jar of choice spikenard perfume of great value. She broke the jar, and poured the perfume on his head.
4 Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se wasɛe ngo no kwa.
Some of those who were present said to one another indignantly, “Why has the perfume been wasted like this?
5 Wɔkaa bio nso se, “Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi anya sika pii na wɔde ama ahiafo.”
This perfume could have been sold for more than a year’s wages, and the money given to the poor.”
6 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho?
“Leave her alone,” said Jesus, as they began to find fault with her, “why are you troubling her? This is a beautiful deed that she has done for me.
7 Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.
You always have the poor with you, and whenever you wish you can do good to them; but you will not always have me.
8 Wayɛ nea obetumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobesie me.
She has done what she could; she has perfumed my body beforehand for my burial.
9 Mereka akyerɛ mo se, baabiara a wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde nea ɔbea yi yɛe no bɛkae no akamfo no.”
And I tell you, wherever, in the whole world, the good news is proclaimed, what this woman has done will be told in memory of her.”
10 Afei Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho.
After this, Judas Iscariot, one of the Twelve, went to the chief priests, to betray Jesus to them.
11 Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu.
They were glad to hear what he said, and promised to pay him. So he began looking for a good opportunity to betray Jesus.
12 Apiti Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam Afahyɛ guan no, nʼasuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam Afahyɛ no.
On the first day of the Festival of the unleavened bread, when it was customary to kill the Passover lambs, his disciples said to Jesus, “Where do you wish us to go and make preparations for your eating the Passover?”
13 Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem se wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni nʼakyi.
Jesus sent forward two of his disciples and said to them, “Go into the city, and there a man carrying a pitcher of water will meet you; follow him;
14 Baabiara a obewura no, monka nkyerɛ ofiwura no se, ‘Yɛn wura asoma yɛn se, yɛmmɛhwɛ dan a wɔasiesie ama yɛn a yebedi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’
and, wherever he goes in, say to the owner of the house ‘The teacher says – Where is my room where I am to eat the Passover with my disciples?’
15 Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”
He will himself show you a large upstairs room, set out ready; and there make preparations for us.”
16 Asuafo baanu no sii mu kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ.
So the disciples set out and went into the city, and found everything just as Jesus had told them; and they prepared the Passover.
17 Eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae.
In the evening he went there with the Twelve,
18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se, “Merema mo ate ase sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako beyi me ama.”
and when they had taken their places and were eating, Jesus said, “I tell you that one of you is going to betray me – one who is eating with me.”
19 Wɔn nyinaa werɛ howee, na wofii ase bisaa mmaako mmaako se, “Ɛyɛ me ana?”
They were grieved at this, and began to say to him, one after another, “Can it be I?”
20 Obuaa wɔn se, “Ɛyɛ mo dumien a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako.
“It is one of you Twelve,” said Jesus, “the one who is dipping his bread beside me into the dish.
21 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”
True, the Son of Man must go, as scripture says of him, yet alas for that man by whom the Son of Man is being betrayed! For that man it would be better never to have been born!”
22 Bere a wɔredidi no, Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se, “Munnye nni; eyi ne me nipadua.”
While they were eating, Jesus took some bread, and, after saying the blessing, broke it, and gave it to them, and said, “Take it; this is my body.”
23 Afei ɔfaa kuruwa a nsa wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
Then he took a cup, and, after saying the thanksgiving, gave it to them, and they all drank from it.
24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den a bebree nti wɔrehwie agu.
“This is my covenant-blood,” he said, “which is poured out on behalf of many.
25 Mereka akyerɛ mo se, merennom saa nsa yi bio da akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”
I tell you that I will never again drink of the fruit of the vine, until that day when I will drink it new in the kingdom of God.”
26 Wɔtoo dwom wiee no, wofii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
They then sang a hymn, and went out up the Mount of Olives,
27 Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa beguan agya me.” Efisɛ Onyankopɔn nam adiyifo no so kae se, “‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete.’
presently Jesus said to them, “All of you will fall away; for scripture says – ‘I will strike down the shepherd, and the sheep will be scattered.’
28 Na sɛ miwu sɔre a, medi mo anim akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.”
Yet, after I have risen, I will go before you into Galilee.”
29 Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da!”
“Even if everyone else falls away,” said Peter, “I will not.”
30 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Petro, nokware, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”
“I tell you,” answered Jesus, “that you yourself today – yes, this very night – before the cock crows twice, will disown me three times.”
31 Petro de anibere kae se, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kae.
But Peter vehemently protested, “Even if I must die with you, I will never disown you!” And they all said the same.
32 Yesu ne nʼasuafo no duu faako a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Montena ha, na merekɔbɔ mpae aba.”
Presently they came to a garden known as Gethsemane, and Jesus said to his disciples “Sit down here while I pray.”
33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase yeraw no, na ɔyɛɛ basaa.
He took with him Peter, James, and John; and began to show signs of great dismay and deep distress of mind.
34 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”
“I am sad at heart,” he said, “sad even to death; wait here, and watch.”
35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kobutuw fam, bɔɔ mpae se, sɛ ebetumi a, saa ahoyeraw no ntwa ne ho nkɔ.
Going on a little further, he threw himself on the ground, and began to pray that, if it were possible, he might be spared that hour.
36 Ɔkae se, “Abba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”
“Abba, Father,” he said, “all things are possible to you; take away this cup from me; yet, not what I will, but what you will.”
37 Ɔsan bae no, obehuu asuafo baasa no sɛ wɔadeda. Obisaa Petro se, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo?
Then he came and found the three apostles asleep. “Simon,” he said to Peter, “are you asleep? Couldn’t you watch for one hour?
38 Monwɛn na mommɔ mpae na ɔsɔhwɛfo no anni mo so. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”
Watch and pray,” he said to them all, “so that you may not fall into temptation. True, the spirit is willing, but the flesh is weak.”
39 Ɔsan kɔɔ bio kɔbɔɔ mpae koro no ara.
Again he went away, and prayed in the same words;
40 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu sɛ wɔadeda, efisɛ na wɔabrɛbrɛ. Na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no.
and coming back again he found them asleep, for their eyes were heavy; and they did not know what to say to him.
41 Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se. “Moda so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwa mu. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.
A third time he came, and said to them, “Sleep on now, and rest yourselves. Enough! My time has come. Look, the Son of Man is being betrayed into the hands of wicked people.
42 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”
Up, and let us be going. Look! My betrayer is close at hand.”
43 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafo no mu baako ne dɔm a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin asoma wɔn ka ne ho a, wokurakura mfoa ne nkontimmaa baa hɔ.
And just then, while he was still speaking, Judas, who was one of the Twelve, came up; and with him a crowd of people, with swords and clubs, sent by the chief priests, the teachers of the Law, and the elders.
44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mefew nʼafono no; ɔno ne nea morehwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.”
Now the betrayer had arranged a signal with them. “The man whom I kiss,” he had said, “will be the one; arrest him and take him away safely.”
45 Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae se, “Me Wura.” Afei ofew nʼafono, yɛɛ no atuu.
As soon as Judas came, he went up to Jesus at once, and said, “Rabbi!” and kissed him.
46 Ɛhɔ ara, na dɔm a wɔne Yuda nam no soo Yesu mu kyeree no.
Then the men seized Jesus, and arrested him.
47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso ma ɛtewee.
One of those who were standing by drew his sword, and struck at the high priest’s servant, and cut off his ear.
48 Yesu bisaa wɔn se, “Meyɛ owudifo nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so rebɛkyere me ana?
But Jesus spoke up, and said to the men, “Have you come out, as if after a robber, with swords and clubs, to take me?
49 Adɛn na bere a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankyere me? Nanso eyinom nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.”
I have been among you day after day in the Temple Courts teaching, and yet you did not arrest me; but this is in fulfillment of the scriptures.”
50 Asuafo no nyinaa guan gyaa no.
And all the apostles deserted him and fled.
51 Aberante bi a ɔde nwera akata nʼadagyaw so dii nʼakyi.
One young man did indeed follow him, wrapped only in a linen sheet. They tried to arrest him;
52 Dɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ogyaw ne ntama no maa wɔn, de ne ho saa ara guanee.
but he left the sheet in their hands, and fled naked.
53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanyin no anim no, ankyɛ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi behyiaa hɔ.
Then they took Jesus to the high priest; and all the chief priests, elders, and the teachers of the Law assembled.
54 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.
Peter, who had followed Jesus at a distance into the courtyard of the high priest, was sitting there among the guards, warming himself at the blaze of the fire.
55 Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi.
Meanwhile the chief priest and the whole of the High Council were trying to get such evidence against Jesus as would warrant his being put to death, but they could not find any;
56 Nnipa pii bedii adansekurum tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaa no bɔɔ abira.
for, though there were many who gave false evidence against him, yet their evidence did not agree.
57 Afei nnipa no bi kekaa nsɛm a enni mu too ne so se,
Presently some men stood up, and gave this false evidence against him –
58 “Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’”
“We ourselves heard him say ‘I will destroy this Temple made with hands, and in three days build another made without hands.’”
59 Na eyi mpo, wɔn adanse no anhyia.
Yet not even on that point did their evidence agree.
60 Ɔsɔfopanyin no sɔre gyinaa bagua no mfimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?”
Then the high priest stood forward, and questioned Jesus. “Have you no answer to make?” he asked. “What is this evidence which these men are giving against you?”
61 Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no ana?”
But Jesus remained silent, and made no answer. A second time the high priest questioned him. “Are you,” he asked, “the Christ, the Son of the Blessed One?”
62 Yesu buaa no se, “Mene no, na mubehu me sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resan aba asase so.”
“I am,” replied Jesus, “and you will all see the Son of Man sitting on the right hand of the Almighty, and coming in the clouds of heaven.”
63 Eyi maa Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu kae se, “Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio?
At this the high priest tore his vestments. “Why do we want any more witnesses?” he exclaimed.
64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no. Dɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa gye too mu se, ɔsɛ owu.
“You heard his blasphemy? What is your verdict?” They all condemned him, declaring that he deserved death.
65 Na ebinom tee ntasu guu no so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no se “Wuse woyɛ odiyifo, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfo a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotɔre.
Some of those present began to spit at him, and to blindfold his eyes, and strike him, saying, as they did so, “Now play the prophet!” and even the guards received him with blows.
66 Bere a na Petro te adiwo hɔ no, Ɔsɔfopanyin no mmaawa no mu baako baa hɔ;
While Peter was in the courtyard down below, one of the high priest’s maidservants came up;
67 na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no se, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”
and, seeing Peter warming himself, she looked closely at him, and exclaimed, “Why, you were with Jesus, the Nazarene!”
68 Petro sanee se, “Minnim nea woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ofii adi kɔtenaa ɔkwan no ano baabi. Saa bere no na akokɔ bɔn nea edi kan.
But Peter denied it. “I do not know or understand what you mean,” he replied. Then he went out into the porch;
69 Abaawa no san huu no wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no se, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako!”
and there the maidservant, on seeing him, began to say again to the bystanders, “This is one of them!”
70 Petro san bio. Ɛkyɛe kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ woyɛ Galileani!”
But Peter again denied it. Soon afterward the bystanders again said to him, “You certainly are one of them; why you are a Galilean!”
71 Petro fii ase kekaa ntam, dii nsew se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”
But he said to them, “I swear that I do not know the man you are talking about! May God punish me if I am lying!”
72 Mpofirim, na akokɔ bɔn nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii ase sui.
At that moment, for the second time, a cock crowed; and Peter remembered the words that Jesus had said to him – ‘Before a cock has crowed twice, you will disown me three times’; and, as he thought of it, he began to weep.