< Marko 12 >

1 Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ nnipa no se: “Okuafo bi yɛɛ bobeturo, gyee ban faa ho, na otuu amoa a wokyi bobe mu nsu wɔ mu, sii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei ɔde afuw no gyaw akuafo bi tuu kwan.
And he began to speak to them in parables: A certain man planted a vineyard and made a hedge about it, and dug a place for the winefat, and built a tower, and let it to husbandmen; and went into a far country.
2 Eduu bere a bobe no bere a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nipa bi se onkogye ne kyɛfa mmrɛ no.
And at the season he sent to the husbandmen a servant to receive of the husbandmen of the fruit of the vineyard.
3 Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe.
Who having laid hands on him, beat him, and sent him away empty.
4 Okuafo no san somaa onipa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sen nea odi kan no.
And again he sent to them another servant; and him they wounded in the head, and used him reproachfully.
5 Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri no wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso.
And again he sent another, and him they killed: and many others, of whom some they beat, and others they killed.
6 “Nanso na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuw sɛ wɔbɛfɛre no de nidi ama no.
Therefore having yet one son, most dear to him; he also sent him unto them last of all, saying: They will reverence my son.
7 “Nanso bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’
But the husbandmen said one to another: This is the heir; come let us kill him; and the inheritance shall be ours.
8 Wɔkyeree no kum no, twee no fii bobe turo mu hɔ kɔtow no kyenee baabi.
And laying hold on him, they killed him, and cast him out of the vineyard.
9 “Mugye di sɛ, sɛ afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo.
What therefore will the lord of the vineyard do? He will come and destroy those husbandmen; and will give the vineyard to others.
10 Monnkenkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn se: “‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ dan no twea so tibo;
And have you not read this scripture, The stone which the builders rejected, the same is made the head of the corner:
11 Awurade na wayɛ eyi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’”
By the Lord has this been done, and it is wonderful in our eyes.
12 Na esiane saa bɛ a obui no nti, Yudafo mpanyin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, efisɛ wuhuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafo atirimɔdenfo no. Nanso na wosuro dɔm no. Eyi ma wogyaa no, na wofii hɔ kɔe.
And they sought to lay hands on him, but they feared the people. For they knew that he spoke this parable to them. And leaving him, they went their way.
13 Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.
And they sent to him some of the Pharisees and of the Herodians; that they should catch him in his words.
14 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo a wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan wʼadwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yebisa wo se, eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”
Who coming, say to him: Master, we know that thou art a true speaker, and carest not for any man; for thou regardest not the person of men, but teachest the way of God in truth. Is it lawful to give tribute to Caesar; or shall we not give it?
15 Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, “Adɛn nti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.”
Who knowing their wiliness, saith to them: Why tempt you me? bring me a penny that I may see it.
16 Wɔde maa no ma obisaa wɔn se, “Hena mfoni ne nkyerɛw na ɛwɔ so?” Wobuae se, “Kaesare de.”
And they brought it him. And he saith to them: Whose is this image and inscription? They say to him, Caesar’s.
17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de momfa Kaesare de mma no, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” Ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn.
And Jesus answering, said to them: Render therefore to Caesar the things that are Caesar’s, and to God the things that are God’s. And they marvelled at him.
18 Sadukifo a wɔka se owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no se,
And there came to him the Sadducees, who say there is no resurrection; and they asked him, saying:
19 “Kyerɛkyerɛfo, Mose yɛɛ mmara maa yɛn se, sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma mma owufo no.
Master, Moses wrote unto us, that if any man’s brother die, and leave his wife behind him, and leave no children, his brother should take his wife, and raise up seed to his brother.
20 Anuanom baason bi tenaa ase. Nea odi kan no waree yere a, ɔne no anwo na owui.
Now there were seven brethren; and the first took a wife, and died leaving no issue.
21 Nea ɔto so abien no nso waree okunafo no, na ɔno nso ankyɛ na owui a ɔne no anwo. Na nea ɔto so abiɛsa no nso waree no a, ɔne no anwo na owui.
And the second took her, and died: and neither did he leave any issue. And the third in like manner.
22 Eyi kɔɔ so kosii sɛ anuanom yi nyinaa waree ɔbea no, na ɔbea no nso wui.
And the seven all took her in like manner; and did not leave issue. Last of all the woman also died.
23 Nea yɛpɛ sɛ yehu ne sɛ, owusɔre mu, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?”
In the resurrection therefore, when they shall rise again, whose wife shall she be of them? for the seven had her to wife.
24 Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.
And Jesus answering, saith to them: Do ye not therefore err, because you know not the scriptures, nor the power of God?
25 Sɛ anuanom baason yi ne ɔbea no sɔre fi awufo mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no.
For when they shall rise again from the dead, they shall neither marry, nor be married, but are as the angels in heaven.
26 Afei nea ɛfa awufo nyan no ho nso, monkenkan Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne nwura a na ɛhyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’
And as concerning the dead that they rise again, have you not read in the book of Moses, how in the bush God spoke to him, saying: I am the God of Abraham, and the God of Isaac, and the God of Jacob?
27 Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose se, ɛwɔ mu sɛ saa nnipa yi awuwu mfe pii a atwam no de, nanso wɔte ase. Ɛnte saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefo Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn. Moayɛ mfomso kɛse.”
He is not the God of the dead, but of the living. You therefore do greatly err.
28 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina hɔ retie no huu sɛ, wabua wɔn sɛnea ɛfata no, obisaa no se, “Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”
And there came one of the scribes that had heard them reasoning together, and seeing that he had answered them well, asked him which was the first commandment of all.
29 Yesu buaa no se, “Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro;
And Jesus answered him: The first commandment of all is, Hear, O Israel: the Lord thy God is one God.
30 na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no.
And thou shalt love the Lord thy God, with thy whole heart, and with thy whole soul, and with thy whole mind, and with thy whole strength. This is the first commandment.
31 Na nea ɛto so abien no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”
And the second is like to it: Thou shalt love thy neighbour as thyself. There is no other commandment greater than these.
32 Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo no buaa no se, “Owura, woaka nokware sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforo nka ne ho,
And the scribe said to him: Well, Master, thou hast said in truth, that there is one God, and there is no other besides him.
33 na minim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afi me koma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sen afɔre biara a wɔbɔ.”
And that he should be loved with the whole heart, and with the whole understanding, and with the whole soul, and with the whole strength; and to love one’s neighbour as one’s self, is a greater thing than all holocausts and sacrifices.
34 Yesu huu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Wo ne Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware.” Na saa asɛm yi akyi no, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.
And Jesus seeing that he had answered wisely, said to him: Thou art not far from the kingdom of God. And no man after that durst ask him any question.
35 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, obisaa nnipa no se, “Adɛn na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba?
And Jesus answering, said, teaching in the temple: How do the scribes say, that Christ is the son of David?
36 Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se, “‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se: “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.”’
For David himself saith by the Holy Ghost: The Lord said to my Lord, Sit on my right hand, until I make thy enemies thy footstool.
37 Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?” Ɔkwan a ɔfaa so kasaa no maa nnipa no de anigye tiee no.
David therefore himself calleth him Lord, and whence is he then his son? And a great multitude heard him gladly.
38 Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse sɛ asikafo na sɛ wɔnam bagua mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn.
And he said to them in his doctrine: Beware of the scribes, who love to walk in long robes, and to be saluted in the marketplace,
39 Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a wɔtenatena mpanyin agua so, na sɛ wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea.
And to sit in the first chairs, in the synagogues, and to have the highest places at suppers:
40 Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”
Who devour the houses of widows under the pretence of long prayer: these shall receive greater judgment.
41 Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a esi hɔ no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu.
And Jesus sitting over against the treasury, beheld how the people cast money into the treasury, and many that were rich cast in much.
42 Ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde sika nketewa abien beguu mu.
And there came a certain poor widow, and she cast in two mites, which make a farthing.
43 Ɔfrɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Saa ɔbea kunafo hiani yi afɔre a ɔbɔe no dɔɔso sen asikafo no nyinaa afɔrebɔde.
And calling his disciples together, he saith to them: Amen I say to you, this poor widow hath cast in more than all they who have cast into the treasury.
44 Na wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama abu wɔn so no mu na woyiyii bi de bae, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa na abegu mu no.”
For all they did cast in of their abundance; but she of her want cast in all she had, even her whole living.

< Marko 12 >